< Hiob 27 >

1 Hiob toaa nʼasɛm so sɛ,
Job, prenant encore de nouveau sa parabole, dit:
2 “Sɛ Onyankopɔn te ase yi, ɔno a wammu me atɛntenenee, Otumfoɔ a wama madi me kra mu awerɛhoɔ;
Vive Dieu, qui a écarté mon jugement, et le Tout-Puissant, qui a plongé mon âme dans l’amertume!
3 mmerɛ dodoɔ a nkwa wɔ me mu, na Onyankopɔn homeɛ wɔ me mu yi,
Tant qu’il y aura haleine en moi, et un souffle de Dieu dans mes narines,
4 mʼano renka amumuyɛsɛm, na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.
Mes lèvres ne prononceront pas d’iniquité, et ma langue ne murmurera pas de mensonge.
5 Merennye nto mu da sɛ deɛ woka no yɛ nokorɛ; merenka me mudie nhyɛ, kɔsi sɛ mɛwuo.
Loin de moi que je juge que vous êtes justes; jusqu’à ce que je défaille, je ne me désisterai pas de mon innocence.
6 Mɛkura me tenenee mu. Merennyaa mu; sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.
Je n’abandonnerai pas ma justification que j’ai commencé à faire; car mon cœur ne me reproche rien dans toute ma vie.
7 “Ma mʼatamfoɔ nyɛ sɛ amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔkyiri me nyɛ sɛ atorofoɔ.
Que mon ennemi soit comme un impie, et mon adversaire comme un injuste.
8 Anidasoɔ bɛn na deɛ ɔnni nyamesu no wɔ wɔ ne wuo akyi, ɛberɛ a Onyankopɔn agye ne nkwa afiri ne nsam?
Car quel est l’espoir d’un hypocrite, s’il ravit par avarice, et que Dieu ne délivre point son âme?
9 Onyankopɔn tie ne sufrɛ ɛberɛ a amanehunu aba ne so anaa?
Est-ce que Dieu entendra son cri, lorsque viendra sur lui l’angoisse?
10 Nʼani bɛgye wɔ Otumfoɔ mu? Ɔbɛsu afrɛ Onyankopɔn ɛberɛ biara anaa?
Ou bien pourra-t-il mettre ses délices dans le Tout-Puissant, et invoquer Dieu en tout temps?
11 “Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ; meremfa Otumfoɔ no akwan nhinta.
Je vous enseignerai avec le secours de Dieu, ce que fait le Tout-Puissant, et je ne le cacherai pas.
12 Mo ankasa moahunu yeinom nyinaa. Afei nsɛnhunu yi ase ne sɛn?
Mais vous tous, vous le savez; et pourquoi dites-vous sans raison des choses vaines?
13 “Yei ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumuyɛfoɔ, agyapadeɛ a otirimuɔdenfoɔ nya firi Otumfoɔ nkyɛn:
Voici la part d’un homme impie devant Dieu, et l’héritage que les violents recevront du Tout-Puissant.
14 Sɛ ɔwɔ mma dodoɔ sɛn ara, wɔn hyɛberɛ ne akofena; na nʼasefoɔ rennidi mmee da.
Si ses enfants se multiplient, ils appartiendront au glaive; et ses descendants ne se rassasieront pas de pain.
15 Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi, na wɔn akunafoɔ rensu wɔn.
Ceux qui resteront de lui, seront ensevelis dans leur ruine, et ses veuves ne pleureront pas.
16 Ɛwom sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfuturo na ɔboa ntoma ano sɛ dɔteɛ deɛ,
S’il accumule l’argent comme de la poussière, et s’il amasse des vêtements comme il ferait de la boue,
17 nanso deɛ ɔpɛ gu hɔ no, ateneneefoɔ na wɔbɛfira na pɛpɛfoɔ no nso akyekyɛ dwetɛ no.
Il les préparera, il est vrai, mais un juste s’en revêtira; et son argent, un innocent le partagera.
18 Efie a ɔsi no te sɛ ananse afafa, ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfoɔ abɔ.
Il a bâti, comme les vers, sa maison, et, comme le gardien, il s’est fait un abri.
19 Ɔda hɔ te sɛ ɔdefoɔ, nanso ɔrenna saa bio; ɔbɛte nʼani no na ne nyinaa atu ayera.
Un riche, lorsqu’il s’endormira, n’emportera rien avec lui; il ouvrira ses yeux, et il ne trouvera rien.
20 Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyire; ahum hwim no kɔ anadwo.
L’indigence le surprendra comme l’eau, qui déborde; pendant la nuit, une tempête l’accablera.
21 Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɔnni hɔ bio; ɛtwe no firi ne teberɛ.
Un vent brûlant le saisira et l’emportera; et comme un tourbillon l’enlèvera de sa place.
22 Ɛbɔ no a ahummɔborɔ nni mu ɛberɛ a ɔredwane afiri ne tumi ase.
Et Dieu enverra sur lui l’infortune, et ne l’épargnera pas; lui fera tous ses efforts pour s’enfuir de sa main.
23 Ɔde fɛ bɔ ne nsam na ɔpamoo no firi ne teberɛ.”
Celui qui regardera son lieu frappera sur lui des mains, et sifflera sur lui.

< Hiob 27 >