< Hiob 26 >
2 “Woaboa deɛ ɔnni tumi! Woagye basa a ɛnni ahoɔden!
「あなたは力のない者をどれほど助けたかしれない。気力のない腕をどれほど救ったかしれない。
3 Woatu deɛ ɔnnim nyansa fo! Na woada nhunumu pa ara adi!
知恵のない者をどれほど教えたかしれない。悟りをどれほど多く示したかしれない。
4 Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi? Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu?
あなたはだれの助けによって言葉をだしたのか。あなたから出たのはだれの霊なのか。
5 “Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu, wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa.
亡霊は水およびその中に住むものの下に震う。
6 Asamando da adagya Onyankopɔn anim; Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ. (Sheol )
神の前では陰府も裸である。滅びの穴もおおい隠すものはない。 (Sheol )
7 Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so; na ɔde asase sensɛn ohunu so.
彼は北の天を空間に張り、地を何もない所に掛けられる。
8 Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu, nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no.
彼は水を濃い雲の中に包まれるが、その下の雲は裂けない。
9 Ɔtrɛ ne omununkum mu de kata ɔsrane ani.
彼は月のおもてをおおい隠して、雲をその上にのべ、
10 Ɔhyɛ agyiraeɛ wɔ nsuo so de to hyeɛ wɔ hann ne esum ntam.
水のおもてに円を描いて、光とやみとの境とされた。
11 Ɔsoro nnyinasoɔ woso, na nʼanimka ma wɔn ho dwiri wɔn.
彼が戒めると、天の柱は震い、かつ驚く。
12 Ɔde ne tumi wɔsoo ɛpo ne nyansa mu, ɔtwitwaa ɛpobɔpɔn mu asinasini.
彼はその力をもって海を静め、その知恵をもってラハブを打ち砕き、
13 Ɔde nʼahomeɛ maa ewiem teeɛ; na ne nsa wɔɔ ɔtweaseɛ a ɔrewea.
その息をもって天を晴れわたらせ、その手をもって逃げるへびを突き通される。
14 Yeinom yɛ ne nnwuma mfeafeaho; ɔka asomusɛm brɛoo kyerɛ yɛn! Na hwan na ɔbɛtumi ate ne tumi mmobɔmu no ase.”
見よ、これらはただ彼の道の端にすぎない。われわれが彼について聞く所はいかにかすかなささやきであろう。しかし、その力のとどろきに至っては、だれが悟ることができるか」。