< Hiob 25 >

1 Na Suhini Bildad buaa sɛ,
Entonces Bildad el Suhita respondió,
2 “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.
“El dominio y el temor están con él. Él hace la paz en sus lugares altos.
3 Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa? Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ?
¿Se pueden contar sus ejércitos? ¿Sobre quién no surge su luz?
4 Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ?
¿Cómo puede entonces el hombre ser justo con Dios? ¿O cómo puede estar limpio el que ha nacido de una mujer?
5 Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛn na nsoromma ho nte wɔ nʼani so a,
He aquí que hasta la luna no tiene brillo, y las estrellas no son puras a su vista;
6 na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama, onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!”
Cuánto menos el hombre, que es un gusano, y el hijo del hombre, que es un gusano”.

< Hiob 25 >