< Hiob 24 >

1 “Adɛn enti na Onyankopɔn nhyɛ berɛ mma atemmuo? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnim noɔ no hwɛ saa da no anim ɛnso ɛmma da?
Warum sind vom Allmächtigen nicht Zeiten bestimmt und sehen die, so ihn kennen, seine Tage nicht?
2 Nnipa yiyi aboɔ a wɔde ato hyeɛ; na wɔde nnwankuo a wɔawia kɔ hɔ adidi.
Man verrückt Marksteine, raubt Herden und weidet sie.
3 Wɔpam nwisiaa mfunumu na wɔgye akunafoɔ anantwie sɛ awowasideɛ.
Den Esel der Waislein treibt man fort und pfändet der Witwe Kuh.
4 Wɔsum ahiafoɔ firi ɛkwan so na wɔhyɛ asase no so ahiafoɔ ma wɔkɔtetɛ.
Man jagt die Armen aus dem Wege, und die Elenden im Lande müssen sich allesamt verbergen.
5 Ahiafoɔ no yɛ wɔn adwuma pɛ aduane te sɛ ɛserɛ so mfunumu no; asase wesee no so na wɔnya aduane ma wɔn mma.
Siehe, wie Wildesel in der Wüste gehen sie früh an ihr Werk, nach Nahrung suchend; die Wildnis muß ihre Kinder nähren.
6 Wɔboaboa mmoa aduane ano wɔ mfuo no so na wɔdi mpɛpɛ wɔ amumuyɛfoɔ bobe nturo mu.
Auf dem Felde ernten sie sein Futter und halten Nachlese im Weinberge des Gottlosen.
7 Wɔnni ntoma, na wɔda kwaterekwa; wɔnni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔ mu.
Nackend bringen sie die Nächte zu; sie haben kein Gewand und wenn es kalt wird, keine Decke.
8 Mmepɔ so osutɔ fɔ wɔn twɔnn na wɔfomfam mmotan no ho ɛfiri sɛ wɔnni ahatasoɔ.
Vor dem Regen bergen sie sich im Gebirge, und weil sie keine Zuflucht haben, klammern sie sich an die Felsen.
9 Wɔte awisiaa firi nufoɔ ano; na wɔfa ohiani abotafoa de si ne ka anan mu.
Man reißt das Waislein von der Brust und pfändet den Armen aus.
10 Wɔnenam adagya a wɔnni ntoma; wɔsoa ayuo afiafi, nanso ɛkɔm de wɔn ara.
Nackt, ohne Kleid, läßt man sie laufen; sie müssen Garben tragen und hungern dabei.
11 Wɔkyi ngo wɔn adan mu; wɔtiatia nsakyimena mu, nanso osukɔm de wɔn.
Zwischen ihren Mauern pressen sie Öl, treten die Kelter und müssen dürsten.
12 Wɔn a wɔrewuwuo no apinisie firi kuropɔn no mu, na apirafoɔ kra su pɛ mmoa. Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.
Aus den Städten ertönt das Geschrei der Sterbenden, und die Seele der Erschlagenen schreit; aber Gott achtet nicht des Unrechts.
13 “Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no, wɔn a wɔnnim nʼakwan anaasɛ wɔnnante nʼatempɔn so.
Jene hassen das Licht, sie wollen seine Wege nicht kennen und bleiben nicht auf seinen Pfaden.
14 Sɛ adekyeɛ hann no kɔ a, owudifoɔ no sɔre na ɔkum ohiani ne mmɔborɔni; adesaeɛ mu, ɔwiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfoɔ.
Mit Tagesanbruch steht der Mörder auf, den Elenden und Armen umzubringen; in der Nacht aber ist er wie ein Dieb.
15 Ɔwaresɛefoɔ twɛn ɛberɛ a adeɛ resa; ɔka sɛ, ‘obiara renhunu me,’ na ɔde nʼanim hinta.
Das Auge des Ehebrechers wartet auf die Dämmerung; er spricht: Kein Auge sieht mich! Und verhüllt sein Angesicht.
16 Esum mu na nnipa bubu apono wura afie mu, na awiaberɛ mu no, wɔtoto wɔn ho ɛpono mu; wɔne hann nni hwee yɛ.
In der Finsternis bricht man in die Häuser ein; bei Tage verschließen sie sich; sie scheuen das Licht.
17 Esum kabii yɛ adekyeɛ ma wɔn nyinaa; wɔne esum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.
Denn ihnen ist die dichteste Finsternis gleich wie der Morgen; sie sind sogar mit dem Todesdunkel vertraut.
18 “Nanso wɔte sɛ ahuro a ɛtɛ nsuo ani; wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so, enti obiara nnkɔ bobe nturo no mu.
Schnell fährt er auf dem Wasser dahin. Verflucht ist sein Teil auf Erden; sein Weg führt nicht durch Weingärten.
19 Sɛdeɛ ɔhyew ne ɔpɛ de sukyerɛmma a anane korɔ no, saa ara na damena de wɔn a wɔayɛ bɔne korɔ. (Sheol h7585)
Wie Hitze und Sonnenglut die Schneewasser wegraffen, so das Totenreich die, welche sündigen. (Sheol h7585)
20 Awotwaa werɛ firi wɔn, na ɔsonsono di wɔn nam; nnipa bɔne deɛ, wɔnnkae wɔn bio na mmom wɔbubu te sɛ dua.
Der Mutterschoß wird seiner vergessen, Würmer laben sich an ihm, seiner wird nicht mehr gedacht, und wie ein Baum wird der Übermut dessen gebrochen,
21 Wɔde ɔbaa bonini a ɔnni ba yɛ haboa, na wɔnhunu akunafoɔ mmɔbɔ.
der die Unfruchtbare beraubte, die nicht gebar, und der Witwe nichts Gutes tat.
22 Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfoɔ kɔ; ɛwom sɛ wɔnya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho bɔhyɛ.
Und doch erhält Er die Mächtigen lange durch seine Kraft; mancher steht noch aufrecht, der seines Lebens nicht mehr sicher war.
23 Ɔtumi ma wɔn tena ase asomdwoeɛ mu, nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.
Er gibt ihm Sicherheit, und jener verläßt sich darauf;
24 Wɔma wɔn so berɛ tiawa bi, na afei wɔnni hɔ bio; wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa; wɔtwitwa wɔn gu te sɛ aburoo ti.
Seine Augen sehen auf ihre Wege. Sie kommen hoch; aber wenig braucht's, so sind sie dahin; sie sinken hin und werden zusammengerafft, wie alle andern auch, und verwelken wie die reifen Ähren.
25 “Sɛ yei nte saa a, hwan na ɔbɛtumi agye me akyinnyeɛ na ama deɛ maka ayɛ nsɛnhunu?”
Oder ist's nicht so? Wer will mich Lügen strafen und meine Rede zunichte machen?

< Hiob 24 >