< Hiob 21 >

1 Na Hiob buaa sɛ,
Na Hiob buae se,
2 “Montie me nsɛm no yie. Momma yei nyɛ awerɛkyekyerɛ a mode ma me.
Muntie me nsɛm no yiye. Momma eyi nyɛ awerɛkyekye a mode ma me.
3 Monnya ntoboaseɛ mma me ɛberɛ a merekasa, na sɛ mekasa wie a, monkɔso nni fɛ.
Munnya ntoboase mma me bere a merekasa, na sɛ mekasa wie a, monkɔ so nni fɛw.
4 “Me nwiinwii hyɛ onipa anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ?
“Minwiinwii hyɛ onipa ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase?
5 Monhwɛ me, na mo ho nnwiri mo; momfa mo nsa nkata mo ano.
Monhwɛ me, na mo ho nnwiriw mo; momfa mo nsa nkata mo ano.
6 Sɛ medwene yei ho a, mebɔ hu; na me ho popo.
Sɛ midwen eyi ho a, mebɔ hu; na me ho popo.
7 Adɛn enti na amumuyɛfoɔ tena nkwa mu? Wɔnyini kyɛ na wɔkɔ so di tumi.
Adɛn nti na amumɔyɛfo tena nkwa mu? Wonyin kyɛ na wɔkɔ so di tumi.
8 Wɔhunu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔsoɔ, wɔhunu wɔn nananom.
Wohu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔso, wohu wɔn nenanom.
9 Ɔhaw nni wɔn afie na ehu nni hɔ; Onyankopɔn asotwe mma wɔn so.
Ɔhaw nni wɔn afi mu, na ehu nni hɔ; Onyankopɔn asotwe mma wɔn so.
10 Wɔn anantwinini nyɛ akrawa; na wɔn anantwibereɛ wo a, wɔmpɔn.
Wɔn anantwinini nnyɛ asaadwe; na wɔn anantwibere nwo a wɔmpɔn.
11 Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nnwankuo; na emu mmotafowa no hurihuri.
Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nguankuw; na emu mmotafowa no huruhuruw.
12 Wɔto nnwom wɔ akasaeɛ ne sankuo so; na wɔde atɛntɛbɛn nnyegyeeɛ gye wɔn ani.
Wɔto nnwom wɔ akasae ne sanku so; na wɔde atɛntɛbɛn nnyigyei gye wɔn ani.
13 Wɔdi yie wɔn nkwanna mu na wɔkɔ damena mu asomdwoeɛ mu. (Sheol h7585)
Wodi yiye wɔn nkwanna mu na wɔkɔ ɔdae mu asomdwoe mu. (Sheol h7585)
14 Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Firi yɛn so! Yɛmpɛ sɛ yɛhunu wʼakwan.
Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Fi yɛn so! Yɛmpɛ sɛ yehu wʼakwan.
15 Hwan ne otumfoɔ no a ɛsɛ sɛ yɛsom no? Sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?’
Hena ne otumfo no a ɛsɛ sɛ yɛsom no? Sɛ yɛbɔ no mpae a mfaso bɛn na yebenya?’
16 Nanso, wɔn nkɔsoɔ no nni wɔn nsam, enti metwe me ho firi amumuyɛfoɔ afutuo ho.
Nanso wɔn nkɔso no nni wɔn nsam, enti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.
17 “Nanso mpɛn ahe na wɔdum amumuyɛfoɔ kanea? Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, deɛ Onyankopɔn firi nʼabufuo mu de ba no?
“Nanso mpɛn ahe na wodum amumɔyɛfo kanea? Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, nea Onyankopɔn fi nʼabufuw mu de ba no?
18 Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ ɛserɛ wɔ mframa ano, te sɛ ntɛtɛ a mframa den bi apra wɔn?
Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ sare wɔ mframa ano, te sɛ ntɛtɛ a mframaden bi apra wɔn?
19 Wɔka sɛ, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’ Ɛsɛ sɛ ɔtwe ɔnipa no ankasa aso ma ɔhunu.
Wɔka se, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’ Ɛsɛ sɛ ɔtwe onipa no ankasa aso ma ohu.
20 Ma wɔn ankasa ani nhunu wɔn sɛeɛ; ma Otumfoɔ abufuhyeɛ no nka wɔn ani.
Ma ɔno ankasa ani nhu ne sɛe; ma Otumfo abufuwhyew no nka nʼani.
21 Wɔn abusuafoɔ a wɔagya wɔn akyire no renya hwee nʼagyapadeɛ nyinaa bɛsɛe.
Dɛn na ɛfa wɔn ho fa wɔn abusuafo a woagyaw wɔn akyi no ho bere a asram a wɔatwa ama no aba awiei no?
22 “Obi bɛtumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa, wɔ ɛberɛ a ɔbu atitire mpo atɛn?
“Obi betumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa, wɔ bere a obu atitiriw mpo atɛn?
23 Obi wu wɔ ɛberɛ a ɔwɔ ahoɔden; ne ho tɔ no na nʼaso mu adwo no,
Obi wu wɔ bere a ɔwɔ ahoɔden ne ho tɔ no na nʼaso mu adwo no,
24 na ne onipadua yɛ frɔmm, na ɛhon ahyɛ ne nnompe ma.
na ne nipadua ayɛ frɔmfrɔm, na hon ahyɛ ne nnompe ma.
25 Ɔfoforɔ nso de ɔkra mu yeadie wu, a wanka asetena pa anhwɛ da.
Ɔfoforo nso de ɔkra mu yawdi wu, a wanka asetena pa anhwɛ da.
26 Wɔsie wɔn nyinaa wɔ mfuturo korɔ mu, ma asonson korɔ no ara nuka wɔn.
Wosie wɔn nyinaa wɔ mfutuma koro mu, ma asunson nnunu wɔn nyinaa.
27 “Mahunu mo adwene, ɛkwan a mopɛ sɛ mobu me fɔ.
“Mahu mo adwene, ɔkwan a mobɛfa so afom me.
28 Mopɛ sɛ moka kyerɛ me sɛdeɛ asikafoɔ ne amumuyɛfoɔ, wɔn bɔne enti, wɔhwere wɔn agyapadeɛ nyinaa.
Moka se, ‘Onipa kɛse no fi wɔ he, ntamadan a omumɔyɛfo no tenaa mu no?’
29 Nanso mommisa wɔn a wɔtu kwan; wɔbɛka akyerɛ mo sɛ
So mummmisaa wɔn a wotu kwan no asɛm da? Wɔn amanneɛbɔ mu nsɛm ho nhiaa mo
30 onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da, na wɔgyaa no ma no dwane abufuhyeɛ da.
sɛ onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da, na wogye wɔn abufuwhyew da no ana?
31 Hwan na ɔtumi kasa nʼanim? Hwan na ɔtua no deɛ wayɛ so ka?
Hena na ɔde ne suban si nʼanim? Hena na otua no nea wayɛ so ka?
32 Wɔsoa no kɔ damena mu, na wɔwɛn nʼaboda.
Wɔsoa no kɔ ɔda mu, na wɔwɛn nʼaboda.
33 Bɔnhwa mu dɔteɛ yɛ no dɛ; nnipa nyinaa di nʼakyi, na ɛdɔm a wɔntumi nkan wɔn di nʼanim.
Obon mu dɔte yɛ no dɛ; nnipa nyinaa di nʼakyi, na dɔm a wontumi nkan wɔn di nʼanim.
34 “Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu akyekyere me werɛ? Mo mmuaeɛ nyɛ hwee sɛ atorɔ!”
“Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu bɛkyekye me werɛ? Mo mmuae nyɛ hwee sɛ atoro!”

< Hiob 21 >