< Hiob 20 >

1 Na Naamani Sofar buaa sɛ,
Then Zophar the Naamathite replied:
2 “Me tiri mu ntene me, na ɛhyɛ me sɛ memmua ɛfiri sɛ me ho yera me yie.
“So my anxious thoughts compel me to answer, because of the turmoil within me.
3 Mate animka bi a ɛgu me ho fi, na nteaseɛ a menya no hyɛ me sɛ memmua.
I have heard a rebuke that insults me, and my understanding prompts a reply.
4 “Ampa ara wonim sɛdeɛ nneɛma teɛ firi tete, ɛfiri ɛberɛ a wɔde nnipa duaa asase so,
Do you not know that from antiquity, since man was placed on the earth,
5 sɛ amumuyɛfoɔ ani gye ɛberɛ tiawa bi mu, na wɔn a wɔnnsuro nyame nso anigyeɛ nkyɛ.
the triumph of the wicked has been brief and the joy of the godless momentary?
6 Ɛwom sɛ nʼahohoahoa kɔduru ɔsoro, na ne tiri kɔpem omununkum deɛ,
Though his arrogance reaches the heavens, and his head touches the clouds,
7 nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan; na wɔn a wɔhunuu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’
he will perish forever, like his own dung; those who had seen him will ask, ‘Where is he?’
8 Ɔtu kɔ te sɛ daeɛ, na wɔrenhunu no bio. Wɔtwam kɔ te sɛ anadwo mu anisoadehunu.
He will fly away like a dream, never to be found; he will be chased away like a vision in the night.
9 Ani a ɛhunu noɔ no renhunu no bio; na ne siberɛ nso renhunu no bio.
The eye that saw him will see him no more, and his place will no longer behold him.
10 Ne mma bɛsrɛ adeɛ afiri ahiafoɔ hɔ; ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya sane ma.
His sons will seek the favor of the poor, for his own hands must return his wealth.
11 Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma no ne no bɛkɔ mfuturo mu.
The youthful vigor that fills his bones will lie down with him in the dust.
12 “Ɛwom sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛ na ɔde sie ne tɛkrɛma ase;
Though evil is sweet in his mouth and he conceals it under his tongue,
13 ɛwom sɛ ɔntumi nnyaa mu na ɔma ɛka ne dodom,
though he cannot bear to let it go and keeps it in his mouth,
14 nanso, nʼaduane bɛyɛ nwono wɔ ne yafunu mu; ɛbɛyɛ ɔtweaseɛ ano borɔ wɔ ne mu.
yet in his stomach his food sours into the venom of cobras within him.
15 Ɔbɛfe ahonyadeɛ a ɔmeneeɛ no; Onyankopɔn bɛma ne yafunu apu agu.
He swallows wealth but vomits it out; God will force it from his stomach.
16 Ɔbɛfefe awɔ borɔ; Ɔnanka se bɛkum no.
He will suck the poison of cobras; the fangs of a viper will kill him.
17 Ɔrennya nsuwansuwa no nnom nsubɔntene a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ mu no.
He will not enjoy the streams, the rivers flowing with honey and cream.
18 Ɔbɛdane deɛ ɔbrɛ nyaeɛ no aba a ɔrenni bi; ɔremfa nʼadwadie mu mfasoɔ nnye nʼani.
He must return the fruit of his labor without consuming it; he cannot enjoy the profits of his trading.
19 Ɛfiri sɛ ɔhyɛɛ ahiafoɔ so ma wɔdii ohia buruburo; ɔde ne nsa ato afie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ so.
For he has oppressed and forsaken the poor; he has seized houses he did not build.
20 “Ampa ara ɔrennya ahomegyeɛ mfiri deɛ wapere anya no mu; ɔrentumi mfa nʼakoradeɛ nnye ne ho nkwa.
Because his appetite is never satisfied, he cannot escape with his treasure.
21 Wafom nneɛma nyinaa awie; ne nkɔsoɔ nnuru baabiara.
Nothing is left for him to consume; thus his prosperity will not endure.
22 Nʼadedodoɔ nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu; na amanehunu a emu yɛ den bɛto no.
In the midst of his plenty, he will be distressed; the full force of misery will come upon him.
23 Ɛberɛ a nʼafuru ayɛ ma no, Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuo ogya agu ne so na wabobɔ no basabasa.
When he has filled his stomach, God will vent His fury upon him, raining it down on him as he eats.
24 Ɛwom sɛ ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano nanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafraeɛ bɛwɔ no.
Though he flees from an iron weapon, a bronze-tipped arrow will pierce him.
25 Wɔbɛtwe bɛmma no firi nʼakyi, ano hyɛnhyɛn no bɛfiri ne brɛboɔ mu. Ehu bɛba ne so;
It is drawn out of his back, the gleaming point from his liver. Terrors come over him.
26 esum kabii bɛduru nʼakoradeɛ. Ogya a wɔmfite mu bɛhye no, na asɛe deɛ aka wɔ ne ntomadan mu.
Total darkness is reserved for his treasures. A fire unfanned will consume him and devour what is left in his tent.
27 Ɔsoro bɛda nʼafɔdie adi, na asase asɔre atia no.
The heavens will expose his iniquity, and the earth will rise up against him.
28 Nsuyire bɛtwe ne fie akɔ, saa ara na nsuworosoɔ bɛyɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no.
The possessions of his house will be removed, flowing away on the day of God’s wrath.
29 Yei ne hyɛberɛ a Onyankopɔn de ma amumuyɛfoɔ, awugyadeɛ a Onyankopɔn de ato wɔn hɔ.”
This is the wicked man’s portion from God, the inheritance God has appointed him.”

< Hiob 20 >