< Hiob 19 >

1 Na Hiob kasaa bio sɛ,
And Job answers and says:
2 “Mobɛhyɛ me aniɛyaa na mode nsɛm abubu me akɔsi da bɛn?
“Until when do you afflict my soul, And bruise me with words?
3 Mpɛn edu nie a moasopa me; mo ani nwu sɛ moto hyɛ me so.
These ten times you put me to shame, you do not blush. You make yourselves strange to me—
4 Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mafom ɛkwan a, me mfomsoɔ yɛ me nko ara asɛm.
And also—truly, I have erred, My error remains with me.
5 Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so wɔ me so na mode mʼanimguaseɛ ayɛ adanseɛ atia me a,
If, truly, you magnify yourselves over me, And decide my reproach against me;
6 ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne na ɔde nʼatena atwa me ho ahyia.
Know now, that God turned me upside down, And has set around His net against me,
7 “Ɛwom sɛ mesu sɛ, ‘Wɔafom me’ deɛ, nanso obiara mmua me; meteam pɛ mmoa, nanso atɛntenenee biara nni hɔ.
Behold, I cry out—violence, and am not answered, I cry aloud, and there is no judgment.
8 Wasi me ɛkwan enti mentumi mensene; wama mʼakwan so aduru sum.
He hedged up my way, and I do not pass over, And He places darkness on my paths.
9 Wayi mʼanimuonyam afiri me so na watu mʼahenkyɛ afiri me ti so.
He has stripped my honor from off me, And He turns the crown from my head.
10 Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me; watu mʼanidasoɔ ase te sɛ dua.
He breaks me down all around, and I go, And removes my hope like a tree.
11 Nʼabufuo huru tia me; na wakan me afra nʼatamfoɔ mu.
And He kindles His anger against me, And reckons me to Him as His adversaries.
12 Nʼakodɔm ba anibereɛ so; wɔsisi mpie de tia me na wɔtwa me ntomadan ho hyia.
His troops come in together, And they raise up their way against me, And encamp around my tent.
13 “Wayi me nuammarima afiri me ho; na mʼamanifoɔ nso, watwe wɔn ho koraa.
He has put my brothers far off from me, And my acquaintances have surely been estranged from me.
14 Mʼabusuafoɔ kɔ; na me nnamfonom werɛ afiri me.
My neighbors have ceased And my familiar friends have forgotten me,
15 Mʼahɔhoɔ ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔhoɔ; mete sɛ ɔnanani ma wɔn.
Sojourners of my house and my maids, Reckon me for a stranger; I have been an alien in their eyes.
16 Mefrɛ me ɔsomfoɔ, na ɔmmua; mpo, mete mʼano srɛ no.
I have called to my servant, And he does not answer, With my mouth I make supplication to him.
17 Me home bɔn me yere; me ho afono mʼankasa nuammarima.
My spirit is strange to my wife, And my favors to the sons of my [mother’s] womb.
18 Mpo, mmarimmaa nkumaa bu me animtiaa; sɛ mepue a wɔdi me ho fɛw.
Also sucklings have despised me, I rise, and they speak against me.
19 Me nnamfo berɛboɔ kyiri me; mʼadɔfoɔ asɔre atia me.
All the men of my counsel detest me, And those I have loved, Have been turned against me.
20 Maka honam ne nnompe, na ɛkaa kakraa bi, anka merewu.
To my skin and to my flesh My bone has cleaved, And I deliver myself with the skin of my teeth.
21 “Monhunu me mmɔbɔ, me nnamfonom, monhunu mmɔbɔ, na Onyankopɔn nsa abɔ me.
Pity me, pity me, you my friends, For the hand of God has struck against me.
22 Adɛn enti na motaa me so, sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ no? Na mommfa me honam mu yea yi saa ara?
Why do you pursue me as God? And are not satisfied with my flesh?
23 “Ao, anka wɔmfa me nsɛm nhyɛ nwoma mu, anka wɔntwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ so,
Who grants now, that my words may be written? Who grants that they may be inscribed in a scroll?
24 anka wɔmfa dadeɛ twerɛdua nyiyi wɔ sumpii so, anaa wɔnkrukyire wɔ abotan so afebɔɔ.
With a pen of iron and lead—They may be hewn in a rock forever.
25 Menim sɛ me odimafoɔ te ase, na awieeɛ no ɔbɛsɔre agyina asase so.
That—I have known my Redeemer, The Living and the Last, For He raises the dust.
26 Na sɛ me wedeɛ wie sɛe a, mede mʼani bɛhunu Onyankopɔn.
And after my skin has surrounded this [body], Then from my flesh I see God—
27 Me ara mɛhunu no mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforɔ ani, bɛhunu no. Mʼakoma ho pere no wɔ me mu.
Whom I see on my side, And my eyes have beheld, and not a stranger, My reins have been consumed in my bosom.
28 “Sɛ moka sɛ, ‘Yɛbɛteetee no, ɛfiri sɛ ɔhaw no firi ɔno ara’ a,
But you say, Why do we pursue after him? And the root of the matter has been found in me.
29 ɛsɛ sɛ mosuro akofena no. Abufuo nam akofena so de asotwe bɛba, na mobɛhunu sɛ atemmuo wɔ hɔ.”
Be afraid because of the sword, For the punishments of the sword [are] furious, That you may know that [there is] a judgment.”

< Hiob 19 >