< Hiob 18 >

1 Na Suhini Bildad buaa sɛ, 2 “Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi? Dwene ho yie, na afei yɛbɛtumi akasa. 3 Adɛn enti na wofa yɛn sɛ anantwie na wosusu sɛ yɛnnim nyansa yi? 4 Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete, wo enti, ɛsɛ sɛ yɛfiri asase yi so anaasɛ wo enti, wɔnnwiri mmotan mfiri wɔn siberɛ anaa? 5 “Omumuyɛfoɔ kanea adum; na ne ogya nnɛre bio. 6 Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum; kanea a ɛsi ne ho no dum. 7 Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase; nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase. 8 Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu, na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu. 9 Afidie sɔ ne nantin na ɛsɔ ne mu denden. 10 Wɔasum no afidie ahinta wɔ fam; afidie wɔ ne kwan mu. 11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa na ɛha no wɔ nʼanammɔntuo biara mu. 12 Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no; na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no. 13 Ɛwewe ne honam ani baabi; na owuo di ɛkan sɛe nʼakwaa. 14 Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ mu na wɔde no brɛ ahunahunahene. 15 Ogya te ne ntomadan mu; na wɔabɔ sɔfe a ɛrederɛ apete nʼatenaeɛ. 16 Ne nhini wuwu wɔ aseɛ na ne mman nso wu wɔ ɔsoro. 17 Wɔrenkae no asase so bio; na ɔrennya edin wɔ asase so. 18 Wɔka no firi hann mu kɔ sum mu na wɔpam no firi ewiase. 19 Ɔnni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfoɔ mu, na nʼase ni biara renka wɔ baabi a ɔtenaeɛ. 20 Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn wɔ deɛ ato noɔ no ho; na wɔn a wɔwɔ apueeɛ fam abɔ huboa. 21 Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ; sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ.”

< Hiob 18 >