< Hiob 17 >
1 Me sunsum atɔ piti, me nna so atwa, na damena retwɛn me.
"My spirit is consumed. My days are extinct, And the grave is ready for me.
2 Ampa ara fɛdifoɔ atwa me ho ahyia; ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutupɛ.
Surely there are mockers with me. My eye dwells on their provocation.
3 “Ao Onyankopɔn, hyɛ me ɛbɔ a wopɛ. Hwan bio na ɔbɛma me banbɔ?
"Now give a pledge, be collateral for me with yourself. Who is there who will strike hands with me?
4 Woato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase; enti woremma wɔnni nkonim.
For you have hidden their heart from understanding, Therefore you shall not exalt them.
5 Sɛ obi sopa ne nnamfonom de nya akatua a, ne mma ani bɛfira.
He who denounces his friends for a prey, Even the eyes of his children shall fail.
6 “Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano, obi a wɔte ntasuo gu nʼani so.
"But he has made me a byword of the people. They spit in my face.
7 Awerɛhoɔ ama mʼani ayɛ samoo me bɔberɛ nyinaa yɛ sunsumma.
My eye also is dim by reason of sorrow. All my members are as a shadow.
8 Ateneneefoɔ hunu me a, ɛyɛ wɔn nwanwa. Wɔn a wɔdi bem no bɛsɔre atia wɔn a wɔnni nyamesu.
Upright men shall be astonished at this. The innocent shall stir up himself against the godless.
9 Ateneneefoɔ bɛkɔ wɔn anim, na wɔn a wɔn nsa ho teɛ bɛkɔ so anya ahoɔden.
Yet shall the righteous hold on his way. He who has clean hands shall grow stronger and stronger.
10 “Mo nyinaa mo nsane mmra mmɛsɔ me nhwɛ! Na merennya onyansafoɔ wɔ mo mu.
But as for you all, come on now again; I shall not find a wise man among you.
11 Me nna atwam, me nhyehyɛeɛ apansam, saa ara na mʼakoma apɛdeɛ nso ayɛ.
My days are past, my plans are broken off, as are the thoughts of my heart.
12 Saa nnipa yi ma anadwo dane awia; esum mu koraa no, wɔka sɛ, ‘Hann abɛn,’
They change the night into day, saying 'The light is near' in the presence of darkness.
13 Sɛ efie baako pɛ a mʼani da so ne damena, sɛ mesɛ me kɛtɛ wɔ esum mu, (Sheol )
If I look for Sheol as my house, if I have spread my couch in the darkness, (Sheol )
14 sɛ meka kyerɛ porɔeɛ sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ na me kyerɛ ɔsonsono sɛ, ‘Me maame’ anaa ‘Me nuabaa’ a,
If I have said to corruption, 'You are my father;' to the worm, 'My mother,' and 'my sister;'
15 na afei mʼanidasoɔ wɔ he? Hwan na ɔbɛtumi anya anidasoɔ bi ama me?
where then is my hope? As for my hope, who shall see it?
16 Ɛbɛsiane akɔ owuo ɛpono ano anaa? Yɛn nyinaa bɛsiane akɔ mfuturo mu anaa?” (Sheol )
Shall it go down with me to the gates of Sheol, or descend together into the dust?" (Sheol )