< Hiob 17 >

1 Me sunsum atɔ piti, me nna so atwa, na damena retwɛn me.
我的氣息已斷,壽命已盡,而且墳墓已為我做好。
2 Ampa ara fɛdifoɔ atwa me ho ahyia; ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutupɛ.
我豈不是成了笑罵的對象﹖我的眼睛豈不是在酸苦中過夜﹖
3 “Ao Onyankopɔn, hyɛ me ɛbɔ a wopɛ. Hwan bio na ɔbɛma me banbɔ?
求你將我的抵押放在你那裏! 誰還敢與我擊掌作保﹖
4 Woato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase; enti woremma wɔnni nkonim.
因為你蒙蔽了他們的心,不叫他們明白,他們纔不敢舉起手來。
5 Sɛ obi sopa ne nnamfonom de nya akatua a, ne mma ani bɛfira.
人請自己的朋友分享所有,但自己的子女卻餓的眼目昏花。
6 “Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano, obi a wɔte ntasuo gu nʼani so.
我成了人民取笑的資料,人人在我臉上可吐唾沫。
7 Awerɛhoɔ ama mʼani ayɛ samoo me bɔberɛ nyinaa yɛ sunsumma.
我的眼睛因愁悶而昏花,我的肢體消失有如蔭影。
8 Ateneneefoɔ hunu me a, ɛyɛ wɔn nwanwa. Wɔn a wɔdi bem no bɛsɔre atia wɔn a wɔnni nyamesu.
正直人因此而驚異,無罪者憤起攻擊惡人。
9 Ateneneefoɔ bɛkɔ wɔn anim, na wɔn a wɔn nsa ho teɛ bɛkɔ so anya ahoɔden.
義人堅持自己的道,手淨的人倍增勇氣。
10 “Mo nyinaa mo nsane mmra mmɛsɔ me nhwɛ! Na merennya onyansafoɔ wɔ mo mu.
你們眾人,請你們再回來,但在你們中我找不到一個智者。
11 Me nna atwam, me nhyehyɛeɛ apansam, saa ara na mʼakoma apɛdeɛ nso ayɛ.
我的時日已過去,我志所謀,我心所愛,都已落空。
12 Saa nnipa yi ma anadwo dane awia; esum mu koraa no, wɔka sɛ, ‘Hann abɛn,’
他們將黑夜變為白天,使光明靠近黑暗;
13 Sɛ efie baako pɛ a mʼani da so ne damena, sɛ mesɛ me kɛtɛ wɔ esum mu, (Sheol h7585)
若是我還有希望,即以陰府為我的家;在憂暗之處,舖設我的床榻。 (Sheol h7585)
14 sɛ meka kyerɛ porɔeɛ sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ na me kyerɛ ɔsonsono sɛ, ‘Me maame’ anaa ‘Me nuabaa’ a,
我對墓穴說:你作我父! 對蛆蟲說:你作我母,我妹!
15 na afei mʼanidasoɔ wɔ he? Hwan na ɔbɛtumi anya anidasoɔ bi ama me?
我的希望究在何處﹖我的幸福,有誰注意﹖
16 Ɛbɛsiane akɔ owuo ɛpono ano anaa? Yɛn nyinaa bɛsiane akɔ mfuturo mu anaa?” (Sheol h7585)
這一切只有和我一同降入陰府,一同安息在灰塵中。 (Sheol h7585)

< Hiob 17 >