< Hiob 13 >

1 “Mʼani ahunu yeinom nyinaa, mʼaso ate, na ate aseɛ nso.
“Mʼani ahu eyinom nyinaa, mʼaso ate, na ate ase.
2 Deɛ wonim no, me nso menim; wo nsene me.
Nea wunim no, me nso minim; wonyɛ abomfiaa mma me.
3 Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfoɔ no na me ne Onyankopɔn toatoa adwene wɔ mʼasɛm ho.
Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfo no na mekyerɛkyerɛ mʼasɛm mu kyerɛ Onyankopɔn.
4 Mode atorɔ mmom na afɔre me ho; mo nyinaa moyɛ ayaresafoɔ a mo ho nni mfasoɔ!
Mode atoro mmom na asra me ho; mo nyinaa moyɛ ayaresafo a munsi hwee!
5 Sɛ mobɛyɛ komm koraa a ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!
Sɛ mobɛyɛ komm koraa a ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!
6 Afei montie mʼano asɛm; montie mʼanoyie.
Afei muntie mʼano asɛm; muntie mʼanoyi.
7 Mobɛka amumuyɛsɛm ama Onyankopɔn anaa? Mobɛka nnaadaasɛm ama no anaa?
Mobɛka amumɔyɛsɛm ama Onyankopɔn ana? Mobɛka nnaadaasɛm ama no ana?
8 Mobɛkyea mo aso ama no? Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no anaa?
Mobɛkyea mo aso ama no? Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no ana?
9 Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi mo yie anaa? Mobɛtumi adaadaa no sɛdeɛ modaadaa nnipa no anaa?
Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi mo yiye ana? Mubetumi adaadaa no sɛnea modaadaa nnipa no ana?
10 Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kɔkoam a, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛka mo anim.
Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kokoa mu a, sɛnea ɛte biara, ɔbɛka mo anim
11 Nʼanimuonyam mmɔ mo hu anaa? Ne ho suro nntɔ mo so anaa?
Nʼanuonyam mmɔ mo hu ana? Ne ho suro ntɔ mo so ana?
12 Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbuo a ɛte sɛ nsõ; mo anoyie yɛ dɔteɛ.
Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbu a ɛte sɛ nsõ; mo anoyi yɛ dɔte twann anoyi.
13 “Monyɛ dinn, na menkasa; na deɛ ɛbɛyɛ me biara mmra me so.
“Monyɛ komm mma menkasa; na nea ɛbɛyɛ me biara mmra me so.
14 Adɛn enti na mede me ho to amaneɛ mu na mede me nkwa to me nsam?
Adɛn nti na mede me ho to amane mu na mede me nkwa to me nsam?
15 Ɛwom sɛ ɔkumm me deɛ, nanso ne so na mʼani bɛda; ampa ara mɛdi mʼakwan ho adanseɛ wɔ nʼanim.
Ɛwɔ mu sɛ okum me de, nanso ne so na mʼani bɛda; ampa ara medi mʼakwan ho adanse wɔ nʼanim.
16 Nokorɛm, yei na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ deɛ ɔnsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!
Nokware, eyi na ɛbɛyɛ me nkwagye, efisɛ nea onsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!
17 Montie me nsɛm yi yie; monyɛ aso mma deɛ meka.
Muntie me nsɛm yi yiye; monyɛ aso mma nea meka.
18 Afei a masiesie me nkurobɔ yi, menim sɛ mɛdi bem.
Afei a masiesie me nkurobɔ yi, minim sɛ medi bem.
19 Obi bɛtumi abɔ me kwaadu anaa? Sɛ ɛte saa deɛ a, anka mɛyɛ komm na mawu.
Obi betumi abɔ me kwaadu ana? Sɛ ɛte saa de a, anka mɛyɛ komm na mawu.
20 “Ao Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma mmienu yi pɛ ma me, na afei meremfa me ho nsuma wo:
“Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma abien yi pɛ ma me, na afei meremfa me ho nhintaw wo:
21 Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri, na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no.
Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri, na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no.
22 Afei samena me na mɛba, anaa ma menkasa na bua me.
Ɛno de, samena me na mɛba, anaa ma menkasa na bua me.
23 Mfomsoɔ ne bɔne dodoɔ ahe na mayɛ? Kyerɛ me me mfomsoɔ ne me bɔne.
Mfomso ne bɔne dodow ahe na mayɛ? Kyerɛ me me mfomso ne me bɔne.
24 Adɛn enti na wode wʼanim asie me na wodwene sɛ meyɛ wo ɔtamfoɔ?
Adɛn nti na wode wʼanim asie me na wudwen sɛ meyɛ wo tamfo?
25 Wobɛyɛ ahahan a mframa rebɔ no ayayadeɛ anaa? Wobɛtaa ntɛtɛ a awoɔ anaa?
Wobɛyɛ ahaban a mframa rebɔ no ayayade ana? Wobɛtaa ntɛtɛ a awo ana?
26 Wotwerɛ soboɔ a ɛyɛ yea tia me, na woka me mmabunuberɛ mu bɔne nyinaa gu me so.
Wokyerɛw sobo a ɛyɛ yaw tia me, na woka me mmabunmmere mu bɔne nyinaa gu me so.
27 Wode nkyehoma gu me nan; wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yie na wode ahyɛnsodeɛ ayeyɛ mʼanammɔn mu.
Wode nkyehama gu mʼanan; wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yiye na wode agyiraehyɛde ayeyɛ mʼanammɔn mu.
28 “Enti onipa nkwa sa te sɛ biribi a aporɔ, te sɛ atadeɛ a nweweboa adie.
“Enti onipa nkwa sa te sɛ ade a aporɔw, te sɛ atade a nwewee adi.

< Hiob 13 >