< Hiob 10 >
1 “Abrabɔ afono me; enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie na mɛkasa afiri me kra yeadie mu.
Mi sjæl er leid av livet mitt, eg gjev mi klaga lause taumar, vil tala i min såre hugverk.
2 Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mmu me kumfɔ, na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.
Til Gud eg segjer: «Døm meg ikkje; seg kvifor du imot meg strider!
3 Sɛ wohyɛ me so a, ɛdeɛn na wonya? Adɛn enti na wopo wo nsa ano adwuma na wosere hwɛ amumuyɛfoɔ nhyehyɛeɛ?
Finn du det godt å gjera vald, og øyda upp ditt eige verk, men lysa yver gudlaust råd?
4 Wowɔ ɔhonam mu ani anaa? Wohunu adeɛ te sɛ ɔdasani anaa?
Er auga ditt av kjøt og blod? Ser du som menneskje plar sjå?
5 Wo nkwa nna te sɛ ɔdasani anaa wo mfeɛ te sɛ onipa,
Er dine dagar mennesk-dagar? Er dine år lik mannsens år?
6 a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔ na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?
Med di mitt brot du leitar upp, og granskar etter syndi mi,
7 Ɛwom sɛ wonim sɛ menni fɔ deɛ, nanso obiara nso rentumi nnye me mfiri wo nsam.
endå du veit eg er uskuldig, og ingen bergar or di hand.
8 “Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛbɔɔ me. Afei wobɛdane wo ho asɛe me anaa?
Di hand hev skapt og dana meg fullt ut, og no vil du meg tyna?
9 Kae sɛ wonwonoo me sɛ dɔteɛ. Na wobɛdane me ayɛ me mfuturo bio?
Hugs på, du forma meg som leir; no gjer du atter meg til mold!
10 Woanhwie me sɛ nufosuo no womaa me mu piiɛ sɛ kyiisi,
Som mjølk du let meg renna ut og let meg stivna liksom ost;
11 amfa wedeɛ ne honam ankata me ho ankeka nnompe ne ntini antoatoa mu anaa?
Du klædde meg med hud og kjøt, fleitta bein og senar saman.
12 Womaa me nkwa, yii ayamyɛ kyerɛɛ me, na ɔhwɛsie mu, wohwɛɛ me honhom so.
Du gav meg både liv og miskunn, og verna um mitt andedrag.
13 “Nanso yei na wode siee wʼakoma mu; na menim sɛ na yei wɔ wʼadwene mu.
Men dette du i hjarta gøymde, eg veit det var i din tanke;
14 Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me na wobɛma me ɛso asotwe.
Du vakta på meg um eg synda; du gav meg ikkje til mitt brot;
15 Na sɛ medi fɔ a, nnome nka me! Na sɛ mpo medi bem a, merentumi mpagya me ti, ɛfiri sɛ aniwuo ahyɛ me ma na mʼamanehunu amene me.
um eg var skuldig, usæl eg! Um skuldfri, tord’ eg ei meg briska, av skjemsla mett, med naud for augom;
16 Na sɛ mepagya me ti a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata, na bio woda wo tumi nwanwa no adi tia me.
For då du jaga meg som løva og let meg atter under sjå,
17 Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia me na woma wʼabofuo ano yɛ den wɔ me so; wʼakodɔm tu ba me so ɛberɛ biara.
du førde nye vitne mot meg og harmast endå meir på meg og sende mot meg her på her.
18 “Adɛn enti na woma wɔwoo me? Ɛkaa me nko a anka mewuiɛ ansa na ani bi rehunu me.
Kvi drog du meg or morsliv fram? Kvi fekk eg ikkje usedd døy,
19 Anka mamma nkwa yi mu, anaasɛ wosoaa me firi awotwaa mu de me kɔɔ damena mu tee a, anka ɛyɛ.
lik ein som aldri til hev vore, og vart i grav frå morsliv lagt?
20 Aka kakra na me nna atwam, gyaa me na menya anigyeɛ ɛberɛ tiawa bi
Er ikkje mine dagar få? Haldt upp! Slepp meg, so eg litt glad kann verta,
21 ansa na makɔ koransane kusuuyɛ ne sunsumma kabii asase so,
fyrr eg gjeng burt, og kjem’kje att, til myrkre land med daudeskugge,
22 asase a ɛyɛ anadwo sum kabii, sunsumma tumm ne sakasaka, baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ esum.”
eit land so myrkt som svarte natti, med daudeskugge og vanskipnad, der dagsljoset er som myrke natt!»»