< Yeremia 1 >
1 Nsɛm a ɛfiri Yeremia nkyɛn nie. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfoɔ no mu baako wɔ Benyamin asase so.
These are the words of Jeremiah son of Hilkiah, one of the priests at Anathoth in the land of Benjamin.
2 Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda ɔhene Amon babarima adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu.
The word of Yahweh came to him in the days of Josiah son of Amon, king of Judah, in the thirteenth year of his reign.
3 Ɛtoaa so wɔ Yuda ɔhene Yosia babarima Yehoiakim ɛberɛ so kɔsii Yuda ɔhene Yosia babarima Sedekia ɛberɛ so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedie afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so enum.
It also came in the days of Jehoiakim son of Josiah, king of Judah, until the fifth month of the eleventh year of Zedekiah son of Josiah, king of Judah, when the people of Jerusalem were taken away as prisoners.
4 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
The word of Yahweh came to me, saying,
5 “Ansa na merebɔ wo wɔ awotwaa mu no, na menim wo; ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn; meyɛɛ wo sɛ odiyifoɔ maa aman no.”
“Before I formed you in the womb, I chose you; before you came out from the womb I set you apart; I made you a prophet to the nations.”
6 Mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade mennim kasa; meyɛ abɔfra.”
“Ah, Lord Yahweh!” I said, “I do not know how to speak, for I am too young.”
7 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nka sɛ ‘meyɛ abɔfra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no.
But Yahweh said to me, “Do not say, 'I am too young.' You must go everywhere I send you, and you must say whatever I command you!
8 Nsuro wɔn, ɛfiri sɛ meka wo ho, na magye wo,” deɛ Awurade seɛ nie.
Do not be afraid of them, for I am with you to rescue you—this is Yahweh's declaration.”
9 Na Awurade tenee ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Seesei mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu.
Then Yahweh reached out with his hand, touched my mouth, and said to me, “Now, I have placed my word in your mouth.
10 Hwɛ, ɛnnɛ mede wo asi aman ne ahennie so sɛ, tutu na dwiri gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.”
I am appointing you today over nations and over kingdoms, to uproot and break down, to destroy and overthrow, to build and plant.”
11 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?” Na mebuaa sɛ, “Mehunu sorɔno dubaa.”
The word of Yahweh came to me, saying, “What do you see, Jeremiah?” I said, “I see an almond branch.”
12 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wahunu no yie, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”
Yahweh said to me, “You have seen well, for I am watching over my word to carry it out.”
13 Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam.”
The word of Yahweh came to me a second time, saying, “What do you see?” I said, “I see a heated pot, whose surface is churning, tipping away from the north.”
14 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔbɛfiri atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so.
Yahweh said to me, “Disaster will be opened up out of the north on all who live in this land.
15 Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa,” deɛ Awurade seɛ nie. “Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛba abɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano; wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyia ne Yuda nkuro nyinaa so.
For I am calling all the tribes of the northern kingdoms, declares Yahweh. They will come, and everyone will set his throne at the entrance of the gates of Jerusalem, against all the walls that surround it, and against all the cities of Judah.
16 Mɛbu me nkurɔfoɔ atɛn wɔ wɔn amumuyɛ sɛ wɔagya me, sɛ wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ na wɔkoto sɔre deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ.
I will pronounce sentence against them for all their evil in forsaking me, in burning incense to other gods, and in worshiping what they made with their own hands.
17 “Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.
Get yourself ready! Stand up and say to them whatever I command you. Do not be shattered before them, or I will shatter you before them!
18 Ɛnnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, dadeɛ dum ne kɔbere ɔfasuo sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so.
Behold! Today I have made you a fortified city, an iron pillar, and bronze walls against the whole land—against the kings of Judah, its officials, its priests, and the people of the land.
19 Wɔbɛko atia wo nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
They will fight against you, but they will not defeat you, for I will be with you to rescue you—this is Yahweh's declaration.”