< Yeremia 8 >

1 “‘Saa ɛberɛ no, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔbɛyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfoɔ nnompe, asɔfoɔ ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn nnamena mu.
En aquel tiempo, dijo el SEÑOR: Sacarán los huesos de los reyes de Judá, y los huesos de sus príncipes, y los huesos de los sacerdotes, y los huesos de los profetas, y los huesos de los moradores de Jerusalén, fuera de sus sepulcros;
2 Wɔbɛsɛ no kɛtɛ wɔ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam.
y los esparcirán al sol, y a la luna, y a todo el ejército del cielo, a quien amaron, y a quienes sirvieron, y en pos de quienes anduvieron, y a quienes preguntaron, y a quienes se encorvaron. No serán recogidos, ni enterrados; serán por muladar sobre la faz de la tierra.
3 Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’
Y se escogerá la muerte antes que la vida todo el resto que quedare de esta mala generación, en todos los lugares a donde arrojaré yo a los que quedaren, dijo el SEÑOR de los ejércitos.
4 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: “‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa? Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa?
Les dirás asimismo: Así dijo el SEÑOR: ¿Por ventura el que cae, nunca se levanta? ¿El que se aparta, nunca torna?
5 Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho? Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi? Wɔkura nnaadaa mu pintinn; na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi.
¿Por qué es este pueblo de Jerusalén rebelde con rebeldía perpetua? Abrazaron el engaño, no quisieron volverse.
6 Mawɛn maso matie, nanso wɔnnka deɛ ɛtene. Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho, na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?” Obiara fa ɔno ara ɛkwan so te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm.
Escuché y oí; no hablan derecho, no hay hombre que se arrepienta de su mal, diciendo: ¿Qué he hecho? Cada cual se volvió a su carrera, como caballo que arremete con ímpetu a la batalla.
7 Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no, na aturukuku, asomfena ne anyankuku hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi, nanso me nkurɔfoɔ nnim deɛ Awurade hwehwɛ.
Aun la cigüeña en el cielo conoce su tiempo, y la tórtola y la grulla y la golondrina guardan el tiempo de su venida; mas mi pueblo no conoció el juicio del SEÑOR.
8 “‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa, ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,” wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ de atorɔ adanedane mu?
¿Cómo decís: Nosotros somos sabios, y la ley del SEÑOR tenemos con nosotros? Ciertamente, he aquí que en vano se cortó la pluma, por demás fueron los escribas.
9 Anyansafoɔ no anim bɛgu ase; wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn. Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a, na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ?
Los sabios se avergonzaron, se espantaron y fueron presos; he aquí que aborrecieron la palabra del SEÑOR; ¿y qué sabiduría tienen?
10 Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya; adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.
Por tanto, daré a otros sus mujeres, y sus heredades a quien las heredará, porque desde el chico hasta el grande cada uno sigue la avaricia; desde el profeta hasta el sacerdote todos hacen engaño.
11 Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ” wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.
Y curaron el quebrantamiento de la hija de mi pueblo con liviandad, diciendo: Paz, paz; y no hay paz.
12 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase, sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
¿Se han avergonzado de haber hecho abominación? Por cierto no se han corrido de vergüenza, ni supieron avergonzarse; caerán, por tanto, entre los que cayeren, cuando los visitare, caerán, dice el SEÑOR.
13 “‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ, deɛ Awurade seɛ nie. Aba biara remma bobe nnua no so. Aba biara remma borɔdɔma nnua no so, ɛso nhahan bɛdwindwan. Deɛ mede ama wɔn no wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’”
Los cortaré del todo, dijo el SEÑOR. No hay uvas en la vid, ni higos en la higuera, y se caerá la hoja; y lo que les he dado pasará de ellos.
14 Adɛn enti na yɛtete ha? Mommoaboa mo ho ano! Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ mu na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ! Ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔ na wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no.
¿Sobre qué nos aseguramos? Juntaos, y entrémonos en las ciudades fuertes, y allí quedaremos quietos; porque el SEÑOR nuestro Dios nos ha hecho callar, y nos dio a beber bebida de hiel, porque pecamos contra el SEÑOR.
15 Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ nanso biribi pa biara amfiri mu amma, yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwan nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.
Esperamos paz, y no hubo bien; día de cura, y he aquí turbación.
16 Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee firi Dan; na wɔn apɔnkɔnini su ma asase no nyinaa woso. Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe asase no ne ɛso nneɛma nyinaa, kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
Desde Dan se oyó el bufido de sus caballos; del sonido de los relinchos de sus fuertes tembló toda la tierra; y vinieron y devoraron la tierra y su abundancia, ciudad y moradores de ella.
17 “Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu, nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn, na wɔbɛkeka mo,” deɛ Awurade seɛ nie.
Porque he aquí que yo envío sobre vosotros serpientes, basiliscos, contra los cuales no hay encantamiento; y os morderán, dijo el SEÑOR.
18 Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ, mʼakoma aboto wɔ me mu.
A causa de mi fuerte dolor, mi corazón desfallece en mí.
19 Tie me nkurɔfoɔ sufrɛ a ɛfiri akyirikyiri asase so: “Awurade nni Sion anaa? Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?” “Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo, wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?”
He aquí voz del clamor de la hija de mi pueblo, que viene de la tierra lejana: ¿No está el SEÑOR en Sion? ¿No está en ella su Rey? ¿Por qué me hicieron airar con sus imágenes de talla, con vanidades de dios ajeno?
20 “Otwa berɛ no atwam, ahuhuro berɛ no aba awieeɛ, na wɔnnyee yɛn nkwa.”
Se pasó la siega, se acabó el verano, y nosotros no hemos sido salvos.
21 Sɛ wɔadwerɛ me nkurɔfoɔ no enti, wɔadwerɛ me; medi awerɛhoɔ, na ahodwirie akyekyere me.
Quebrantado estoy por el quebrantamiento de la hija de mi pueblo; entenebrecido estoy, espanto me ha arrebatado.
22 Aduro bi nni Gilead anaa? Ɔyaresafoɔ bi nni hɔ anaa? Na afei adɛn enti na ayaresa nni hɔ mma me nkurɔfoɔ apirakuro?
¿No hay bálsamo en Galaad? ¿No hay allí médico? ¿Por qué, pues, no hubo medicina para la hija de mi pueblo?

< Yeremia 8 >