< Yeremia 6 >

1 “Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa! Monnwane mfiri Yerusalem! Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa! Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem! Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam, ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu.
“Strengthen yourselves, sons of Benjamin, From the midst of Jerusalem, And blow a horn in Tekoa, And lift up a flame over Beth-Haccerem, For evil has been seen from the north, And great destruction.
2 Mɛsɛe Ɔbabaa Sion ɔhoɔfɛfoɔ sɔɔnɔ no.
I have cut off the lovely and delicate one, The daughter of Zion.
3 Atamfoɔ bɛba abɛtwa ne ho ahyia te sɛ nnwanhwɛfoɔ; wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia na wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”
Shepherds and their droves come to her, They have struck tents by her all around, They have each fed [in] his own station.”
4 “Monsiesie mo ho ne no nkɔko! Monsɔre, momma yɛnkɔto nhyɛ ne so owigyinaeɛ! Nanso, hwɛ, onwunu redwo, na anwummerɛ sunsumma reyɛ tenten.
“Sanctify the battle against her, Rise, and we go up at noon. Woe to us, for the day has turned, For the shades of evening are stretched out,
5 Enti, monsɔre momma yɛnkɔto nhyɛ ne so anadwo na yɛnsɛe nʼaban hodoɔ!”
Rise, and we go up by night, And we destroy her palaces.”
6 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Montwitwa nnua no ngu fam na monsisi epie ntia Yerusalem. Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso; nhyɛsoɔ ahyɛ no ma.
For thus said YHWH of Hosts: “Cut down her wood, And pour out a mound against Jerusalem, She [is] the city to be inspected, She [is] full of oppression in her midst.
7 Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no, saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ. Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu; ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa.
As the digging of a well, is [for] its waters, So she has dug [for] her wickedness, Violence and spoil is heard in her, Sickness and striking [are] continually before My face.
8 Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem, anyɛ saa a metwe me ho afiri wo ho na mama wʼasase ada mpan a obiara ntumi ntena soɔ.”
Be instructed, O Jerusalem, Lest My soul be alienated from you, Lest I make you a desolation, A land [that is] not inhabited.”
9 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yie sɛdeɛ wɔyiyi bobe mu; fa wo nsa fa mman no so bio, sɛ obi a ɔretete bobe aba.”
Thus said YHWH of Hosts: “They surely glean, as a vine, the remnant of Israel, Put your hand back, as a gatherer to the baskets.”
10 Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ? Hwan na ɔbɛtie me? Wɔn aso asisi enti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔn na wɔn ani nnye ho.
To whom do I speak, and testify, and they hear? Behold, their ear [is] uncircumcised, And they are not able to attend. Behold, a word of YHWH has been to them for a reproach, They do not delight in it.
11 Nanso Awurade abufuhyeɛ ahyɛ me ma, na mentumi nkora so. “Hwie gu mmɔfra a wɔwɔ mmɔntene so ne mmaranteɛ a wɔahyia; ɛbɛka okunu ne ɔyere, mmasiriwa ne wɔn a onyini adoko wɔn.
And I have been filled with the fury of YHWH (I have been weary of containing), “To pour [it] on the suckling in the street, And on the assembly of youths together, For even husband with wife are captured, [The] elderly with one full of days,
12 Sɛ metene me nsa wɔ wɔn a wɔte asase no so a wɔbɛdane wɔn afie ama afoforɔ, na wɔn mfuo ne wɔn yerenom bɛka ho,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
And their houses have been turned to others, Fields and wives together, For I stretch out My hand against the inhabitants of the land,” A declaration of YHWH.
13 “Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya; adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.
“For from their least to their greatest, Everyone is gaining dishonest gain, And from prophet even to priest, Everyone is dealing falsely,
14 Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ’ wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.
And they heal the breach of the daughter of My people slightly, Saying, Peace, peace! And there is no peace.
15 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; wɔbɛhwehwe ase,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
They were ashamed when they did abomination! Indeed, they are not at all ashamed, Indeed, they have not known blushing, Therefore they fall among those falling, In the time I have inspected them, They stumble,” said YHWH.
16 Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ; mommisa tete akwan no, mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so, na mobɛnya homeɛ ama mo akra. Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’
Thus said YHWH: “Stand by the ways and see, and ask for paths of old, Where [is] this—the good way? And go in it, And find rest for yourselves. And they say, We do not go.
17 Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ, ‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’ Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’
And I have raised up watchmen for you, Attend to the voice of the horn. And they say, We do not attend.
18 Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman; monhwɛ, Ao adansefoɔ, deɛ ɛbɛto wɔn.
Therefore hear, O nations, and know, O congregation, That which [is] on them.
19 Yɛ aso, Ao asase: Mede amanehunu reba saa nnipa yi so, wɔn nneyɛɛ so aba, ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm na wɔapo me mmara.
Hear, O earth, behold, I am bringing evil on this people, The fruit of their plans, For they gave no attention to My words, And My law—they kick against it.
20 Nnuhwam a ɛfiri Seba anaa ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so fa me ho bɛn? Mennye wo hyeɛ afɔdeɛ no nto mu; wʼafɔrebɔ ahodoɔ no nsɔ mʼani.”
Why [is] this to Me? Frankincense comes from Sheba, And the sweet cane from a far-off land, Your burnt-offerings [are] not for acceptance, And your sacrifices have not been sweet to Me.”
21 Ɛno enti, deɛ Awurade seɛ nie: “Mede akwansideɛ bɛgu saa nkurɔfoɔ yi anim. Agyanom ne mmammarima nyinaa bɛsuntisunti wɔ so; ayɔnkofoɔ ne nnamfonom bɛyera.”
Therefore, thus said YHWH: “Behold, I give stumbling blocks to this people, And fathers and sons have stumbled against them together, The neighbor and his friend perish.”
22 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: “Monhwɛ, akodɔm bi reba, wɔfiri atifi fam asase so; wɔrekanyane ɔman kɛseɛ bi afiri nsase ano.
Thus said YHWH: “Behold, a people has come from a north country, And a great nation is stirred up from the sides of the earth.
23 Wɔkurakura bɛmma ne pea; wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ. Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo asorɔkye. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko. Wɔrebɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Sion.”
They take hold of bow and javelin, It [is] fierce, and they have no mercy, Their voice sounds as a sea, And they ride on horses, Set in array as a man of war, Against you, O daughter of Zion.”
24 Yɛate wɔn ho nsɛm, na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ deɛ awu. Ehu akyekyere yɛn ɔyea aba wɔn so, te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.
We have heard its sound, our hands have been feeble, Distress has seized us, pain as of a travailing woman.
25 Mfiri adi nkɔ wiram na nnante akwan no so, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no wɔ akofena, na baabiara ayɛ hu.
Do not go forth to the field, And do not walk in the way, For the enemy has a sword, Fear [is] all around.
26 Ao me nkurɔfoɔ, monfira ayitoma na mommunimuni nsõ mu. Momfa adwadwotwa yaaya nni awerɛhoɔ sɛdeɛ wɔsu ma ɔbabarima korɔ, ɛfiri sɛ mpofirim ara ɔsɛefoɔ no bɛba yɛn so.
O daughter of my people, Gird on sackcloth, And roll yourself in ashes, Make mourning [as for] an only one, A most bitter lamentation, For the spoiler suddenly comes against us.
27 “Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛ na me nkurɔfoɔ yɛ dadeben, a wobɛhwɛ wɔn na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.
“I have given you a watchtower, A fortress among My people, And you know, and have tried their way.
28 Wɔn nyinaa yɛ atuatefoɔ a wɔyɛ den, wɔnenam di nsekuro. Wɔyɛ den sɛ kɔbere ne dadeɛ; wɔn nyinaa yɛ wɔn adeɛ wɔ porɔeɛ ɛkwan so.
All of them are turned aside by apostates, Walking slanderously—bronze and iron, All of them are corrupters.
29 Afa no bɔ mframa denden de ogya nane sumpii no, nanso ahobereɛ no yɛ ɔkwa. Ɛntumi nyiyii bɔne no mfirii wɔn mu.
The bellows have been burned, The lead has been consumed by fire, A refiner has refined in vain, And the wicked have not been drawn away.
30 Mɛfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo, ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn.”
They have called them rejected silver, For YHWH has kicked against them!”

< Yeremia 6 >