< Yeremia 52 >
1 Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia babaa a ɔfiri Libna.
Sédécias avait vingt et un ans quand il monta sur le trône, et il régna onze ans à Jérusalem, et sa mère s'appelait Amitaal, et elle était fille de Jérémie, de Lobna.
2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no.
3 Awurade abufuo enti na yeinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyire no, ɔyii nʼani firii wɔn so. Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.
4 Enti Sedekia adedie afe a ɛtɔ so nkron no, bosome a ɛtɔ so edu ne da a ɛtɔ so edu no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa; Wɔtuaa kuropɔn no, na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ.
Dans la neuvième année de son règne, le neuvième année, le dixième jour du mois, Nabuchodonosor, roi de Babylone, vint avec toutes ses forces vers Jérusalem, et ils l'entourèrent de retranchements, et ils bâtirent alentour un mur en grandes pierres de taille.
5 Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kɔsii ɔhene Sedekia ahennie no mfeɛ dubaako so.
Et la ville fut investie jusqu'à la onzième année du règne de Sédécias,
6 Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa.
Jusqu'au neuvième jour du mois; et alors la famine prévalut dans la cité, et il n'y avait plus de pain pour le peuple de la terre.
7 Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no.
Une brèche fut faite aux murailles; les hommes de guerre sortirent de nuit par le chemin de la porte, entre les remparts et les forts avancés qu'on avait élevés près du jardin du roi; et les Chaldéens entouraient le reste de la ville, et les fugitifs prirent la route d'Araba.
8 Nanso, Babilonia akodɔm no taa Ɔhene Sedekia kɔtoo no wɔ Yeriko tata so. Na nʼasraafoɔ no nyinaa afiri ne ho abɔ apete,
Et l'armée des Chaldéens les poursuivit, et ils prirent le roi auprès de Jéricho, et tous ses serviteurs s'étaient dispersés loin de lui.
9 na wɔkyeree no. Wɔfaa no dedua de no kɔmaa Babiloniahene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn.
Les Chaldéens firent donc le roi captif et ils le menèrent au roi de Babylone, à Déblatha, et Nabuchodonosor prononça contre lui son arrêt.
10 Ribla hɔ na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima wɔ nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ adwumayɛfoɔ nyinaa nso.
Et il égorgea les fils de Sédécias sous ses yeux, et il égorgea tous les princes de Juda en Déblatha.
11 Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia. Ɛhɔ na ɔde no too afiase kɔsii ne wu da.
Et il arracha les yeux de Sédécias; puis, après l'avoir chargé de chaînes, il l'emmena à Babylone; là il le mit avec les esclaves qui tournaient la meule, jusqu'au jour où il mourut.
12 Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem.
Et le cinquième mois, le sixième jour du mois, Nabuzardan, chef des cuisines, qui se tenait devant le roi de Babylone, marcha sur Jérusalem.
13 Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfie ne afie a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyee efie biara a ɛdi mu.
Et il livra aux flammes le temple du Seigneur, le palais du roi et toutes les maisons de la ville, et il mit le feu à toutes les grandes maisons.
14 Babiloniafoɔ akodɔm a wɔhyɛ ɔhene awɛmfoɔ so sahene ase no bubuu afasuo a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa.
Et l'armée des Chaldéens qui étaient avec le chef des cuisines rasa les remparts dont la ville était entourée.
15 Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ ano no faa wɔn a wɔdi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfoɔ a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommumfa mu.
16 Nanso, Nebusaradan gyaa wɔn a wɔdi hia wɔ asase no so no nkaeɛ sɛ wɔnhwɛ bobe nturo ne mfuo no.
Mais Nabuzardan y laissa les restes du peuple, pour être vignerons et laboureurs.
17 Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, nnyinasodeɛ a wɔtumi moma soɔ ne kɔbere mfrafraeɛ Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ no nyinaa kɔɔ Babilonia.
Et les Chaldéens brisèrent les colonnes d'airain et leurs bases et la mer d'airain qui étaient dans le temple du Seigneur, et ils en emportèrent le métal à Babylone,
18 Afei, wɔfaa nkukuo, nsofi, kaneahoma twitwasoɔ, ɔpete nkuruwa, nwowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma wɔ asɔredan mu no nso kɔeɛ.
Avec les couronnes, les coupes et les chaudières, et tous les vases d'airain employés au service du temple.
19 Ɔhene awɛmfoɔ sahene no faa nkankyee, nkankyee ntrawantrawa, ɔpete nkuruwa, nkukuo, kaneannua, nwowaa ne nkuruwa a wɔde di ɔnom afɔrebɔ ho dwuma no kɔeɛ; wɔde sikakɔkɔɔ amapa anaa dwetɛ na ɛyɛɛ yeinom nyinaa.
Et il prit aussi les cassolettes et les bassins, et les vases à verser de l'huile, et les chandeliers, et les encensoirs, et les coupes, qui étaient les unes d'or, les autres d'argent;
20 Na wɔntumi nkari kɔbere mfrafraeɛ a wɔde yɛɛ afadum mmienu no, Ɛpo no ne anantwinini dumienu a ɛwɔ nʼase ne nnyinasoɔ a wɔmoma soɔ a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru.
Et les deux colonnes, et la mer, et les douze bœufs d'airain sous la mer, qu'avait faits le roi Salomon pour le temple du Seigneur. On ne sut pas le poids des vases d'airain.
21 Na afadum no biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson ɛnna ne kanko mu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Emu da tokuro na nʼafaban no mu pipiripie yɛ nsateakwaa ɛnan.
Et les colonnes étaient hautes chacune de trente-cinq coudées, et elles étaient, entourées de chaînes longues de douze coudées, épaisses de quatre doigts.
22 Na kɔbere mfrafraeɛ ntaasoɔ a ɛsi afadum baako so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no.
Et leurs chapiteaux d'airain avaient cinq coudées de haut, et elles étaient entourées d'un filet et de grenades d'airain, et il y avait huit grenades par coudée, et il y avait douze coudées,
23 Na Kɔbere mfrafraeɛ ateaa aba a ɛsensɛn ntaasoɔ no ano no yɛ aduɔkron nsia, ɛnna deɛ ɛkata ntaasoɔ no ho yɛ ɔha.
Et il y avait quatre-vingt-seize grenades sur les côtés, et il y avait en tout cent grenades sur le filet tout autour.
24 Awɛmfoɔ no sahene no faa ɔsɔfopanin Seraia, abadiakyire Sefania ne ɔpono ano hwɛfoɔ baasa no sɛ nneduafoɔ.
Et Nabuzardan prit le premier prêtre, puis le second et les trois gardiens de la voie,
25 Ɔfaa ɔpanin a ɔtua asraafoɔ no ano, ne adehyeɛ afotufoɔ baason firii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no. Afei ɔfaa ɔtwerɛfoɔ a na ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafoɔ wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfoɔ no mu aduosia a ɔhunuu wɔn wɔ kuropɔn no mu.
Et un eunuque, chef des gens de guerre, et sept hommes distingués se tenant devant le roi, qui se trouvaient dans la ville, et le scribe des armées, chargé des écritures du peuple de la terre, et soixante hommes de la campagne qui se trouvaient dans la ville.
26 Ɔsahene Nebusaradan faa wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla.
Et Nabuzardan, cuisinier en chef du roi, les prit et les conduisit au roi de Babylone à Déblatha.
27 Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn. Enti wɔtwaa Yuda asuo firii nʼasase so.
Et le roi les fit mettre à mort à Déblatha, en la terre d'Émath.
28 Nnipa dodoɔ a Nebukadnessar de wɔn kɔɔ nkoasom mu nie: nʼadedie afe a ɛtɔ so nson mu, Yudafoɔ 3,023;
29 Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu, nnipa a wɔfiri Yerusalem, 832;
30 nʼadedie afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de Yudafoɔ 745 kɔɔ nnommumfa mu. Nnipa no nyinaa dodoɔ yɛ 4,600.
31 Ɔhene Yehoiakin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu.
En la trente-septième année de la captivité de Joakim, roi de Juda, le douzième mois, le vingt-troisième jour du mois, Ulémadachar, roi de Babylone, l'année même où il monta sur le trône, prit la tête de Joakim et lui coupa les cheveux, et le fit sortir de la maison où il était gardé,
32 Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ.
Et il lui parla avec douceur, et il lui donna un trône plus élevé que les trônes des autres rois qui l'entouraient à Babylone.
33 Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntadeɛ guu nkyɛn, na ɛfiri saa ɛda no ɔdidii wɔ ɔhene didipono so ɛberɛ biara kɔsii ne wu da.
Et il lui fit changer la robe qu'il avait en prison; et il le fit manger en sa présence tous les jours qu'il vécut.
34 Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakin sika berɛ ano berɛ ano, ma ɔde tuatua ne ho aka kɔsii ne owuda.
Et tous les jours, jusqu'à ce qu'il mourût, il régla constamment toute sa dépense.