< Yeremia 50 >

1 Asɛm a Awurade nam odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafoɔ asase ho nie:
הדבר אשר דבר יהוה אל בבל--אל ארץ כשדים ביד ירמיהו הנביא
2 “Mommɔ no dawuro na mompae mu nka wɔ amanaman mu. Mompagya frankaa na mompae mu nka; na momma wɔnte sɛ, ‘Wɔbɛfa Babilonia; wɔbɛgu Bel anim ase, na ehu bɛhyɛ Merodak ma. Wɔbɛgu ne nsɛsodeɛ anim ase na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’
הגידו בגוים והשמיעו ושאו נס השמיעו אל תכחדו אמרו נלכדה בבל הביש בל חת מרדך הבישו עצביה חתו גלוליה
3 Ɔman bi firi atifi fam bɛto ahyɛ ne so na wɔbɛyɛ nʼasase amanfo. Obiara rentena so; nnipa ne mmoa bɛdwane afiri so.
כי עלה עליה גוי מצפון הוא ישית את ארצה לשמה ולא יהיה יושב בה מאדם ועד בהמה נדו הלכו
4 “Nna no mu ne saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛka abom de nisuo akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Onyankopɔn.
בימים ההמה ובעת ההיא נאם יהוה יבאו בני ישראל המה ובני יהודה יחדו הלוך ובכו ילכו ואת יהוה אלהיהם יבקשו
5 Wɔbɛbisa ɛkwan a ɛkɔ Sion na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ. Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade wɔ daa apam a wɔn werɛ remfiri mu.
ציון ישאלו דרך הנה פניהם באו ונלוו אל יהוה ברית עולם לא תשכח
6 “Me nkurɔfoɔ ayɛ nnwan a wɔayera; wɔn nnwanhwɛfoɔ ama wɔafom ɛkwan ma wɔkyinkyinii mmepɔ so. Wɔkyinkyinii bɛpɔ ne kokoɔ so na wɔn werɛ firii wɔn ankasa homebea.
צאן אבדות היה (היו) עמי--רעיהם התעום הרים שובבים (שובבום) מהר אל גבעה הלכו שכחו רבצם
7 Obiara a ɔhunuu wɔn no tetee wɔn mu; wɔn atamfoɔ kaa sɛ, ‘Yɛn nni fɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokorɛ didibea no, Awurade wɔn agyanom anidasoɔ no.’
כל מוצאיהם אכלום וצריהם אמרו לא נאשם תחת אשר חטאו ליהוה נוה צדק ומקוה אבותיהם יהוה
8 “Monnwane mfiri Babilonia; momfiri Babiloniafoɔ asase so, na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwankuo anim.
נדו מתוך בבל ומארץ כשדים יצאו (צאו) והיו כעתודים לפני צאן
9 Mɛkanyane amanaman akɛseɛ nkabom afiri atifi fam asase so de wɔn abɛtia Babilonia. Wɔbɛgyinagyina wɔn afa atia no, wɔbɛfiri atifi fam ako afa no. Wɔn agyan bɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔakwadare akodie mu, wɔn a wɔmmfa nsapan nsane wɔn akyi.
כי הנה אנכי מעיר ומעלה על בבל קהל גוים גדלים מארץ צפון וערכו לה משם תלכד חציו כגבור משכיל לא ישוב ריקם
10 Enti wɔbɛfom Babilonia; wɔn a wɔfom no nyinaa bɛnya afodeɛ bebree,” Awurade na ɔseɛ.
והיתה כשדים לשלל כל שלליה ישבעו נאם יהוה
11 “Esiane sɛ mo ani gye na modi ahurisie, mo a mofom mʼagyapadeɛ, sɛ mohurihuri anigyeɛ so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ ɛserɛ frɔmm mu na mosu te sɛ apɔnkɔnini enti,
כי תשמחי (תשמחו) כי תעלזי (תעלזו) שסי נחלתי כי תפושי (תפושו) כעגלה דשה ותצהלי (ותצהלו) כאברים
12 Wo maame ani bɛwu pa ara; deɛ ɔwoo woɔ anim bɛgu ase. Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu, ɛserɛ, asase wesee ne anweatam.
בושה אמכם מאד חפרה יולדתכם הנה אחרית גוים מדבר ציה וערבה
13 Awurade abufuo enti, obiara rentena hɔ na ɛbɛda mpan korakora. Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.
מקצף יהוה לא תשב והיתה שממה כלה כל עבר על בבל ישם וישרק על כל מכותיה
14 “Monnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia, mo a moto agyan nyinaa. Monto no! Monnnya bɛmma biara, ɛfiri sɛ wayɛ bɔne atia Awurade.
ערכו על בבל סביב כל דרכי קשת ידו אליה אל תחמלו אל חץ כי ליהוה חטאה
15 Monteam ntia no wɔ afanan nyinaa! Ɔma ne nsa so, nʼaban denden bubu, wɔdwiri nʼafasuo gu fam. Esiane sɛ yei yɛ Awurade aweretɔ no enti, montɔ ne so were; monyɛ no sɛdeɛ wayɛ afoforɔ no.
הריעו עליה סביב נתנה ידה נפלו אשויתיה (אשיותיה) נהרסו חומותיה כי נקמת יהוה היא הנקמו בה כאשר עשתה עשו לה
16 Monyi ogufoɔ mfiri Babilonia, ɔne ɔtwafoɔ a ɔkura ne kantankrankyi wɔ ɔtwa berɛ mu no. Esiane ɔhyɛsofoɔ no akofena enti obiara nsane nkɔ ne nkurɔfoɔ mu, obiara nnwane nkɔ nʼankasa asase so.
כרתו זורע מבבל ותפש מגל בעת קציר--מפני חרב היונה איש אל עמו יפנו ואיש לארצו ינסו
17 “Israel yɛ nnwankuo a wɔahwete a agyata apam wɔn. Deɛ ɔdii ɛkan tetee ne mu yɛ Asiriahene; na deɛ ɔdwerɛɛ ne nnompe akyire no yɛ Babiloniahene Nebukadnessar.”
שה פזורה ישראל אריות הדיחו הראשון אכלו מלך אשור וזה האחרון עצמו נבוכדראצר מלך בבל
18 Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso sɛdeɛ metwee Asiriahene aso no.
לכן כה אמר יהוה צבאות אלהי ישראל הנני פקד אל מלך בבל ואל ארצו--כאשר פקדתי אל מלך אשור
19 Na mede Israel bɛsane aba nʼankasa adidibea. Ɔbɛdidi wɔ Karmel ne Basan; ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkokoɔ so.
ושבבתי את ישראל אל נוהו ורעה הכרמל והבשן ובהר אפרים והגלעד תשבע נפשו
20 Saa nna no ne saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔsɛ, “Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbuo mu, nanso wɔrennya bi, wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu, nanso wɔrenhunu bi, ɛfiri sɛ, mede nkaeɛfoɔ a megyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn.
בימים ההם ובעת ההיא נאם יהוה יבקש את עון ישראל ואיננו ואת חטאת יהודה ולא תמצאינה כי אסלח לאשר אשאיר
21 “Monto nhyɛ Merataim asase so ne nnipa a wɔte Pekod. Montaa wɔn, monkunkum wɔn na monsɛe wɔn korakora,” Awurade na ɔseɛ. “Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.
על הארץ מרתים עלה עליה ואל יושבי פקוד חרב והחרם אחריהם נאם יהוה ועשה ככל אשר צויתיך
22 Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so, ɔsɛeɛ kɛseɛ nnyegyeɛ!
קול מלחמה בארץ--ושבר גדול
23 Hwɛ sɛdeɛ wɔabubu na wɔabobɔ asase nyinaa so asaeɛ! Hwɛ sɛdeɛ Babilonia ada mpan wɔ amanaman no mu!
איך נגדע וישבר פטיש כל הארץ איך היתה לשמה בבל בגוים
24 Mesum wo afidie Ao Babilonia, na ɛyii wo ansa na worehunu; wɔhunu wo kyeree wo ɛfiri sɛ woko tiaa Awurade.
יקשתי לך וגם נלכדת בבל ואת לא ידעת נמצאת וגם נתפשת--כי ביהוה התגרית
25 Awurade abue nʼakodeɛ akoradan na wayi nʼabufuhyeɛ akodeɛ de apue, ɛfiri sɛ Otumfoɔ Awurade wɔ adwuma yɛ wɔ Babiloniafoɔ asase so.
פתח יהוה את אוצרו ויוצא את כלי זעמו כי מלאכה היא לאדני יהוה צבאות--בארץ כשדים
26 Momfiri akyirikyiri mmra ne so. Mommubu nʼasan no ani; monhɔre no sie sɛ ayuo akuakuo. Monsɛe no korakora na monnnya no nkaeɛfoɔ biara.
באו לה מקץ פתחו מאבסיה סלוה כמו ערמים והחרימוה אל תהי לה שארית
27 Monkunkum nʼanantwinini nyinaa; momfa wɔn nkɔ ma wɔnkum wɔn! Musuo nka wɔn! Ɛfiri sɛ wɔn da no aduru, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
חרבו כל פריה ירדו לטבח הוי עליהם כי בא יומם עת פקדתם
28 Montie akobɔfoɔ ne adwanefoɔ a wɔfiri Babilonia no sɛ wɔreka wɔ Sion sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn atɔ were nʼasɔrefie ho aweretɔ.
קול נסים ופלטים מארץ בבל להגיד בציון את נקמת יהוה אלהינו--נקמת היכלו
29 “Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babilonia, wɔn a wɔto agyan nyinaa. Montwa ne ho nhyia; momma obiara nnwane. Montua ne nneyɛɛ so ka; monyɛ no sɛdeɛ wayɛ. Ɛfiri sɛ, wabu Awurade animtia, Israel kronkronni no.
השמיעו אל בבל רבים כל דרכי קשת חנו עליה סביב אל יהי (לה) פליטה שלמו לה כפעלה ככל אשר עשתה עשו לה כי אל יהוה זדה אל קדוש ישראל
30 Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ mmɔntene so; wɔbɛtɔre nʼasraafoɔ nyinaa ase saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ.
לכן יפלו בחוריה ברחבתיה וכל אנשי מלחמתה ידמו ביום ההוא נאם יהוה
31 “Hwɛ, mekyiri wo, Ao ɔhantanni.” Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ, “ɛfiri sɛ wo da no aduru ɛberɛ a wɔde bɛtwe wʼaso no.
הנני אליך זדון נאם אדני יהוה צבאות כי בא יומך עת פקדתיך
32 Ɔhantanni no bɛsunti na wahwe ase obiara rempagya no; mɛto ne nkuro mu ogya na ahye wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”
וכשל זדון ונפל ואין לו מקים והצתי אש בעריו ואכלה כל סביבתיו
33 Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔhyɛ Israelfoɔ so, na Yudafoɔ nso saa ara. Wɔn nnommumfafoɔ no kura wɔn denden a wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn ma wɔkɔ.
כה אמר יהוה צבאות עשוקים בני ישראל ובני יהודה יחדו וכל שביהם החזיקו בם מאנו שלחם
34 Nanso, wɔn Gyefoɔ yɛ ɔhoɔdenfoɔ; ne din ne Asafo Awurade. Ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn anibereɛ so sɛdeɛ ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so, na wɔn a wɔte Babilonia no deɛ, wahyɛ wɔn ahometeɛ.
גאלם חזק יהוה צבאות שמו--ריב יריב את ריבם למען הרגיע את הארץ והרגיז לישבי בבל
35 “Akofena bi bɛsɔre atia Babiloniafoɔ!” Awurade na ɔseɛ. “Ɛbɛtia wɔn a wɔte Babilonia na atia nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ!
חרב על כשדים נאם יהוה ואל ישבי בבל ואל שריה ואל חכמיה
36 Akofena bi bɛsɔre atia nʼadiyifoɔ atorofoɔ! Wɔbɛdane nkwaseafoɔ. Akofena bi bɛsɔre atia nʼakofoɔ! Ehu bɛhyɛ wɔn ma.
חרב אל הבדים ונאלו חרב אל גבוריה וחתו
37 Akofena bi bɛsɔre atia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne amanfrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu nyinaa! Wɔbɛdane mmaa. Akofena bi bɛsɔre atia nʼademudeɛ! Wɔbɛfom.
חרב אל סוסיו ואל רכבו ואל כל הערב אשר בתוכה--והיו לנשים חרב אל אוצרתיה ובזזו
38 Ɔweɛ wɔ ne nsuo ahodoɔ so! Ɛbɛwewe. Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase, ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.
חרב אל מימיה ויבשו כי ארץ פסלים היא ובאימים יתהללו
39 “Enti ɛserɛ so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ, na ɛhɔ na ɔpatuo bɛtena. Obiara rentena so bio ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.
לכן ישבו ציים את איים וישבו בה בנות יענה ולא תשב עוד לנצח ולא תשכון עד דור ודר
40 Sɛdeɛ Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.
כמהפכת אלהים את סדם ואת עמרה ואת שכניה--נאם יהוה לא ישב שם איש ולא יגור בה בן אדם
41 “Monhwɛ! Akodɔm bi firi atifi fam reba; ɔman kɛseɛ ne ahemfo bebree, wɔrehwanyane wɔn afiri nsase ano.
הנה עם בא מצפון וגוי גדול ומלכים רבים יערו מירכתי ארץ
42 Wɔkurakura bɛmma ne pea; wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ. Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ sa abɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Babilonia.
קשת וכידן יחזיקו אכזרי המה ולא ירחמו--קולם כים יהמה ועל סוסים ירכבו ערוך כאיש למלחמה עליך בת בבל
43 Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm, ne nsa sesa ne ho kwa. Ahohiahia akyekyere no; ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.
שמע מלך בבל את שמעם ורפו ידיו צרה החזיקתהו--חיל כיולדה
44 Sɛdeɛ gyata a ɔfiri Yordan nkyɛkyerɛ mu rekɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Babilonia so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu. Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei? Hwan na ɔte sɛ me, na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?”
הנה כאריה יעלה מגאון הירדן אל נוה איתן--כי ארגעה ארוצם (אריצם) מעליה ומי בחור אליה אפקד כי מי כמוני ומי יועדני ומי זה רעה אשר יעמד לפני
45 Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Babilonia, deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafoɔ asase nie: Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn enti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.
לכן שמעו עצת יהוה אשר יעץ אל בבל ומחשבותיו אשר חשב אל ארץ כשדים אם לא יסחבום צעירי הצאן אם לא ישים עליהם נוה
46 Babilonia nnommumfa nnyegyeeɛ bɛma asase awoso; ne nteateam bɛgyegye wɔ amanaman no mu.
מקול נתפשה בבל נרעשה הארץ וזעקה בגוים נשמע

< Yeremia 50 >