< Yeremia 48 >

1 Asɛm a ɛfa Moab ho no nie: Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no; wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam.
Nea ɛfa Moab ho: Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wobegu Kiriataim anim ase, na wɔafa; wobegu aban dennen no anim ase, na wɔadwiriw agu fam.
2 Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ; ‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom; akofena no bɛtaa mo.
Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehwe ho pɔw; ‘Mommra, momma yɛnkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano ato mu; afoa no bɛtaa mo.
3 Montie osu a ɛfiri Horonaim, adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su.
Muntie osu a efi Horonaim, adesɛe ne ɔsɛe ho su.
4 Wɔbɛbɔ Moab: na ne mma nketewa bɛteateam.
Wɔbɛbɔ Moab: na ne mma nketewa bɛteɛteɛ mu.
5 Wɔforo kɔ Luhit, wɔde agyaadwotwa a emu yɛ den na ɛrekɔ; ɛkwan a ɛkɔ Horonaim so no wɔte ahoyera mu agyaadwotwa wɔ adesɛeɛ no ho.
Wɔforo kɔ Luhit, wɔde agyaadwotwa a mu yɛ den na ɛrekɔ; ɔkwan a ɛkɔ Horonaim so no wɔte ahoyeraw nteɛteɛmu wɔ adesɛe no ho.
6 Monnwane! Montu mmirika mpere mo nkwa. Momfa mo ho nsie sɛ wira wɔ anweatam so.
Munguan! muntu mmirika mpere mo nkwa. Monyɛ sɛ wura wɔ nweatam so.
7 Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti, mo nso wɔbɛfa mo nnommum, na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu, ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ.
Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛe ne mo ahonya so nti, mo nso wɔbɛfa mo nnommum, na Kemos bɛkɔ nnommum mu, ɔne nʼasɔfo ne adwumayɛfo.
8 Ɔsɛefoɔ no bɛtu kuro biara so sa, na emu biara renya ne ho ntete. Wɔbɛsɛe bɔnhwa no na wɔasɛe mmepɔ mpampam a ɛyɛ tamaa no, ɛfiri sɛ Awurade akasa.
Ɔsɛefo no betu kurow biara so sa, na mu biara rennya ne ho ntetew. Wɔbɛsɛe obon no na wasɛe mmepɔw mpampam a ɛyɛ tamaa no, efisɛ Awurade akasa.
9 Momfa nkyene nhyɛ Moab, ɛfiri sɛ wɔrebɛsɛe no; ne nkuro bɛda mpan a obiara rentena soɔ.
Momfa nkyene nhyɛ Moab, efisɛ wɔrebɛsɛe no; ne nkurow bɛda mpan a obiara rentena mu.
10 “Nnome nka deɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho! Nnome nka deɛ ɔmmfa nʼakofena nhwie mogya nguo!
“Nnome nka nea ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho! Nnome nka nea ɔmmfa nʼafoa nhwie mogya ngu!
11 “Moab atena ase asomdwoeɛ mu firi ne mmerante ɛberɛ mu, te sɛ nsã ase puo a ataa dinn a wɔnnhwie mfirii ahina mu nkɔguu ahina foforɔ mu da; saa ara na Moab nso nkɔɔ nnommumfa mu da. Enti ɔte sɛ deɛ ɔte ara, na ne ho hwa nsesa.
“Moab atena ase asomdwoe mu fi ne mmerantebere mu, te sɛ nsa ase puw a ataa dinn, wonnhwie mfi ahina mu nkogu ahina foforo mu, ɔnkɔɔ nnommum mu da. Enti ɔte sɛ nea ɔte ara, na ne ho hua nsakrae ɛ.
12 Nanso, nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛsoma mmarima a wɔhwie nsã firi ahina mu, na wɔbɛhwie no agu; wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee na wɔabobɔ ne nkuruwa.
Nanso nna bi reba,” Awurade na ose, “a mɛsoma mmarima a wohwie fi ahina mu, na wobehwie no agu; wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee na wɔabobɔ ne nkuruwa.
13 Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu, sɛdeɛ Israel efie anim guu ase ɛberɛ a wɔde wɔn ho too Bet-El soɔ no.
Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu, sɛnea Israelfi anim guu ase bere a wɔde wɔn ho too Bet-El so no.
14 “Ɛyɛ dɛn na wotumi ka sɛ, ‘Yɛyɛ nnɔmmarima, mmarima akokoɔdurufoɔ wɔ ɔsa mu’?
“Ɛbɛyɛ dɛn na wutumi ka se, ‘Yɛyɛ dɔmmarima, mmarima akokodurufo wɔ ɔsa mu’?
15 Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkuro so sa; ne mmeranteɛ a wɔte apɔ no, wɔbɛkunkum wɔn,” deɛ Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no seɛ nie.
Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkurow so sa; wobekunkum ne mmerante a wɔte apɔw no,” nea Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no se ni.
16 “Moab asehweɛ abɛn; nʼamanehunu bɛba ntɛm.
“Moab asehwe abɛn; nʼamanehunu bɛba ntɛm.
17 Monsu no, mo a motete ne ho nyinaa, ne mo a monim ne din nyinaa; monka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempoma a ɛyɛ den yi? Ɛyɛɛ dɛn na wɔabu animuonyam poma fɛfɛ yi mu?’
Munsu no, mo a motete ne ho nyinaa, ne mo a munim ne din nyinaa; monka se, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempema a ɛyɛ den yi ɛyɛɛ dɛn wɔabu anuonyam pema fɛfɛ yi mu!’
18 “Firi wʼanimuonyam mu, na bɛtena asase wesee no so, wo a wote Ɔbabaa Dibon mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔsɛe Moab no bɛtu aba wo so; abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ no.
“Fi wʼanuonyam mu, na bɛtena asase wosee no so, wo a wote Dibon Babea, efisɛ nea ɔsɛe Moab no betu aba wo so abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ no.
19 Gyina kwankyɛn na hwɛ, wo a wote Aroer. Bisa ɔbarima a ɔredwane no ne ɔbaa a ɔrefiri mu afi, bisa wɔn sɛ, ‘Asɛm bɛn na asie?’
Gyina kwankyɛn na hwɛ, wo a wote Aroer. Bisa ɔbarima a ɔreguan no ne ɔbea a ɔrefi mu afi, bisa wɔn se, ‘Asɛm bɛn na asi?’
20 Moab anim agu ase, ɛfiri sɛ wɔabubu no pasaa; montwa adwo na monteateam! Mommɔ dawuro wɔ Arnon ho sɛ wɔasɛe Moab.
Moab anim agu ase, efisɛ wɔabubu no pasaa; muntwa adwo na monteɛteɛ mu! Mommɔ dawuru wɔ Arnon ho se wɔasɛe Moab.
21 Atemmuo aba bepɔ tamaa so wɔ Holon, Yahas ne Mefaat,
Atemmu aba bepɔw tamaa so wɔ Holon, Yahas ne Mefaat,
22 Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim
Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim
23 ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon
ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon
24 ne Keriot ne Bosra wɔ Moab nkuro nyinaa, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn.
ne Keriot ne Bosra wɔ Moab nkurow nyinaa, nea ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn.
25 Wɔatwa Moab abɛn; na ne basa abu,” Awurade na ɔseɛ.
Wɔatwa Moab mmɛn; na ne basa abu,” Awurade na ose.
26 “Momma no mmoro nsã, ɛfiri sɛ wabu Awurade animtia. Momma Moab nyantam wɔ ne feɛ mu; momma no nyɛ fɛdideɛ.
“Momma no mmow nsa, efisɛ wabu Awurade animtiaa. Momma Moab nyantam wɔ ne fe mu; momma no nyɛ nea wodi ne ho fɛw.
27 Ɛnyɛ Israel na na ɔyɛ mo fɛdideɛ? Wɔkyeree no akorɔmfoɔ mu anaa, a enti mowoso mo ti animtiabuo so ɛberɛ biara a mobɛka ne ho asɛm?
Ɛnyɛ Israel na na wudi ne ho fɛw? Wɔkyeree no akorɔmfo mu ana, a enti mowosow mo ti animtiaabu so bere biara a mobɛka ne ho asɛm?
28 Monfifiri mo nkuro so nkɔtena abotan mu, mo a motete Moab. Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuo wɔ ɔbodan ano.
Mumfifi mo nkurow so nkɔtena abotan mu, mo a motete Moab. Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne berebuw wɔ ɔbodan ano.
29 “Yɛate Moab ahantan no nʼahomasoɔ ne gye a ɔgye ne ho di mmorosoɔ; nʼahantan ne nʼahomasoɔ, ne nʼakoma mu ahohoahoa.
“Yɛate Moab ahantan no nʼahomaso ne gye a ogye ne ho di mmoroso; nʼahantan ne nʼahomaso, ne ne koma mu ahohoahoa.
30 Menim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,” Awurade na ɔseɛ, “na nʼahohoahoa mfa hwee mma.
Minim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,” Awurade na ose, “na nʼahohoahoa mfa hwee mma.
31 Enti metwa adwo ma Moab, mesu team ma Moabfoɔ nyinaa, medi awerɛhoɔ ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.
Enti mitwa adwo ma Moab, misu teɛ mu ma Moabfo nyinaa, midi awerɛhow ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.
32 Mesu ma mo sɛdeɛ Yaser su, Ao Sibma bobe. Mo mman dendane kɔɔ ɛpo ho pɛɛ; kɔduruu Yaser ɛpo ho. Ɔsɛefoɔ no abɛgu mo nnuaba a abereɛ ne mo bobe no so.
Misu ma mo sɛnea Yaser su, mo Sibma bobe. Mo mman dennan kɔɔ po ho pɛɛ; koduu Yaser po ho. Ɔsɛefo no abegu mo nnuaba a abere ne mo bobe no so.
33 Ahosɛpɛ ne anigyeɛ atu afiri Moab nnuaba nturo ne mfuo so. Matwa nsã a ɛtene firi nsakyimena no so; obiara mmfa ahosɛpɛ ntiatia bobe no so. Ɛwom sɛ nteateam wɔ hɔ deɛ, nanso ɛnyɛ ahosɛpɛ nteateam.
Ahosɛpɛw ne anigye atu afi Moab nnuaba nturo ne mfuw so. Matwa nsa a ɛteɛ fi nsakyiamoa no so; obiara mmfa ahosɛpɛw ntiatia bobe no so. Ɛwɔ mu nteɛteɛmu wɔ hɔ de, nanso ɛnyɛ ahosɛpɛw nteɛteɛmu.
34 “Wɔn su ano den gyegye firi Hesbon de kɔsi Eleale ne Yahas, firi Soar de kɔsi Horonaim ne Eglat Selisiya. Mpo, nsuo a ɛwɔ Nimrim no awe.
“Wɔn su ano den gyigye fi Hesbon kɔ Eleale ne Yahas, fi Soar de kosi Horonaim ne Eglat Selisiya, mpo, nsu a ɛwɔ Nimrim no ayow.
35 Moab hɔ no, mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhwam a wɔhye ma wɔn anyame no bɛba awieeɛ,” Awurade na ɔseɛ.
Moab mu, mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhuam a wɔhyew ma wɔn anyame no, bɛba awiei,” Awurade, na ose.
36 “Enti mʼakoma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab; esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset. Ahonyadeɛ a wɔpɛeɛ no kɔ.
“Enti me koma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab; esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset. Ahonyade a wɔpɛe no kɔ.
37 Wɔabɔ etire biara tikwa na wɔayi abɔgyesɛ biara; nsa nyinaa ho ayɛ akamakam na ayitoma sisi obiara asene.
Wɔabɔ eti biara tikwaw na wɔayi abogyesɛ biara; nsa nyinaa ho ayɛ akamakam na atweaatam sisi obiara asen.
38 Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi ne ɔmanfoɔ adwaberem nyinaa, biribiara nni hɔ sɛ awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ mabubu Moab ayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,” Awurade na ɔseɛ.
Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi ne ɔmanfo aguabɔbea nyinaa; biribiara nni hɔ sɛ awerɛhow, efisɛ mabubu Moab ayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,” Awurade na ose.
39 “Hwɛ sɛdeɛ wabubuo afa! Hwɛ sɛdeɛ wɔretwa adwoɔ! Na hwɛ sɛdeɛ Moab de aniwuo dane nʼakyi! Moab ayɛ fɛdideɛ ne ahodwiredeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.”
“Hwɛ sɛnea wabubu afa! Hwɛ sɛnea wɔretwa adwo! Na hwɛ sɛnea Moab de aniwu dan nʼakyi! Moab ayɛ nea wodi ne ho fɛw, ne ahodwiriwde ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.”
40 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ reto hoo aba fam. Watrɛ ne ntaban mu wɔ Moab so.
Sɛɛ na Awurade se: “Monhwɛ! ɔkɔre rebɔ hoo aba fam. Watrɛw ne ntaban mu wɔ Moab so.
41 Wɔbɛfa Keriot nnommum na wafa nʼaban denden no. Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.
Wɔbɛfa Keriot nnommum na wɔafa nʼabandennen no. Saa da no Moab dɔmmarima koma betu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.
42 Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, ɛfiri sɛ, ɔbuu Awurade animtia.
Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, efisɛ obuu Awurade animtiaa.
43 Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo, Ao Moabfoɔ,” Awurade na ɔseɛ.
Ehu, nkonomoa ne afiri retwɛn mo, Moabfo,” Awurade na ose.
44 “Deɛ ɔdwane deɛ ɛyɛ hu no bɛtɔ nkomena mu, deɛ ɔbɛforo afiri nkomena no mu no, afidie bɛyi no; na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,” Awurade na ɔseɛ.
“Nea oguan nea ɛyɛ hu no bɛtɔ nkonomoa mu, nea ɔbɛforo afi nkonomoa no mu no afide beyi no; na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,” Awurade na ose.
45 “Hesbon nwunu ase na adwanefoɔ no gyinagyina a wɔnni mmoa biara, ɛfiri sɛ ogya bi atu afiri Hesbon; ɛgyadɛreɛ bi firi Sihon mfimfini; ɛhye Moabfoɔ moma, ne ahohoahoafoɔ a wɔn ano yɛ den no ti kwankoraa.
“Hesbon nwini ase na aguanfo no gyinagyina a wonni mmoa biara, efisɛ ogya bi atu afi Hesbon; ogyaframa bi fi Sihon mfimfini; ɛhyew Moab moma, ne ahohoahoafo a wɔn ano yɛ den no ti koraa.
46 Nnome nka wo Ao, Moab! Wɔasɛe Kemos nkurɔfoɔ no; wɔde wo mmammarima kɔ nnommumfa mu na wo mmammaa nso kɔ nkoasom mu.
Nnome nka wo, wo Moab! Wɔasɛe Kemos nkurɔfo no; wɔde wo mmabarima kɔ nnommum mu na wo mmabea nso kɔ nkoasom mu.
47 “Nanso mede Moab adenya bɛsane ama no wɔ nna a ɛbɛba no mu,” Awurade na ɔseɛ. Moab atemmuo no awieeɛ nie.
“Nanso mede Moab adenya bɛsan ama no wɔ nna a ɛbɛba no mu,” Awurade na ose. Moab atemmu no awiei ni.

< Yeremia 48 >