< Yeremia 47 >

1 Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:
PALABRA de Jehová que fué á Jeremías profeta acerca de los Palestinos, antes que Faraón hiriese á Gaza.
2 Sei na Awurade seɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam; ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so, nkuro no ne nnipa a wɔtete mu. Nnipa no bɛteateam; wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo
Así ha dicho Jehová: He aquí que suben aguas del aquilón, y tornaránse en torrente, é inundarán la tierra y su plenitud, ciudades y moradores de ellas; y los hombres clamarán, y aullará todo morador de la tierra.
3 ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ, na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ. Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma; wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
Por el sonido de las uñas de sus fuertes, por el alboroto de sus carros, por el estruendo de sus ruedas, los padres no miraron á los hijos por la flaqueza de las manos;
4 Na ɛda no aba sɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no, nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.
A causa del día que viene para destrucción de todos los Palestinos, para talar á Tiro, y á Sidón, á todo ayudador que quedó vivo: porque Jehová destruirá á los Palestinos, al resto de la isla de Caphtor.
5 Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo; wɔbɛma Askelon atɔre mum. Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so, mobɛsu akɔsi da bɛn?
Sobre Gaza vino mesadura, Ascalón fué cortada, y el resto de su valle: ¿hasta cuándo te arañarás?
6 “Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena, da bɛn na wobɛhome? Sane kɔhyɛ wo bɔha mu; gyae na da dinn.’
Oh espada de Jehová, ¿hasta cuándo no reposarás? Métete en tu vaina, reposa y sosiega.
7 Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinn ɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛ ɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”
¿Cómo reposarás? pues que Jehová lo ha enviado contra Ascalón, y á la ribera de la mar, allí lo puso.

< Yeremia 47 >