< Yeremia 46 >

1 Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.
This is the word of the LORD about the nations—the word that came to Jeremiah the prophet
2 Deɛ ɛfa Misraim ho no nie: Yei ne nsɛm a ɛtia Misraimhene Farao Neko akodɔm a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan no:
concerning Egypt and the army of Pharaoh Neco king of Egypt, which was defeated at Carchemish on the Euphrates River by Nebuchadnezzar king of Babylon in the fourth year of Jehoiakim the son of Josiah king of Judah:
3 “Siesie wʼakokyɛm, akɛseɛ ne nketewa nyinaa, na montu ntene nkɔ ɔsa!
“Deploy your shields, small and large; advance for battle!
4 Monsiesie apɔnkɔ no, na momforo ntenatena wɔn so. Monyinagyina mo afa a mo dadeɛ kyɛ hyehyɛ mo! Monse mo mpea ano, na monhyɛ mo nkataboɔ.
Harness the horses; mount the steeds; take your positions with helmets on! Polish your spears; put on armor!
5 Ɛdeɛn na mehunu? Wɔabɔ hu, wɔresane wɔn akyi, wɔn nnɔmmarima adi nkoguo. Wɔdwane ntɛm so a wɔnnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ɔseɛ.
Why am I seeing this? They are terrified, they are retreating; their warriors are defeated, they flee in haste without looking back; terror is on every side!”
6 Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane, na ɔhoɔdenfoɔ nso saa ara. Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho wɔsuntisunti na wɔhwehwe ase.
“The swift cannot flee, and the warrior cannot escape! In the north by the River Euphrates they stumble and fall.
7 “Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi?
Who is this, rising like the Nile, like rivers whose waters churn?
8 Misraim ma ne homene so sɛ Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ. Ɔka sɛ, ‘Mɛsɔre akata asase no so; mɛsɛe nkuropɔn ne emu nnipa.’
Egypt rises like the Nile, and its waters churn like rivers, boasting, ‘I will rise and cover the earth; I will destroy the cities and their people.’
9 Monkɔ mo anim, apɔnkɔ! Monka wɔn anibereɛ so, Ao teaseɛnamkafoɔ! Montu ntene, Ao nnɔmmarima, Kus ne Put mmarimma a mokura akokyɛm, Lidia mmarima a moto agyan.
Advance, O horses! Race furiously, O chariots! Let the warriors come forth— Cush and Put carrying their shields, men of Lydia drawing the bow.
10 Nanso, ɛda no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea, aweretɔ da, nʼatamfoɔ so aweretɔ. Akofena bɛkunkum akɔsi sɛ ɔbɛmee, akɔsi ɛberɛ a ɔde mogya bɛdwodwo ne sukɔm ano. Ɛfiri sɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔdeɛ wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so.
For that day belongs to the Lord GOD of Hosts, a day of vengeance against His foes. The sword will devour until it is satisfied, until it is quenched with their blood. For the Lord GOD of Hosts will hold a sacrifice in the land of the north by the River Euphrates.
11 “Foro kɔ Gilead kɔgye aduro Ao, Misraim Babaa Babunu. Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa, ayaresa biara nni hɔ ma wo.
Go up to Gilead for balm, O Virgin Daughter of Egypt! In vain you try many remedies, but for you there is no healing.
12 Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ; wʼagyaadwoɔ bɛhyɛ asase so ma. Ɔkofoɔ baako bɛsunti ɔfoforɔ so; na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”
The nations have heard of your shame, and your outcry fills the earth, because warrior stumbles over warrior and both of them have fallen together.”
13 Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so:
This is the word that the LORD spoke to Jeremiah the prophet about the coming of Nebuchadnezzar king of Babylon to strike the land of Egypt:
14 “Mommɔ yei ho dawuro wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol; monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso sɛ, ‘Monnyinagyina na monyɛ krado, ɛfiri sɛ, akofena rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’
“Announce it in Egypt, and proclaim it in Migdol; proclaim it in Memphis and Tahpanhes: ‘Take your positions and prepare yourself, for the sword devours those around you.’
15 Adɛn enti na mo nnɔmmarima bɛboto sei? Wɔrentumi nnyina, ɛfiri sɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.
Why have your warriors been laid low? They cannot stand, for the LORD has thrust them down.
16 Wɔbɛsuntisunti atoatoa so; wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so. Wɔbɛka sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne baabi a wɔwoo yɛn, na yɛmfiri ɔhyɛsofoɔ no akofena ano.’
They continue to stumble; indeed, they have fallen over one another. They say, ‘Get up! Let us return to our people and to the land of our birth, away from the sword of the oppressor.’
17 Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ, ‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’
There they will cry out: ‘Pharaoh king of Egypt was all noise; he has let the appointed time pass him by.’
18 “Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a ne din ne Asafo Awurade na ɔseɛ, “Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu, anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano.
As surely as I live, declares the King, whose name is the LORD of Hosts, there will come one who is like Tabor among the mountains and like Carmel by the sea.
19 Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa, mo a motete Misraim, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro na ɛbɛda mpan a obiara rentena so.
Pack your bags for exile, O daughter dwelling in Egypt! For Memphis will be laid waste, destroyed and uninhabited.
20 “Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ, nanso kawere bi firi atifi fam reba ne so.
Egypt is a beautiful heifer, but a gadfly from the north is coming against her.
21 Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ. Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom, wɔrentumi nnyina wɔn nan so, ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
Even the mercenaries among her are like fattened calves. They too will turn back; together they will flee, they will not stand their ground, for the day of calamity is coming upon them— the time of their punishment.
22 Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane ɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no; wɔde mmonnua bɛba ne so te sɛ mmarima a wɔbu nnua.
Egypt will hiss like a fleeing serpent, for the enemy will advance in force; with axes they will come against her like woodsmen cutting down trees.
23 Wɔbɛsɛe ne kwaeɛ,” Awurade na ɔseɛ, “sɛdeɛ ayɛ kusuu yi mpo. Wɔdɔɔso bebree sene ntutummɛ, na wɔrentumi nkane wɔn.
They will chop down her forest, declares the LORD, dense though it may be, for they are more numerous than locusts; they cannot be counted.
24 Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase, wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”
The Daughter of Egypt will be put to shame; she will be delivered into the hands of the people of the north.”
25 Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka sɛ, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao soɔ no so.
The LORD of Hosts, the God of Israel, says: “Behold, I am about to punish Amon god of Thebes, along with Pharaoh, Egypt with her gods and kings, and those who trust in Pharaoh.
26 Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ.
I will deliver them into the hands of those who seek their lives—of Nebuchadnezzar king of Babylon and his officers. But after this, Egypt will be inhabited as in days of old, declares the LORD.
27 “Nsuro, Ao Yakob me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel. Ampa ara mɛgye wo afiri beaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ, na obiara renhunahuna no.
But you, O Jacob My servant, do not be afraid, and do not be dismayed, O Israel. For I will surely save you out of a distant place, your descendants from the land of their captivity! Jacob will return to quiet and ease, with no one to make him afraid.
28 Nsuro, Ao, Yakob me ɔsomfoɔ; na me ne wɔ hɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛwom sɛ mesɛe aman no nyinaa koraa, aman a mehwetee mo kɔɔ so no deɛ, nanso merensɛe mo korakora. Mede tenenee nko ara na ɛbɛtenetene mo so; meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”
And you, My servant Jacob, do not be afraid, declares the LORD, for I am with you. Though I will completely destroy all the nations to which I have banished you, I will not completely destroy you. Yet I will discipline you justly, and will by no means leave you unpunished.”

< Yeremia 46 >