< Yeremia 45 >
1 Yei ne nsɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan so mu, ɛberɛ a na Baruk atwerɛ nsɛm a ɛfiri Yeremia anom no agu nwoma mmobɔeɛ bi mu.
The word that Jeremiah the prophet spoke to Baruch the son of Nerijah, when he wrote these words in a book at the mouth of Jeremiah, in the fourth year of Jehoiakim the son of Josiah, the king of Judah, saying,
2 “Baruk, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka kyerɛ wo:
Thus saith Jehovah, the God of Israel, concerning thee, Baruch:
3 Wokaa sɛ, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhoɔ aka me yeadie ho, na apinisie ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’
Thou didst say, Woe unto me! for Jehovah hath added grief to my sorrow; I am weary with my sighing, and I find no rest.
4 Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsɛe deɛ makyekyereɛ na matu deɛ medua no ase wɔ asase no so nyinaa.
Thus shalt thou say unto him, Thus saith Jehovah: Behold, what I have built do I overthrow, and what I have planted I pluck up, even this whole land.
5 Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛseɛ ma wo ho anaa? Ɛnyɛ saa. Ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ɔseɛ, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’”
And seekest thou great things for thyself? seek [them] not; for behold, I will bring evil upon all flesh, saith Jehovah; but thy life will I give unto thee for a prey in all places whither thou shalt go.