< Yeremia 44 >

1 Saa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn. Ɛfa Yudafoɔ a wɔtete Misraim anafoɔ fam wɔ Migdol, Tapanhes, Memfis ne Misraim atifi fam ho.
有临到耶利米的话,论及一切住在埃及地的犹大人,就是住在密夺、答比匿、挪弗、巴忒罗境内的犹大人,说:
2 “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mohunuu amanehunu kɛseɛ a mede baa Yerusalem ne Yuda nkuro nyinaa so. Ɛnnɛ wɔayeyɛ amanfo na wɔasɛe
“万军之耶和华—以色列的 神如此说:我所降与耶路撒冷和犹大各城的一切灾祸你们都看见了。那些城邑今日荒凉,无人居住;
3 ɛsiane bɔne a wɔayɛ no enti. Wɔhyee nnuhwam, somm anyame foforɔ a wɔn anaa mo anaa mo agyanom nnim wɔn de hyɛɛ me abufuo.
这是因居民所行的恶,去烧香事奉别神,就是他们和你们,并你们列祖所不认识的神,惹我发怒。
4 Mpɛn bebree mesomaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkaa sɛ, ‘Monnyɛ saa atantanneɛ a mekyiri no!’
我从早起来差遣我的仆人众先知去说,你们切不要行我所厌恶这可憎之事。
5 Nanso wɔantie. Wɔamfa anyɛ asɛm, na wɔannane amfiri wɔn amumuyɛsɛm ho na wɔannyae hye a wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ no.
他们却不听从,不侧耳而听,不转离恶事,仍向别神烧香。
6 Enti, mehwiee mʼabufuo guiɛ na ɛdɛre kɔɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so, ma ɛsɛɛsɛeɛ na ɛdedaa mpan sɛdeɛ ɛteɛ ɛnnɛ yi.
因此,我的怒气和忿怒都倒出来,在犹大城邑中和耶路撒冷的街市上,如火着起,以致都荒废凄凉,正如今日一样。
7 “Na seesei, deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na mode amanehunu kɛseɛ aba mo ho so, sɛ moyii mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mmotafowa firii Yuda a moangya nkaeɛfoɔ biara amma mo ho.
现在耶和华—万军之 神、以色列的 神如此说:你们为何作这大恶自害己命,使你们的男人、妇女、婴孩,和吃奶的都从犹大中剪除、不留一人呢?
8 Adɛn enti na mode deɛ mo nsa ayɛ hyɛ me abufuo, na mohye nnuhwam ma anyame foforɔ wɔ Misraim, baabi a moabɛtena hɔ? Mobɛsɛe mo ho, na moayɛ nnomedeɛ ne nsopa wɔ asase so amanaman nyinaa mu.
就是因你们手所做的,在所去寄居的埃及地向别神烧香惹我发怒,使你们被剪除,在天下万国中令人咒诅羞辱。
9 Mo werɛ afiri amumuyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemaa yɛeɛ, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔntene so no anaa?
你们列祖的恶行,犹大列王和他们后妃的恶行,你们自己和你们妻子的恶行,就是在犹大地、耶路撒冷街上所行的,你们都忘了吗?
10 Ɛbɛsi ɛnnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa anidie adi na wɔnnii me mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa mo ne mo agyanom no so.
到如今还没有懊悔,没有惧怕,没有遵行我在你们和你们列祖面前所设立的法度律例。
11 “Enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Masi mʼadwene pi sɛ mede amanehunu bɛba mo so na masɛe Yuda nyinaa.
“所以万军之耶和华—以色列的 神如此说:我必向你们变脸降灾,以致剪除犹大众人。
12 Mɛfa Yuda nkaeɛfoɔ a wɔsii wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no. Wɔn nyinaa bɛwuwu wɔ Misraim; wɔbɛtotɔ akofena ano anaa ɛkɔm bɛkum wɔn. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, akofena ne ɛkɔm bɛkunkum wɔn. Wɔbɛyɛ nnomedeɛ, ahodwiredeɛ, afɔbudeɛ ne ahohora.
那定意进入埃及地、在那里寄居的,就是所剩下的犹大人,我必使他们尽都灭绝,必在埃及地仆倒,必因刀剑饥荒灭绝;从最小的到至大的都必遭刀剑饥荒而死,以致令人辱骂、惊骇、咒诅、羞辱。
13 Mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe wɔn a wɔtete Misraim aso, sɛdeɛ metwee Yerusalem aso no.
我怎样用刀剑、饥荒、瘟疫刑罚耶路撒冷,也必照样刑罚那些住在埃及地的犹大人;
14 Yuda nkaeɛfoɔ a wɔakɔtena Misraim no mu biara rennwane, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasane aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsane bɛtena so no; wɔn mu biara remma bio, gye sɛ adwanefoɔ kakraa bi.”
甚至那进入埃及地寄居的,就是所剩下的犹大人,都不得逃脱,也不得存留归回犹大地。他们心中甚想归回居住之地;除了逃脱的以外,一个都不能归回。”
15 Afei, mmarima a na wɔnim sɛ wɔn yerenom hye nnuhwam ma anyame foforɔ, wɔne mmaa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ne nnipa a wɔwɔ Misraim Atifi fam ne Anafoɔ fam ka kyerɛɛ Yeremia sɛ,
那些住在埃及地巴忒罗知道自己妻子向别神烧香的,与旁边站立的众妇女,聚集成群,回答耶利米说:
16 “Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Awurade din mu no!
“论到你奉耶和华的名向我们所说的话,我们必不听从。
17 Ampa ara yɛbɛyɛ biribiara a yɛkaa sɛ yɛbɛyɛ: Yɛbɛhye nnuhwam ama Ɔsoro Hemmaa na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛ ne yɛn agyanom, ahemfo ne adwumayɛfoɔ yɛɛ wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so pɛpɛɛpɛ. Saa ɛberɛ no na yɛwɔ aduane, na yɛdi yie a yɛnni ɔhaw biara nso.
我们定要成就我们口中所出的一切话,向天后烧香、浇奠祭,按着我们与我们列祖、君王、首领在犹大的城邑中和耶路撒冷的街市上素常所行的一样;因为那时我们吃饱饭、享福乐,并不见灾祸。
18 Nanso ɛfiri ɛberɛ a yɛgyaee nnuhwam a yɛhye ma Ɔsoro Hemmaa, na yɛgyaee ahwiesa a yɛde ma no no, biribiara abɔ yɛn na yɛrewuwu wɔ akofena ne ɛkɔm ano.”
自从我们停止向天后烧香、浇奠祭,我们倒缺乏一切,又因刀剑饥荒灭绝。”
19 Na mmaa no nso ka kaa ho sɛ, “Ɛberɛ a yɛhyee nnuhwam maa Ɔsoro Hemmaa na yɛhwiee ahwiesa maa no no, na yɛn kununom nnim sɛ yɛto ɔfam a ɛyɛ ne sɛso, hwie ahwiesa ma no anaa?”
妇女说:“我们向天后烧香、浇奠祭,做天后像的饼供奉她,向她浇奠祭,是外乎我们的丈夫吗?”
20 Na Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa, mmarima ne mmaa a wɔrebua noɔ no sɛ,
耶利米对一切那样回答他的男人妇女说:
21 “Mosusu sɛ, Awurade nnim sɛ na mo ne mo agyanom, mo ahemfo, adwumayɛfoɔ ne ɔmanfoɔ no hye nnuhwam ma ahoni wɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem mmɔntene so anaa?
“你们与你们列祖、君王、首领,并国内的百姓,在犹大城邑中和耶路撒冷街市上所烧的香,耶和华岂不记念,心中岂不思想吗?
22 Ɛberɛ a mo amumuyɛ ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no fonoo Awurade no, mo asase danee nnomedeɛ ne amanfo a obiara nte so, sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.
耶和华因你们所作的恶、所行可憎的事,不能再容忍,所以你们的地荒凉,令人惊骇咒诅,无人居住,正如今日一样。
23 Esiane sɛ moahye nnuhwam, ayɛ bɔne atia Awurade, na moannyɛ ɔsetie amma no, na moanni ne mmara, nʼahyɛdeɛ ne nʼadansesɛm soɔ enti, amanehunu aba mo so sɛdeɛ mohunu yi.”
你们烧香,得罪耶和华,没有听从他的话,没有遵行他的律法、条例、法度,所以你们遭遇这灾祸,正如今日一样。”
24 Afei, Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa a mmaa no ka ho sɛ, “Mo Yudafoɔ a mowɔ Misraim nyinaa montie Awurade asɛm.
耶利米又对众民和众妇女说:“你们在埃及地的一切犹大人当听耶和华的话。
25 Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mo ne mo yerenom de mo nneyɛɛ akyerɛ mo bɔ a mohyɛɛ sɛ, ‘Ampa ara yɛbɛdi ɛbɔ a yɛhyɛɛ sɛ, yɛbɛhye nnuhwam ahwie ahwiesa ama Ɔsoro Hemmaa no, no so.’ “Monkɔ so, monni mo bɔhyɛ ne mo ntam so!
万军之耶和华—以色列的 神如此说:你们和你们的妻都口中说、手里做,说:‘我们定要偿还所许的愿,向天后烧香、浇奠祭。’现在你们只管坚定所许的愿而偿还吧!
26 Nanso, montie Awurade asɛm, mo Yudafoɔ a mowɔ Misraim nyinaa. ‘Mede me din kɛseɛ no ka ntam sɛ,’ deɛ Awurade seɛ nie, ‘obiara a ɔfiri Yuda a ɔte Misraim asase so baabiara remmɔ me din nka ntam bio da sɛ, “Sɛ Otumfoɔ Awurade te ase yi.”
所以你们住在埃及地的一切犹大人当听耶和华的话。耶和华说:我指着我的大名起誓,在埃及全地,我的名不再被犹大一个人的口称呼说:‘我指着主—永生的耶和华起誓。’
27 Na mɛhwɛ ama wɔahunu amane na ɛnyɛ yiedie; Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim bɛwuwu wɔ akofena ne ɛkɔm ano kɔsi sɛ wɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
我向他们留意降祸不降福;在埃及地的一切犹大人必因刀剑、饥荒所灭,直到灭尽。
28 Wɔn a wɔbɛdwane afiri akofena ano na wasane afiri Misraim akɔ Yuda asase so no bɛyɛ kakraa bi. Afei Yuda nkaeɛfoɔ a wɔbɛtenaa Misraim no nyinaa bɛhunu deɛ nʼasɛm yɛ nokorɛ; me deɛ anaa wɔn deɛ.
脱离刀剑、从埃及地归回犹大地的人数很少;那进入埃及地要在那里寄居的,就是所剩下的犹大人,必知道是谁的话立得住,是我的话呢?是他们的话呢?
29 “‘Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha, na mo ahunu sɛ ampa ara mʼahunahuna a ɛfa ɔhaw ho no bɛba mu,’ Awurade na ɔseɛ.
耶和华说:我在这地方刑罚你们,必有预兆,使你们知道我降祸与你们的话必要立得住。
30 ‘Mede Misraimhene Farao Hofra rebɛhyɛ nʼatamfoɔ a wɔpɛ sɛ wɔkum no no nsa, sɛdeɛ mede Yudahene Sedekia hyɛɛ Babiloniahene Nebukadnessar, ne ɔtamfoɔ a na ɔrepɛ no akum no no nsa. Yei ne deɛ Awurade seɛ.’”
耶和华如此说:我必将埃及王法老合弗拉交在他仇敌和寻索其命的人手中,像我将犹大王西底家交在他仇敌和寻索其命的巴比伦王尼布甲尼撒手中一样。”

< Yeremia 44 >