< Yeremia 42 >

1 Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho ne nnipa no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so kɔɔ
Then all the captains of the forces, and Johanan, the son of Kareah, and Jezaniah, the son of Hoshaiah, and all the people from the least to the greatest, came near,
2 odiyifoɔ Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade wo Onyankopɔn mpaeɛ ma saa nkaeɛfoɔ yi nyinaa. Sɛdeɛ wohunu no, kane no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi.
And said to Jeremiah the prophet, Let our request come before you, and make prayer for us to the Lord your God, even for this small band of us; for we are only a small band out of what was a great number, as your eyes may see:
3 Bɔ mpaeɛ sɛdeɛ Awurade wo Onyankopɔn bɛkyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
That the Lord your God may make clear to us the way in which we are to go and what we are to do.
4 Yeremia buaa wɔn sɛ, “Mate mo asɛm no, na ɛkwan biara so mɛbɔ Awurade mo Onyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ mo asrɛ no; mɛka deɛ Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo.”
Then Jeremiah the prophet said to them, I have given ear to you; see, I will make prayer to the Lord your God, as you have said; and it will be that, whatever the Lord may say in answer to you, I will give you word of it, keeping nothing back.
5 Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Sɛ yɛanyɛ deɛ Awurade wo Onyankopɔn soma wo sɛ ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ntia yɛn.
Then they said to Jeremiah, May the Lord be a true witness against us in good faith, if we do not do everything which the Lord your God sends you to say to us.
6 Sɛ yɛpɛ o, sɛ yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ ɔsetie ama Awurade yɛn Onyankopɔn a yɛresoma wo wɔ ne nkyɛn no, sɛdeɛ ɛbɛsi yɛn yie, na yɛbɛdi Awurade yɛn Onyankopɔn asɛm so.”
If it is good or if it is evil, we will be guided by the voice of the Lord our God, to whom we are sending you; so that it may be well for us when we give ear to the voice of the Lord our God.
7 Dadu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia hɔ.
And it came about that after ten days the word of the Lord came to Jeremiah.
8 Enti, ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.
And he sent for Johanan, the son of Kareah, and all the captains of the forces who were still with him, and all the people, from the least to the greatest,
9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no seɛ:
And said to them, These are the words of the Lord, the God of Israel, to whom you sent me to put your request before him:
10 ‘Sɛ motena asase yi so a, mɛsiesie mo na merensɛe mo, mɛdua mo na merentu mo ase, ɛfiri sɛ me werɛ aho wɔ amanehunu a mama aba mo so no ho.
If you still go on living in the land, then I will go on building you up and not pulling you down, planting you and not uprooting you: for my purpose of doing evil to you has been changed.
11 Monnsuro Babiloniahene a seesei mosuro noɔ no. Monnsuro no, Awurade na ɔseɛ, ɛfiri sɛ, me ne mo wɔ hɔ, mɛgye mo, na mayi mo afiri ne tumi ase.
Have no fear of the king of Babylon, of whom you are now in fear; have no fear of him, says the Lord: for I am with you to keep you safe and to give you salvation from his hands.
12 Mɛhu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asane aba mo asase so.’
And I will have mercy on you, so that he may have mercy on you and let you go back to your land.
13 “Nanso sɛ moka sɛ, ‘Yɛrentena saa asase yi so,’ na ne saa enti moanyɛ ɔsetie amma Awurade mo Onyankopɔn,
But if you say, We have no desire to go on living in this land; and do not give ear to the voice of the Lord your God,
14 na moka sɛ, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, baabi a yɛrenhunu ɔko, na yɛrente totorobɛnto nnyegyeeɛ na aduanekɔm nne yɛn a,’
Saying, No, but we will go into the land of Egypt, where we will not see war, or be hearing the sound of the horn, or be in need of food; there we will make our living-place;
15 ɛnneɛ tie Awurade asɛm, Ao Yuda nkaeɛfoɔ. Yei ne deɛ Asafo Awurade Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Sɛ moayɛ mo adwene sɛ mobɛkɔ akɔtena Misraim, na sɛ monya kɔtena hɔ a,
Then give ear now to the word of the Lord, O you last of Judah: the Lord of armies, the God of Israel, has said, If your minds are fixed on going into Egypt and stopping there;
16 ɛnneɛ akofena a mosuro no bɛto mo wɔ hɔ na ɛkɔm a mo akoma tu wɔ ho no bɛdi mo akyi akɔ Misraim, na ɛhɔ na mobɛwuwu.
Then it will come about that the sword, which is the cause of your fear, will overtake you there in the land of Egypt, and need of food, which you are fearing, will go after you there in Egypt; and there death will come to you.
17 Nokorɛm, wɔn a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no bɛwuwu wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako mpo renka anaa ɔrennwane mfiri amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.’
Such will be the fate of all the men whose minds are fixed on going into Egypt and stopping there; they will come to their end by the sword, by being short of food, and by disease: not one of them will keep his life or get away from the evil which I will send on them.
18 Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem soɔ no, saa ara na sɛ mokɔ Misraim a, mʼabufuhyeɛ bɛhwie agu mo so. Mobɛyɛ nnomedeɛ, ahodwiredeɛ, afɔbuo ne ahohora; morenhunu saa beaeɛ yi bio.’
For this is what the Lord of armies, the God of Israel, has said: As my wrath and passion have been let loose on the people of Jerusalem, so will my passion be let loose on you when you go into Egypt: and you will become an oath and a cause of wonder and a curse and a name of shame; and you will never see this place again.
19 “Ao Yuda nkaeɛfoɔ, Awurade aka akyerɛ mo sɛ, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mfiri. Ɛnnɛ merebɔ mo kɔkɔ
The Lord has said about you, O last of Judah, Go not into Egypt: be certain that I have given witness to you this day.
20 sɛ moyɛɛ mfomsoɔ a ɛyɛ hu yie ɛberɛ a mosomaa me kɔɔ Awurade mo Onyankopɔn hɔ, na mokaa sɛ, ‘Bɔ Awurade yɛn Onyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na ka deɛ ɔka biara kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ,’ no.
For you have been acting with deceit in your hearts; for you sent me to the Lord your God, saying, Make prayer for us to the Lord our God, and give us word of everything he may say, and we will do it.
21 Ɛnnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ ɔsetie mmaa Awurade mo Onyankopɔn ara wɔ biribiara a ɔhyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no ho.
And this day I have made it clear to you, and you have not given ear to the voice of the Lord your God in anything for which he has sent me to you.
22 Enti, afei mommma mo werɛ mfiri sɛ mobɛwuwu wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ no.”
And now be certain that you will come to your end by the sword and by being short of food and by disease, in the place to which you are pleased to go for a living-place.

< Yeremia 42 >