< Yeremia 41 >

1 Ɔbosome a ɛtɔ so nson mu no, Elisama babarima Netania babarima Ismael a ɔyɛ ɔdehyeɛ a na anka ɔyɛ ɔhene adwumayɛfoɔ no mu baako no ne mmarima edu baa Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Ɛberɛ a wɔn nyinaa gu so redidi no,
Now it came to pass in the seventh month, that Ishmael the son of Nethaniah, the son of Elishama, of the seed royal, and one of the chief officers of the king, and ten men with him, came unto Gedaliah the son of Ahikam to Mizpah; and there they did eat bread together in Mizpah.
2 Netania babarima Ismael ne ne mmarima edu no a wɔka ne ho no sɔreeɛ na wɔde akofena wɔɔ Ahikam babarima Gedalia, a ɔyɛ Safan nana nso no kumm no. Na ɔyɛ obi a Babiloniahene ayi no sɛ amrado wɔ asase no so.
Then arose Ishmael the son of Nethaniah, and the ten men that were with him, and smote Gedaliah the son of Ahikam the son of Shaphan with the sword, and slew him, whom the king of Babylon had made governor over the land.
3 Ismael kumm Yudafoɔ a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa ne Babilonia asraafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nso.
Ishmael also slew all the Jews that were with him, even with Gedaliah, at Mizpah, and the Chaldeans that were found there, even the men of war.
4 Adeɛ kyeeɛ no, ansa na obiara bɛte Gedalia wuo no,
And it came to pass the second day after he had slain Gedaliah, and no man knew it,
5 mmarima aduɔwɔtwe a wɔawerɛ wɔn bɔgyesɛ, asunsuane wɔn ntadeɛ mu na wɔasesa wɔn honam ani firi Sekem, Silo ne Samaria baeɛ a wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne nnuhwam reba Awurade efie.
that there came certain men from Shechem, from Shiloh, and from Samaria, even fourscore men, having their beards shaven and their clothes rent, and having cut themselves, with meal-offerings and frankincense in their hand to bring them to the house of the LORD.
6 Netania babarima Ismael de agyaadwoɔ firii Mispa kɔhyiaa wɔn. Ɛberɛ a ɔhyiaa wɔn no ɔkaa sɛ, “Mommra Ahikam babarima Gedalia nkyɛn.”
And Ishmael the son of Nethaniah went forth from Mizpah to meet them, weeping all along as he went; and it came to pass, as he met them, he said unto them: 'Come to Gedaliah the son of Ahikam.'
7 Wɔduruu kuropɔn no mu no, Netania babarima Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kumm wɔn na wɔtoo wɔn afunu guu abura bi mu.
And it was so, when they came into the midst of the city, that Ishmael the son of Nethaniah slew them, and cast them into the midst of the pit, he, and the men that were with him.
8 Nanso nnipa no mu edu ka kyerɛɛ Ismael sɛ, “Nkum yɛn! Yɛwɔ ayuo ne atokoɔ, ngo ne ɛwoɔ a yɛde asie wɔ afuo bi mu.” Enti ɔgyaa wɔn na wankum wɔn nso.
But ten men were found among them that said unto Ishmael: 'Slay us not; for we have stores hidden in the field, of wheat, and of barley, and of oil, and of honey.' So he forbore, and slew them not among their brethren.
9 Abura a Ismael too nnipa a ɔkunkumm wɔn no afunu ne Gedalia guu mu no, na ɛyɛ deɛ ɔhene Asa atu sɛ ɔde bɛbɔ ne ho ban atia Israelhene Baasa. Netania babarima Ismael de afunu hyɛɛ no ma.
Now the pit wherein Ishmael cast all the dead bodies of the men whom he had slain by the side of Gedaliah was that which Asa the king had made for fear of Baasa king of Israel; the same Ishmael the son of Nethaniah filled with them that were slain.
10 Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmammaa ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa a Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na ɔsii mu kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.
Then Ishmael carried away captive all the residue of the people that were in Mizpah, even the king's daughters, and all the people that remained in Mizpah, whom Nebuzaradan the captain of the guard had committed to Gedaliah the son of Ahikam; Ishmael the son of Nethaniah carried them away captive, and departed to go over to the children of Ammon.
11 Ɛberɛ a Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa tee awudisɛm a Netania babarima Ismael adie no,
But when Johanan the son of Kareah, and all the captains of the forces that were with him, heard of all the evil that Ishmael the son of Nethaniah had done,
12 wɔfaa wɔn asraafoɔ nyinaa sɛ wɔ ne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtadeɛ kɛseɛ bi a ɛwɔ Gibeon no ho.
then they took all the men, and went to fight with Ishmael the son of Nethaniah, and found him by the great waters that are in Gibeon.
13 Ɛberɛ a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa hunuu Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no, wɔn ani gyeeɛ.
Now it came to pass, that when all the people that were with Ishmael saw Johanan the son of Kareah, and all the captains of the forces that were with him, then they were glad.
14 Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dane kɔɔ Karea babarima Yohanan afa.
So all the people that Ishmael had carried away captive from Mizpah cast about and returned, and went unto Johanan the son of Kareah.
15 Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe dwane firii Yohanan anim kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.
But Ishmael the son of Nethaniah escaped from Johanan with eight men, and went to the children of Ammon.
16 Afei, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no dii Mispa nkaeɛfoɔ a ɔgyee wɔn firii Netania babarima Ismael nsam ɛberɛ a ɔkumm Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafoɔ, mmaa, mmɔfra ne asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ firi Gibeon baeɛ.
Then took Johanan the son of Kareah, and all the captains of the forces that were with him, all the remnant of the people whom he had recovered from Ishmael the son of Nethaniah, from Mizpah, after that he had slain Gedaliah the son of Ahikam, the men, even the men of war, and the women, and the children, and the officers, whom he had brought back from Gibeon;
17 Wɔsii mu sɛ wɔrekɔ Misraim no, wɔsoɛe wɔ Gerut Kimham a ɛbɛn Betlehem.
and they departed, and dwelt in Geruth Chimham, which is by Beth-lehem, to go to enter into Egypt,
18 Na wɔredwane Babiloniafoɔ no. Na wɔsuro Babiloniafoɔ no ɛfiri sɛ na Netania babarima Ismael akum Ahikam babarima Gedalia a Babiloniahene yii no sɛ amrado a ɔhwɛ asase no so no.
because of the Chaldeans; for they were afraid of them, because Ishmael the son of Nethaniah had slain Gedaliah the son of Ahikam, whom the king of Babylon made governor over the land.

< Yeremia 41 >