< Yeremia 35 >
1 Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ɛberɛ a na Yudahene Yosia babarima Yehoiakim di adeɛ no:
The word that came to Jeremiah from Jehovah in the days of Jehoiakim the son of Josiah, the king of Judah, saying,
2 “Kɔ Rekabfoɔ abusua no nkyɛn, na to nsa frɛ wɔn na wɔmmra Awurade efie no mpia baako mu, na ma wɔn nsã nnom.”
Go to the house of the Rechabites, and speak with them, and bring them into the house of Jehovah, into one of the chambers, and give them wine to drink.
3 Enti, mekɔpɛɛ Habasinia babarima Yeremia babarima Yaasania ne ne nuammarima ne ne mmammarima nyinaa, Rekabfoɔ abusuadɔm no.
And I took Jaazaniah the son of Jeremiah, the son of Habazziniah, and his brethren, and all his sons, and the whole house of the Rechabites,
4 Mede wɔn baa Awurade efie, na mede wɔn kɔɔ Onyame onipa Yigdalia babarima Hanan mmammarima dan mu. Ɛno na ɛdi adwumayɛfoɔ dan a ɛsi ɔpono ano hwɛfoɔ Salum babarima Maaseia dan atifi no so.
and I brought them into the house of Jehovah, into the chamber of the sons of Hanan the son of Igdaliah, the man of God, which was by the chamber of the princes, which was above the chamber of Maaseiah the son of Shallum, the keeper of the threshold.
5 Afei mede nkuruwa ne nkora a nsã wɔ mu bɛsisii Rekabfoɔ abusua mma no anim na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnom nsã kakra.”
And I set before the sons of the house of the Rechabites bowls full of wine, and cups, and I said unto them, Drink wine.
6 Nanso wɔbuaa sɛ, “Yɛnnom nsã, ɛfiri sɛ yɛn nana Rekab babarima Yehonadab maa yɛn ɔhyɛ nsɛm yi sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mo anaa mo asefoɔ nom nsã.
And they said, We will drink no wine; for Jonadab the son of Rechab our father commanded us, saying, Ye shall drink no wine, ye nor your sons for ever;
7 Na afei ɛnsɛ sɛ mosisi afie, modua anaa moyɛ bobe nturo, ɛnsɛ sɛ moyɛ yeinom mu biara, na mmom montena ntomadan mu ɛberɛ biara. Ɛno na mo nkwa nna bɛware, wɔ asase a moyɛ atutenafoɔ wɔ so no so.’
neither shall ye build house, nor sow seed, nor plant vineyard, nor shall ye have [any]; but all your days ye shall dwell in tents, that ye may live many days in the land where ye sojourn.
8 Yɛatie biribiara a yɛn nana Rekab babarima Yonadab hyɛɛ yɛn no. Na yɛn, yɛn yerenom, mmammarima ne mmammaa nnom nsã da
And we have hearkened unto the voice of Jonadab the son of Rechab our father in all that he commanded us, to drink no wine all our days, we, our wives, our sons, and our daughters,
9 na yɛnsisii afie ntenaa mu anaa yɛnnyaa bobe nturo anaa mfuo anaa nnɔbaeɛ.
and not to build houses for us to dwell in; neither have we vineyard, nor field, nor seed;
10 Yɛatenatena ntomadan mu, na yɛadi biribiara a yɛn nana Yehonadab hyɛɛ yɛn no so pɛpɛɛpɛ.
but we have dwelt in tents, and have obeyed and done according to all that Jonadab our father commanded us.
11 Nanso, ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar tuu asase yi so sa no, yɛkaa sɛ, ‘Mommra, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yerusalem na yɛdwane firi Babiloniafoɔ ne Aramfoɔ akodɔm anim.’ Ɛno enti yɛaka Yerusalem.”
And it came to pass when Nebuchadrezzar king of Babylon came up into the land, that we said, Come and let us go into Jerusalem because of the army of the Chaldeans, and because of the army of Syria; and we dwell at Jerusalem.
12 Afei, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
And the word of Jehovah came unto Jeremiah, saying,
13 “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ mmarima a wɔwɔ Yuda ne Yerusalemfoɔ sɛ, ‘Morensua biribi na morentie mʼasɛm anaa?’ Awurade na ɔseɛ.
Thus saith Jehovah of hosts, the God of Israel: Go and say to the men of Judah and to the inhabitants of Jerusalem, Will ye not receive instruction to hearken unto my words? saith Jehovah.
14 ‘Rekab ba Yehonadab hyɛɛ ne mmammarima sɛ wɔnnom nsã, na wɔadi saa ɔhyɛ yi so. Ɛbɛsi ɛnnɛ wɔnnom nsã, ɛfiri sɛ wɔdi wɔn agyanom ahyɛdeɛ so. Na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso montiee me.
The words of Jonadab the son of Rechab, that he commanded his sons not to drink wine, are performed; and to this day they have drunk none, for they have obeyed their father's commandment. But I have spoken unto you, rising early and speaking, and ye have not hearkened unto me.
15 Mesomaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ nyinaa baa mo nkyɛn mpɛn bebree. Wɔkaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara sesa firi nʼamumuyɛ akwan ho, na moma mo akwan tene; monni anyame foforɔ akyi na monnsom wɔn. Ɛno na mobɛtena asase a mede ama mo ne mo agyanom yi so.” Nanso mommuaa me na monntiee me.
And I have sent unto you all my servants the prophets, rising early and sending, saying, Return ye now every man from his evil way, and amend your doings, and go not after other gods to serve them; and ye shall dwell in the land that I have given to you and to your fathers: but ye have not inclined your ear nor hearkened unto me.
16 Rekab babarima Yehonadab asefoɔ adi ahyɛdeɛ a wɔn agyanom de maa wɔn no so, nanso saa nnipa yi ntie mʼasɛm.’
Yea, the sons of Jonadab the son of Rechab have performed the commandment of their father which he commanded them, but this people hath not hearkened unto me;
17 “Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Montie! Mede amanehunu biara a mahyɛ ama Yuda ne obiara a ɔte Yerusalem no bɛba wɔn so. Mekasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantie, mefrɛɛ wɔn nanso wɔannye so.’”
therefore thus saith Jehovah the God of hosts, the God of Israel: Behold, I will bring upon Judah and upon all the inhabitants of Jerusalem all the evil that I have pronounced against them, because I have spoken unto them, but they have not hearkened, and I have called unto them, but they have not answered.
18 Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Moayɛ ɔsetie ama mo nana Yehonadab ahyɛdeɛ no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’
And Jeremiah said unto the house of the Rechabites, Thus saith Jehovah of hosts, the God of Israel: Because ye have obeyed the commandment of Jonadab your father, and kept all his injunctions, and have done according unto all that he hath commanded you;
19 Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: ‘Rekab babarima Yehonadab bɛnya ɔbarima a ɔbɛsom me ɛberɛ biara.’”
therefore thus saith Jehovah of hosts, the God of Israel, There shall not fail to Jonadab the son of Rechab a man to stand before me, for ever.