< Yeremia 34 >

1 Ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm ne nʼahennie nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a ɔdi soɔ no mu reko tia Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ,
The word which came to Jeremiah from Jehovah, when Nebuchadnezzar, king of Babylon, and all his army, and all the kingdoms of the earth that were under his dominion, and all the nations, made war against Jerusalem, and against all the cities thereof, saying: —
2 “Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhye no dworobɛɛ.
Thus saith Jehovah, the God of Israel: Go and speak to Zedekiah, the king of Judah, and say to him, Thus saith Jehovah: Behold, I will give this city into the hand of the king of Babylon, and he shall burn it with fire.
3 Worennwane mfiri ne nsam na nokorɛm wɔbɛkyere wo de wo akɔma no. Wo de wʼani bɛhunu Babiloniahene na ɔne wo bɛkasa anim ne anim. Na wobɛkɔ Babilonia.
And thou shalt not escape out of his hand, but shalt surely be taken and delivered into his hand; and thine eyes shall behold the eyes of the king of Babylon, and he shall speak with thee mouth to mouth, and thou shalt go to Babylon.
4 “‘Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Ao, Yudahene Sedekia. Yei ne deɛ Awurade ka fa wo ho: Worenwu wɔ akofena ano;
Yet hear the word of Jehovah, O Zedekiah, king of Judah! Thus saith Jehovah concerning thee: Thou shalt not die by the sword;
5 na wobɛwu asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatanaa de hyɛɛ wʼagyanom animuonyam, ahemfo dada a wɔdii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatanaa ahyɛ wo animuonyam na wɔabɔ bena sɛ, “Ao owura!” Me ankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ɔseɛ.’”
in peace shalt thou die; and according to the burnings of thy fathers, the former kings, who were before thee, so shall they burn for thee; and they shall lament for thee, saying, “Ah, lord!” for I have spoken the word, saith Jehovah.
6 Na odiyifoɔ Yeremia kaa yeinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem,
And Jeremiah the prophet spake all these words to Zedekiah, king of Judah, at Jerusalem.
7 ɛberɛ a Babiloniahene akodɔm reko tia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka a na wɔgu so reko wɔ hɔ. Yei ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ banbɔ.
And the army of the king of Babylon fought against Jerusalem, and against all the cities of Judah that were left, against Lachish, and against Azekah; for these fortified cities remained of the cities of Judah.
8 Asɛm no firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfoɔ ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadie no akyi.
The word which came to Jeremiah from Jehovah, after King Zedekiah had made a covenant with all the people that were at Jerusalem, to proclaim liberty to them,
9 Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifoɔ; na obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa.
that every one should let his man-servant or his maid-servant, being a Hebrew or Hebrewess, go free, that no one should retain his brother, a Jew, in servitude.
10 Enti adwumayɛfoɔ no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wɔbɛgyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wɔgyaa wɔn.
And all the princes, and all the people, who had entered into covenant to let every one his man-servant and every one his maid-servant go free, and retain them in servitude no longer, obeyed; they obeyed, and let them go.
11 Nanso, akyire yi, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsane faa nnipa a wɔgyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio.
But they returned afterwards, and took back the men-servants and the maid-servants whom they had let go free, and brought them into subjection as men-servants and as maid-servants.
12 Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
Then came the word of Jehovah to Jeremiah from Jehovah, saying,
13 “Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me ne mo agyanom yɛɛ apam ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, nkoasom asase so no. Mekaa sɛ,
Thus saith Jehovah, the God of Israel: I made a covenant with your fathers in the day when I brought them forth out of the land of Egypt, out of the house of bondmen, and said,
14 ‘Mfeɛ nson biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfeɛ nsia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso, mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm.
“At the end of seven years ye shall let go every man his brother, a Hebrew, who shall have been sold to thee; when he shall have served thee six years, thou shalt let him go free from thee.” But your fathers hearkened not to me, nor inclined their ear.
15 Ɛnkyɛree koraa monuu mo ho na moyɛɛ deɛ ɛyɛ wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadie maa ne ɔman mma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ efie a me Din da soɔ no mu.
And when ye had turned at this time, and had done what was right in mine eyes, in proclaiming liberty every one to his neighbor, and had entered into a covenant before me in the house which is called by my name,
16 Nanso seesei, moadane mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asane akɔfa nkoa ne mfenaa a mogyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio.
then ye returned and profaned my name, and took back every one his man-servant, and every one his maid-servant, whom he had set at liberty at their pleasure, and brought them into subjection to be men-servants and maid-servants to you.
17 “Afei, deɛ Awurade seɛ nie: Montiee me na mompaee ahofadie mmaa mo ankasa nkurɔfoɔ. Enti afei mepae mu ka ahofadie ma mo, Awurade na ɔseɛ. Mɛgyaa mo ama akofena, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma mo ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie ahodoɔ nyinaa.
Therefore thus saith Jehovah: Ye have not hearkened to me in proclaiming liberty every one to his brother, and every one to his neighbor. Behold, I proclaim a liberty for you, saith Jehovah, to the sword, to pestilence, and to famine, and I will give you up to oppression in all the kingdoms of the earth;
18 Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwie ba a wɔpaee ne mu mmienu na wɔnantee nʼafaafa no ntam no.
and I will make the men who have transgressed my covenant, who have not performed the words of the covenant which they made before me, like the calf which they cut in twain, and passed between the parts thereof,
19 Yuda ne Yerusalem ntuanofoɔ, asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne asase no so nnipa no nyinaa a monante faa nantwie ba no afaafa no ntam no,
the princes of Judah, and the princes of Jerusalem, the eunuchs, and the priests, and all the people of the land, that passed between the parts of the calf.
20 mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa.
I will give them into the hand of their enemies, and into the hand of them that seek their life; and their dead bodies shall be food for the birds of heaven, and for the beasts of the earth.
21 “Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa, Babiloniahene akodɔm a wɔatwe wɔn ho no nsa.
And Zedekiah, king of Judah, and his princes, will I give into the hand of their enemies, and into the hand of them that seek their life, even into the hand of the king of Babylon's army, which are gone up from you.
22 Merebɛhyɛ, Awurade asɛm nie, na mɛsane de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahye no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkuro ada mpan a ɔbiara rentumi ntena hɔ.”
Behold, I will command, saith Jehovah, and cause them to return to this city, and they shall fight against it, and take it, and burn it with fire; and I will make the cities of Judah a desolation without an inhabitant.

< Yeremia 34 >