< Yeremia 31 >
1 “Saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛyɛ Israel mmusuakuo no nyinaa Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.”
En ce temps-là, dit l'Eternel, je serai le Dieu de toutes les familles d'Israël, et ils seront mon peuple.
2 Deɛ Awurade seɛ nie: “Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano no bɛnya adom wɔ anweatam so; mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.”
Ainsi a dit l'Eternel: le peuple réchappé de l'épée a trouvé grâce dans le désert; on va pour faire trouver du repos à Israël.
3 Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ, “Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo mede adɔeɛ atwe mo.
L'Eternel m'est apparu de loin, [et m'a dit]: je t'ai aimée d'un amour éternel, c'est pourquoi j'ai prolongé envers toi ma gratuité.
4 Mede wo bɛsi hɔ bio na wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu. Wobɛfa wʼakasaeɛ bio na wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa.
Je t'établirai encore, et tu seras établie, ô vierge d'Israël! Tu te pareras encore de tes tambours, et tu sortiras avec la danse des joueurs.
5 Bio, mobɛyɛ bobe nturo wɔ Samaria nkokoɔ so; akuafoɔ no bɛdua na wɔadi so aba.
Tu planteras encore des vignes sur les montagnes de Samarie; les vignerons [les] planteront, et ils en recueilleront les fruits pour leur usage.
6 Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteam wɔ Efraim nkokoɔ so sɛ, ‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sion nkɔ Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’”
Car il y a un jour auquel les gardes crieront en la montagne d'Ephraïm: levez-vous, et montons en Sion vers l'Eternel notre Dieu.
7 Deɛ Awurade seɛ nie: “Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob; Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ. Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ, ‘Ao Awurade gye wo nkurɔfoɔ, Israel nkaeɛfoɔ no.’
Car ainsi a dit l'Eternel: réjouissez-vous avec chant de triomphe, et avec allégresse à cause de Jacob, et vous égayez à cause du chef des nations; faites-le entendre, chantez des louanges, et dites: Eternel, délivre ton peuple, le reste d'Israël.
8 Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so aba na maboa wɔn ano afiri nsase ano. Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye, apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu. Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba.
Voici, je m'en vais les faire venir du pays d'Aquilon, et je les rassemblerai du fond de la terre; l'aveugle et le boiteux, la femme enceinte et celle qui enfante seront ensemble parmi eux; une grande assemblée retournera ici.
9 Wɔde esu na ɛbɛba; wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba. Mede wɔn bɛfa nsuwa ho, ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so, ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya, na Efraim yɛ me babarima piesie.
Ils y seront allés en pleurant, mais je les ferai retourner avec des supplications, et je les conduirai aux torrents d'eaux, et par un droit chemin, auquel ils ne broncheront point; car j'ai été pour père à Israël, et Ephraïm est mon premier-né.
10 “Montie Awurade asɛm, Ao amanaman; mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ, ‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn ano na wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’
Nations, écoutez la parole de l'Eternel, et l'annoncez aux Iles éloignées, et dites: celui qui a dispersé Israël le rassemblera, et le gardera comme un berger [garde] son troupeau.
11 Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob na wagye wɔn afiri wɔn a wɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam.
Car l'Eternel a racheté Jacob, et l'a retiré de la main d'un [ennemi] plus fort que lui.
12 Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea; wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe a ɛfiri Awurade hɔ mu, atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo, nnwammaa ne anantwie. Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie, na wɔrenni awerɛhoɔ bio.
Ils viendront donc, et se réjouiront avec chant de triomphe au [lieu] le plus haut de Sion, et ils accourront aux biens de l'Eternel, au froment, au vin, et à l'huile, et au fruit du gros et du menu bétail; et leur âme sera comme un jardin plein de fontaines, et ils ne seront plus dans l'ennui.
13 Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye, mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso. Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ; mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu.
Alors la vierge se réjouira en la danse, et les jeunes gens et les anciens ensemble, et je tournerai leur deuil en joie, et je les consolerai, et les réjouirai [les délivrant] de leur douleur.
14 Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so, na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,” Awurade, na ɔseɛ.
Je rassasierai aussi de graisse l'âme des Sacrificateurs, et mon peuple sera rassasié de mon bien, dit l'Eternel.
15 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔte nne bi wɔ Rama, awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree, Rahel resu ne mma na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.”
Ainsi a dit l'Eternel: une voix très amère de lamentation [et] de pleurs a été ouïe à Rama, Rachel pleurant ses enfants, a refusé d'être consolée touchant ses enfants, de ce qu'il n'y en a plus.
16 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hyɛ wo ho so na woansu mia wʼani na woante nisuo, ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba.
Ainsi a dit l'Eternel: empêche ta voix de lamenter, et tes yeux de verser des larmes, car ton œuvre aura son salaire, dit l'Eternel, et on retournera du pays de l'ennemi.
17 Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.” Awurade na ɔseɛ. Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so.
Et il y a de l'espérance pour tes derniers jours, dit l'Eternel, et tes enfants retourneront en leurs quartiers.
18 “Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ, ‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den, na woatwe me mʼaso. Gye me bio, na mɛsane aba, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn.
J'ai très bien ouï Ephraïm se plaignant, [et disant]: tu m'as châtié, et j'ai été châtié comme un taureau indompté; convertis-moi, et je serai converti; car tu es l'Eternel mon Dieu.
19 Memaneeɛ akyi no, menyaa adwensakyera; na akyire a menyaa nteaseɛ no, mede awerɛhoɔ boroo me koko so. Mʼanim guu ase na mefɛreeɛ ɛfiri sɛ me mmabunu mu animguaseɛ da so so me.’
Certes après que j'aurai été converti, je me repentirai; et après que je me serai reconnu, je frapperai sur ma cuisse. J'ai été honteux et confus, parce que j'ai porté l'opprobre de ma jeunesse.
20 Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa? Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa? Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ, nanso meda so kae no. Enti mʼakoma pere hwehwɛ no; mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,” sei na Awurade seɛ.
Ephraïm ne m'a-t-il pas été un cher enfant? ne m'a-t-il pas été un enfant que j'ai aimé? car toutes les fois que j'ai parlé de lui, je n'ai pas manqué de m'en souvenir [avec tendresse]: c'est pourquoi mes entrailles se sont émues à cause de lui, et j'aurai certainement pitié de lui, dit l'Eternel.
21 “Momfa ahyɛnsodeɛ nsisi ɛkwan ho; monsisi akwankyerɛ afadum. Monhyɛ ɛkwantempɔn no nso ɛkwan a monam so ba. Sane wakyi, Ao ɔbabunu Israel, sane bra wo nkuro so.
Dresse-toi des indices sur les chemins, et fais des monceaux de pierres; prends garde aux chemins, [et] par quelle voie tu es venue. Retourne-t-en, vierge d'Israël, retourne à tes villes.
22 Wobɛkyinkyini akɔsi da bɛn, Ao, ɔbabaa ɔsesafoɔ? Awurade bɛyɛ ade foforɔ wɔ asase so, ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.”
Jusques à quand seras-tu agitée, fille rebelle? Car l'Eternel a créé une chose nouvelle sur la terre, la femme environnera l'homme.
23 Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: “Sɛ mesane de wɔn firi nnommumfa mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkuro so bɛsane aka saa nsɛm yi bio sɛ, ‘Awurade nhyira wo, Ao, tenenee atenaeɛ, Ao, bepɔ kronkron.’
Ainsi a dit l'Eternel des armées, le Dieu d'Israël: on dira encore cette parole-ci dans le pays de Juda et dans ses villes, quand j'aurai ramené leurs captifs: l'Eternel te bénisse, ô agréable demeure de la justice, montagne de sainteté.
24 Nnipa bɛbom atena ase wɔ Yuda ne ne nkuro nyinaa so, akuafoɔ ne wɔn a wɔde wɔn nnwankuo nenam.
Et Juda et toutes ses villes ensemble, les laboureurs, et ceux qui marchent avec les troupeaux, habiteront en elle.
25 Mɛma deɛ wabrɛ no anya ahoɔden foforɔ, na deɛ watɔ baha no nso mɛma no amee.”
Car j'ai enivré l'âme altérée par le travail, et j'ai rempli toute âme qui languissait.
26 Ɛha na menyaneeɛ, na mehwɛɛ me ho hyiaeɛ. Me nna no kɔɔ me yie.
C'est pourquoi je me suis réveillé, et j'ai regardé, et mon sommeil m'a été doux.
27 “Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mede nnipa mma ne mmoa mma bɛdua Israel ne Yuda efie.
Voici, les jours viennent, dit l'Eternel, que j'ensemencerai la maison d'Israël, et la maison de Juda, de semence d'hommes, et de semence de bêtes.
28 Sɛdeɛ mehwɛ ma wɔtutuiɛ, wɔdwiriiɛ, wɔbubuiɛ, wɔsɛeɛ na wɔde amanehunu baeɛ no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Et il arrivera que comme j'ai veillé sur eux pour arracher et démolir, pour détruire, pour perdre, et pour faire du mal; ainsi je veillerai sur eux pour bâtir et pour planter, dit l'Eternel.
29 Saa nna no mu, nnipa renka bio sɛ, “‘Agyanom adi bobe a ɛkeka, na mma se afem.’
En ces jours-là on ne dira plus: les pères ont mangé le verjus, et les dents des enfants en sont agacées;
30 Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem.
Mais chacun mourra pour son iniquité; tout homme qui mangera le verjus, ses dents en seront agacées.
31 “Ɛberɛ no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a me ne Israel efie ne Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ.
Voici, les jours viennent, dit l'Eternel, que je traiterai une nouvelle alliance avec la maison d'Israël, et avec la maison de Juda.
32 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa, dii wɔn anim firii Misraim no. Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so, wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,” Awurade na ɔseɛ.
Non selon l'alliance que je traitai avec leurs pères, au jour que je les pris par la main pour les faire sortir du pays d'Egypte, laquelle alliance ils ont enfreinte; et toutefois je leur avais été pour mari, dit l'Eternel.
33 “Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,” Awurade na ɔseɛ. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ wɔ wɔn akoma so. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.
Car c'est ici l'alliance que je traiterai avec la maison d'Israël après ces jours-là, dit l'Eternel: Je mettrai ma Loi au dedans d'eux, je l'écrirai dans leur cœur; et je serai leur Dieu, et ils seront mon peuple.
34 Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio, anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’ Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me, ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn, na merenkae wɔn bɔne bio.”
Chacun d'eux n'enseignera plus son prochain, ni chacun son frère, en disant: connaissez l'Eternel; car ils me connaîtront tous, depuis le plus petit d'entre eux jusques au plus grand, dit l'Eternel; parce que je pardonnerai leur iniquité, et que je ne me souviendrai plus de leur péché.
35 Yei ne deɛ Awurade seɛ, deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ, na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo; deɛ ɔkanyane ɛpo ma ɛbɔ asorɔkye, Asafo Awurade ne ne din.
Ainsi a dit l'Eternel, qui donne le soleil pour être la lumière du jour, et le règlement de la lune et des étoiles pour être la lumière de la nuit; qui fend la mer, et les flots en bruient; duquel le Nom est l'Eternel des armées;
36 “Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,” Awurade na ɔseɛ, “merennyaa Israel da.”
Si jamais ces règlements disparaissent de devant moi, dit l'Eternel, aussi la race d'Israël cessera d'être à jamais une nation devant moi.
37 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmu na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a, ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ, nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,” Awurade na ɔseɛ.
Ainsi a dit l'Eternel: si les cieux se peuvent mesurer par dessus, et les fondements de la terre sonder par dessous, aussi rejetterai-je toute la race d'Israël; à cause de toutes les choses qu'ils ont faites, dit l'Eternel.
38 “Nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a wɔbɛkyekyere kuropɔn yi bio ama me, firi Hananel abantenten kɔsi Twɛtwɛwaso Ɛpono.
Voici, les jours viennent, dit l'Eternel, que cette ville sera rebâtie à l'Eternel, depuis la tour d'Hananéel, jusqu'à la porte du coin.
39 Wɔbɛtwe susuhoma no mu, afiri hɔ de akɔsi Gareb kokoɔ so, na akontono akɔ Goa.
Et encore le cordeau à mesurer sera tiré vis-à-vis d'elle sur la colline de Gareb, et fera le tour vers Goha.
40 Bɔnhwa a wɔto afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bɔnhwa wɔ apueeɛ fam, kɔsi apɔnkɔ ɛpono no twɛtwɛwaso bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”
Et toute la vallée de la voirie et des cendres, et tout le quartier jusqu’au torrent de Cédron, jusqu’au coin de la porte des chevaux vers l'Orient, sera une sainteté à l'Eternel, et ne sera plus démoli ni détruit à jamais.