< Yeremia 30 >

1 Asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ nie:
This is the word that came to Jeremiah from the LORD:
2 “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: ‘Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nwoma mu.
“This is what the LORD, the God of Israel, says: ‘Write in a book all the words that I have spoken to you.
3 Nna bi reba,’ sɛdeɛ Awurade seɛ, ‘a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so,’ Awurade na ɔseɛ.”
For behold, the days are coming, declares the LORD, when I will restore from captivity My people Israel and Judah, declares the LORD. I will restore them to the land that I gave to their fathers, and they will possess it.’”
4 Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho:
These are the words that the LORD spoke concerning Israel and Judah.
5 “Deɛ Awurade seɛ nie: “‘Akomatuo nteateam na mete, mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ.
Yes, this is what the LORD says: “A cry of panic is heard— a cry of terror, not of peace.
6 Mommisa na monhunu: Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa? Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu, na anim biara ayɛ bosaa saa?
Ask now, and see: Can a male give birth? Why then do I see every man with his hands on his stomach like a woman in labor and every face turned pale?
7 Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa! Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno. Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob, nanso, wɔbɛyi no afiri mu.
How awful that day will be! None will be like it! It is the time of Jacob’s distress, but he will be saved out of it.
8 “‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ, ‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu, na matete wɔn nkyehoma no mu; ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
On that day, declares the LORD of Hosts, I will break the yoke off their necks and tear off their bonds, and no longer will strangers enslave them.
9 Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn ne Dawid wɔn ɔhene, a mɛpagya no ama wɔn.
Instead, they will serve the LORD their God and David their king, whom I will raise up for them.
10 “‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’ deɛ Awurade seɛ nie. ‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ na obiara renhunahuna no bio.
As for you, O Jacob My servant, do not be afraid, declares the LORD, and do not be dismayed, O Israel. For I will surely save you out of a distant place, your descendants from the land of their captivity! Jacob will return to quiet and ease, with no one to make him afraid.
11 Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa, wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no, nanso merensɛe mo korakora. Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so; meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’
For I am with you to save you, declares the LORD. Though I will completely destroy all the nations to which I have scattered you, I will not completely destroy you. Yet I will discipline you justly, and will by no means leave you unpunished.”
12 “Yei ne deɛ Awurade seɛ: “‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ, na ɛnni asaeɛ.
For this is what the LORD says: “Your injury is incurable; your wound is grievous.
13 Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo, wo kuro no rennya aduro, na worennya ayaresa.
There is no one to plead your cause, no remedy for your sores, no recovery for you.
14 Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo; wo ho biribiara mfa wɔn ho. Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe, ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo na wʼamumuyɛ nso dɔɔso.
All your lovers have forgotten you; they no longer seek you, for I have struck you as an enemy would, with the discipline of someone cruel, because of your great iniquity and your numerous sins.
15 Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho, wo yeadie a ano nni aduro ho? Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ.
Why do you cry out over your wound? Your pain has no cure! Because of your great iniquity and your numerous sins I have done these things to you.
16 “‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn. Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so.
Nevertheless, all who devour you will be devoured, and all your adversaries—every one of them— will go off into exile. Those who plundered you will be plundered, and all who raided you will be raided.
17 Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wo apirakuro,’ Awurade na ɔseɛ, ‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ, Sion a wo ho nhia obiara.’
But I will restore your health and heal your wounds, declares the LORD, because they call you an outcast, Zion, for whom no one cares.”
18 “Yei ne deɛ Awurade seɛ: “‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no; wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so, na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie.
This is what the LORD says: “I will restore the fortunes of Jacob’s tents and have compassion on his dwellings. And the city will be rebuilt on her own ruins, and the palace will stand in its rightful place.
19 Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ. Mɛma wɔadɔɔso, na wɔn dodoɔ no so rente; mɛhyɛ wɔn animuonyam, na wɔremmu wɔn abomfiaa.
Thanksgiving will proceed from them, a sound of celebration. I will multiply them, and they will not be decreased; I will honor them, and they will not be belittled.
20 Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no, mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim; wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.
Their children will be as in days of old, and their congregation will be established before Me; and I will punish all their oppressors.
21 Wɔn adikanfoɔ bɛyɛ wɔn mu baako; na wɔn sodifoɔ bɛfiri wɔn mu. Mɛka no abata me ho na wabɛn me, na hwan na ɔno ankasa bɛtumi de ne ho ama sɛ ɔbɛbɛn me?’ Awurade na ɔseɛ.
Their leader will be one of their own, and their ruler will arise from their midst. And I will bring him near, and he will approach Me, for who would dare on his own to approach Me?”
22 ‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ mo Onyankopɔn.’”
“And you will be My people, and I will be your God.”
23 Hwɛ, Awurade ahum bɛtu abufuhyeɛ mu, ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ amumuyɛfoɔ mpampam.
Behold, the storm of the LORD has gone out with fury, a whirlwind swirling down upon the heads of the wicked.
24 Awurade abufuo rennwo kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte yei ase.
The fierce anger of the LORD will not turn back until He has fully accomplished the purposes of His heart. In the days to come you will understand this.

< Yeremia 30 >