< Yeremia 3 >

1 “Sɛ ɔbarima gyaa ne yere na ɔbaa no kɔware ɔbarima foforɔ a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no sane kɔ ɔbaa no nkyɛn anaa? Ɛremma asase no ho ngu fi koraa anaa? Nanso, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman, na seesei deɛ wobɛsane aba me nkyɛn anaa?” Awurade na ɔseɛ.
Говорят: “если муж отпустит жену свою, и она отойдет от него и сделается женою другого мужа, то может ли она возвратиться к нему? Не осквернилась ли бы этим страна та?” А ты со многими любовниками блудодействовала, - и однако же возвратись ко Мне, говорит Господь.
2 “Ma wʼani so hwɛ nkokoɔ no so. Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo monnaa da anaa? Wotenaa kwankyɛn twɛnee adɔfoɔ, wotenaa sɛ mmoahwɛfoɔ a wɔdi atutena wɔ anweatam so. Woagu asase no ho fi wode wʼadwamammɔ ne wʼamumuyɛ na ayɛ.
Подними глаза твои на высоты и посмотри, где не блудодействовали с тобою? У дороги сидела ты для них, как Аравитянин в пустыне, и осквернила землю блудом твоим и лукавством твоим.
3 Enti wɔatwe obosuo asan, na osutɔberɛ nsuo antɔ. Nanso wʼanim ayɛ sɛ odwamanfoɔ a ɔmfɛre hwee; wʼani nwu hwee.
За то были удержаны дожди, и не было дождя позднего; но у тебя был лоб блудницы, ты отбросила стыд.
4 Nanso, woka kyerɛ me sɛ: ‘Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu,
Не будешь ли ты отныне взывать ко Мне: “Отец мой! Ты был путеводителем юности моей!
5 wobo bɛfu biribiara anaa? Wʼabofuhyeɛ no bɛkɔ so daa anaa?’ Sei na wokasa, nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛdeɛ wotumi.”
Неужели всегда будет Он во гневе? и неужели вечно будет удерживать его в Себе?” Вот, что говоришь ты, а делаешь зло и преуспеваешь в нем.
6 Ɔhene Yosia adedie berɛ so no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Woahunu deɛ Israel a ɔnni nokorɛ no ayɛ? Wakɔ nkokoɔ nyinaa so ne dua adendan nyinaa ase akɔsɛe awadeɛ wɔ hɔ.
Господь сказал мне во дни Иосии царя: видел ли ты, что делала отступница, дочь Израиля? Она ходила на всякую высокую гору и под всякое ветвистое дерево и там блудодействовала.
7 Mesusuu sɛ, anka wayɛ yeinom nyinaa akyi no, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wamma, na ne nuabaa Yuda a ɔno nso nka nokorɛ no hunuiɛ.
И после того, как она все это делала, Я говорил: “возвратись ко Мне”; но она не возвратилась; и видела это вероломная сестра ее Иудея.
8 Memaa Israel a ɔnni nokorɛ no awaregyaeɛ nwoma na mepamoo no ɛsiane nʼawaresɛe abrabɔ. Nanso mehunuu sɛ ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ awaresɛeɛ bra.
И Я видел, что, когда за все прелюбодейные действия отступницы, дочери Израиля, Я отпустил ее и дал ей разводное письмо, вероломная сестра ее Иудея не убоялась, а пошла и сама блудодействовала.
9 Esiane sɛ Israel adwamammɔ anyɛ no asɛm hia enti, ɔde efi kaa asase no na ɔne aboɔ ne nnua bɔɔ adwaman.
И явным блудодейством она осквернила землю и прелюбодействовала с камнем и деревом.
10 Yeinom nyinaa akyi no, ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansane nʼakyi nokorɛm amma me nkyɛn. Ɔde nʼanim na ɛkyerɛeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Но при всем этом вероломная сестра ее Иудея не обратилась ко Мне всем сердцем своим, а только притворно, говорит Господь.
11 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Israel a ɔnni nokorɛ no tene sene Yuda nkontompo ni.
И сказал мне Господь: отступница, дочь Израилева, оказалась правее, нежели вероломная Иудея.
12 Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn: “‘Sane wʼakyi, Israel a ɔnni nokorɛ,’ Sei na Awurade seɛ, ‘Meremmuna nkyerɛ wo bio, ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔhunufoɔ,’ sei na Awurade seɛ, ‘Me bo renfu afebɔɔ.
Иди и провозгласи слова сии к северу, и скажи: возвратись, отступница, дочь Израилева, говорит Господь. Я не изолью на вас гнева Моего; ибо Я милостив, говорит Господь, - не вечно буду негодовать.
13 Gye wo afɔdie to mu, woayɛ dɔm atia Awurade, wo Onyankopɔn, woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame wɔ dua biara a adendan ase, na woanyɛ ɔsetie amma me,’” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Признай только вину твою: ибо ты отступила от Господа Бога твоего и распутствовала с чужими под всяким ветвистым деревом, а гласа Моего вы не слушали, говорит Господь.
14 “Monsane mo akyi, mo akyirisanfoɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “ɛfiri sɛ meyɛ mo kunu. Mɛyi wo; ɔbaako bɛfiri kuro mu na mmienu afiri abusuakuo mu, na mede mo aba Sion.
Возвратитесь, дети-отступники, говорит Господь, потому что Я сочетался с вами, и возьму вас по одному из города, по два из племени, и приведу вас на Сион.
15 Afei mɛma mo nnwanhwɛfoɔ a wɔda mʼakoma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne nteaseɛ bɛkyerɛ mo ɛkwan.
И дам вам пастырей по сердцу Моему, которые будут пасти вас с знанием и благоразумием.
16 Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ɔseɛ, “nnipa renka bio sɛ, ‘Awurade yɛn ani agyina apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenka saa bio; na wɔrenyɛ apam adaka foforɔ nso.
И будет, когда вы размножитесь и сделаетесь многоплодными на земле, в те дни, говорит Господь, не будут говорить более: “ковчег завета Господня”; он и на ум не придет, и не вспомнят о нем, и не будут приходить к нему, и его уже не будет.
17 Saa ɛberɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahennwa, na amanaman nyinaa bɛhyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn akoma bɔne a ɛma wɔn yɛ asoɔden no akyi bio.
В то время назовут Иерусалим престолом Господа; и все народы ради имени Господа соберутся в Иерусалим и не будут более поступать по упорству злого сердца своего.
18 Saa nna no mu, Yudafie bɛka Israel efie ho, na wɔabɔ mu afiri atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapadeɛ no so.
В те дни придет дом Иудин к дому Израилеву, и пойдут вместе из земли северной в землю, которую Я дал в наследие отцам вашим.
19 “Mʼankasa mekaa sɛ, ‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma na mama mo asase a ɛyɛ, agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.’ Mesusuiɛ sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’ na monnane mo ho mfiri mʼakyi.
И говорил Я: как поставлю тебя в число детей и дам тебе вожделенную землю, прекраснейшее наследие множества народов? И сказал: ты будешь называть Меня отцом твоим и не отступишь от Меня.
20 Nanso, sɛdeɛ ɔbaa a ɔnni ne kunu nokorɛ no, saa ara na moanni me nokorɛ, Ao Israel efie,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Но поистине, как жена вероломно изменяет другу своему, так вероломно поступили со Мною вы, дом Израилев, говорит Господь.
21 Wɔte esu bi wɔ nkokoɔ no so, ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ, ɛfiri sɛ wɔakyeakyea wɔn akwan na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn.
Голос слышен на высотах, жалобный плач сынов Израиля о том, что они извратили путь свой, забыли Господа Бога своего.
22 “Monsane mmra, ɔyera mma; mɛsa mo akyirisane yadeɛ no.” “Aane, yɛbɛba wo nkyɛn, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn.
Возвратитесь, мятежные дети: Я исцелю вашу непокорность. - Вот, мы идем к Тебе, ибо Ты - Господь Бог наш.
23 Nokorɛm, ahoni hooyɛ wɔ nkokoɔ ne mmepɔ so no yɛ nnaadaa; nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu na Israel nkwagyeɛ wɔ.
Поистине, напрасно надеялись мы на холмы и на множество гор; поистине, в Господе Боге нашем спасение Израилево!
24 Ɛfiri yɛn mmɔfraase, anyame huhuo adi yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba, wɔn nnwankuo ne anantwie, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.
От юности нашей эта мерзость пожирала труды отцов наших, овец их и волов их, сыновей их и дочерей их.
25 Momma yɛmfa yɛn aniwuo nneda fam na yɛn ahohora nkata yɛn so. Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Onyankopɔn, yɛn ne yɛn agyanom; ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi ɛnnɛ yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade, yɛn Onyankopɔn.”
Мы лежим в стыде своем, и срам наш покрывает нас, потому что мы грешили пред Господом Богом нашим, - мы и отцы наши, от юности нашей и до сего дня, и не слушались голоса Господа Бога нашего.

< Yeremia 3 >