< Yeremia 29 >

1 Yei ne krataa mu nsɛm a odiyifoɔ Yeremia twerɛ firii Yerusalem kɔmaa nnommumfoɔ no mu mpanimfoɔ nkaeɛ, asɔfoɔ, adiyifoɔ ne nnipa a wɔaka nyinaa a Nebukadnessar afa wɔn nnommum afiri Yerusalem akɔ Babilonia.
先知耶利米从耶路撒冷寄信与被掳的祭司、先知,和众民,并生存的长老,就是尼布甲尼撒从耶路撒冷掳到巴比伦去的。(
2 (Yei yɛ ɛberɛ a ɔhene Yehoiakin ne ɔhemmaa no, asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ, Yuda ne Yerusalem ntuanofoɔ, adwumfoɔ ahodoɔ nyinaa afiri Yerusalem akɔ nnommumfa mu no akyi.)
这在耶哥尼雅王和太后、太监,并犹大、耶路撒冷的首领,以及工匠、铁匠都离了耶路撒冷以后。)
3 Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia. Krataa no mu nsɛm nie:
他借沙番的儿子以利亚萨和希勒家的儿子基玛利的手寄去。他们二人是犹大王西底家打发往巴比伦去见尼布甲尼撒王的。
4 Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ wɔn a mema wɔfaa wɔn nnommum firi Yerusalem kɔɔ Babilonia no nyinaa:
信上说:“万军之耶和华—以色列的 神对一切被掳去的(就是我使他们从耶路撒冷被掳到巴比伦的人)如此说:
5 “Monsisi afie, na momfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni mu aba.
你们要盖造房屋,住在其中;栽种田园,吃其中所产的;
6 Monwareware, na monwowo mmammarima ne mmammaa. Monhwehwɛ yerenom mma mo mmammarima na momfa mo mmammaa nso mma awadeɛ, na wɔn nso nwowo mmammarima ne mmammaa. Monnɔre wɔ hɔ na mo so ante.
娶妻生儿女,为你们的儿子娶妻,使你们的女儿嫁人,生儿养女。在那里生养众多,不致减少。
7 Afei, monhwehwɛ kuropɔn a mema wɔtuu mo kɔtenaa so no asomdwoeɛ ne yiedie. Mommɔ Awurade mpaeɛ mma no, ɛfiri sɛ ne yiedie mu na mo nso mobɛdi yie.”
我所使你们被掳到的那城,你们要为那城求平安,为那城祷告耶和华;因为那城得平安,你们也随着得平安。
8 Aane, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Mommma adiyifoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔwɔ mo mu no nnaadaa mo. Monntie wɔn adaeɛ a mohyɛ wɔn nkuran ma wɔsoso no.
万军之耶和华—以色列的 神如此说:不要被你们中间的先知和占卜的诱惑,也不要听信自己所做的梦;
9 Wɔhyɛ nkɔntorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,” Awurade na ɔseɛ.
因为他们托我的名对你们说假预言,我并没有差遣他们。这是耶和华说的。
10 Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ mosom Babilonia mfeɛ aduɔson a, mɛba abɛhwɛ mo na mɛma mʼadom mu bɔhyɛ sɛ mede mo bɛba ha bio no aba mu.
“耶和华如此说:为巴比伦所定的七十年满了以后,我要眷顾你们,向你们成就我的恩言,使你们仍回此地。
11 Menim nhyehyɛeɛ a mewɔ ma mo,” Awurade na ɔseɛ, “Nhyehyɛeɛ a ɛde mo bɛsi yie na ɛrenha mo, nhyehyɛeɛ a ɛbɛma mo anidasoɔ ne awieeɛ pa.
耶和华说:我知道我向你们所怀的意念是赐平安的意念,不是降灾祸的意念,要叫你们末后有指望。
12 Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo.
你们要呼求我,祷告我,我就应允你们。
13 Mobɛhwehwɛ me na mobɛhunu me, sɛ mode mo akoma nyinaa hwehwɛ me dea.
你们寻求我,若专心寻求我,就必寻见。
14 Mobɛhunu me,” Awurade na ɔseɛ, “na mɛyi mo afiri nkoasom mu de mo asane aba. Mɛboaboa mo ano afiri amanaman ne beaeɛ a mepamoo mo kɔɔ so no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, “na mede mo bɛsane aba baabi a metuu mo firi kɔɔ nnommum mu no bio.”
耶和华说:我必被你们寻见,我也必使你们被掳的人归回,将你们从各国中和我所赶你们到的各处招聚了来,又将你们带回我使你们被掳掠离开的地方。这是耶和华说的。
15 Mobɛka sɛ, “Awurade ama yɛn adiyifoɔ wɔ Babilonia,”
“你们说:‘耶和华在巴比伦为我们兴起先知’;
16 nanso, sei na Awurade ka fa ɔhene a ɔte Dawid ahennwa so ne nnipa a wɔaka wɔ kuropɔn no mu nyinaa, mo manfoɔ a wɔne mo ankɔ nnommumfa mu no,
所以耶和华论到坐大卫宝座的王和住在这城里的一切百姓,就是未曾与你们一同被掳的弟兄,
17 aane, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Mɛma akofena, ɛkɔm ne yaredɔm aba wɔn so, na wɔayɛ sɛ borɔdɔma a asɛeɛ enti wɔntumi nni.
万军之耶和华如此说:‘看哪,我必使刀剑、饥荒、瘟疫临到他们,使他们像极坏的无花果,坏得不可吃。
18 Mede akofena, ɛkɔm ne yaredɔm bɛti wɔn, na mɛyɛ wɔn atantanneɛ ama ahennie a ɛwɔ asase no so nyinaa, ne nnome ne ahodwiredeɛ, fɛdideɛ ne animtiabudeɛ wɔ amanaman a mepamoo wɔn kɔɔ so no mu.
我必用刀剑、饥荒、瘟疫追赶他们,使他们在天下万国抛来抛去,在我所赶他们到的各国中,令人咒诅、惊骇、嗤笑、羞辱。
19 Ɛfiri sɛ, wɔantie me nsɛm,” sei na Awurade seɛ, “nsɛm a mede somaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ mpɛn bebree baa mo nkyɛn. Na mo nnommumfoɔ nso antie,” Awurade na ɔseɛ.
耶和华说:这是因为他们没有听从我的话,就是我从早起来差遣我仆人众先知去说的,无奈他们不听。这是耶和华说的。
20 Afei montie Awurade asɛm, mo nnommumfoɔ a mama mo afiri Yerusalem akɔ Babilonia no nyinaa.
所以你们一切被掳去的,就是我从耶路撒冷打发到巴比伦去的,当听耶和华的话。’”
21 Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn ka fa Kolaia babarima Ahab ne Maaseia babarima Sedekia a wɔde me din rehyɛ mo nkɔmtorɔ no ho nie: “Mede wɔn bɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn wɔ mo anim.
万军之耶和华—以色列的 神论到哥赖雅的儿子亚哈,并玛西雅的儿子西底家,如此说:“他们是托我名向你们说假预言的,我必将他们交在巴比伦王尼布甲尼撒的手中;他要在你们眼前杀害他们。
22 Esiane wɔn enti, Yuda nnommumfoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa de saa nnome yi bɛdome sɛ: ‘Awurade nyɛ wo sɛ, Sedekia ne Ahab a Babiloniahene hyee wɔn wɔ ogya mu no.’
住巴比伦一切被掳的犹大人必借这二人赌咒说:‘愿耶和华使你像巴比伦王在火中烧的西底家和亚哈一样。’
23 Na wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛboro so wɔ Israel: wɔne wɔn yɔnkonom yerenom adeda de asɛe awadeɛ, na wɔde me din adi atorɔ a mennka nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Menim na medi ho adanseɛ,” Awurade na ɔseɛ.
这二人是在以色列中行了丑事,与邻舍的妻行淫,又假托我名说我未曾吩咐他们的话。知道的是我,作见证的也是我。这是耶和华说的。”
24 Ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ,
“论到尼希兰人示玛雅,你当说,
25 “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Watwerɛ krataa wɔ wo din mu akɔma nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfoɔ Maaseia babarima Sefania, ne asɔfoɔ a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania sɛ,
万军之耶和华—以色列的 神如此说:你曾用自己的名寄信给耶路撒冷的众民和祭司玛西雅的儿子西番雅,并众祭司,说:
26 ‘Awurade ahyɛ wo ɔsɔfoɔ asi Yehoiada anan mu sɛ hwɛ Awurade efie no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dadeɛ kɔnnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ.
‘耶和华已经立你西番雅为祭司,代替祭司耶何耶大,使耶和华殿中有官长,好将一切狂妄自称为先知的人用枷枷住,用锁锁住。
27 Afei adɛn enti na wontwi Yeremia a ɔfiri Anatot a ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ wɔ mo mu no anim?
现在亚拿突人耶利米向你们自称为先知,你们为何没有责备他呢?
28 Ɔde saa nkra yi abrɛ yɛn wɔ Babilonia: Ɛbɛkyɛ. Ɛno enti monsisi afie mfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni emu aba.’”
因为他寄信给我们在巴比伦的人说:被掳的事必长久。你们要盖造房屋,住在其中;栽种田园,吃其中所产的。’”
29 Ɔsɔfoɔ Sefania kenkanee krataa no kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia.
祭司西番雅就把这信念给先知耶利米听。
30 Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
于是耶和华的话临到耶利米说:
31 “Fa saa nkra yi kɔma nnommumfoɔ no nyinaa sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade ka fa Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ wahyɛ mo nkɔm a mpo mansoma no, na wama moagye atorɔ adi enti,
“你当寄信给一切被掳的人说:‘耶和华论到尼希兰人示玛雅说:因为示玛雅向你们说预言,我并没有差遣他,他使你们倚靠谎言;
32 deɛ Awurade seɛ nie: Nokorɛm, mɛtwe Nehelamni Semaia ne nʼasefoɔ aso. Ɔrennya obiara a ɔbɛka wɔ saa nkurɔfoɔ yi mu, na ɔrenhunu nneɛma pa a mɛyɛ ama me nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ waka atuateɛ nsɛm atia me,’” Awurade na ɔseɛ.
所以耶和华如此说:我必刑罚尼希兰人示玛雅和他的后裔,他必无一人存留住在这民中,也不得见我所要赐与我百姓的福乐,因为他向耶和华说了叛逆的话。这是耶和华说的。’”

< Yeremia 29 >