< Yeremia 28 >

1 Ɔbosome a ɛtɔ so enum wɔ afe korɔ a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedie ahyɛaseɛ, afe a ɛtɔ so ɛnan no mu, odiyifoɔ Hanania a ɔyɛ Asur a ɔfiri Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade efie ɛberɛ a na asɔfoɔ ne nnipa no nyinaa ahyia sɛ,
ויהי בשנה ההיא בראשית ממלכת צדקיה מלך יהודה בשנת הרבעית בחדש החמישי אמר אלי חנניה בן עזור הנביא אשר מגבעון בבית יהוה לעיני הכהנים וכל העם לאמר׃
2 “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no.
כה אמר יהוה צבאות אלהי ישראל לאמר שברתי את על מלך בבל׃
3 Mfeɛ mmienu mu no, mede Awurade efie mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa firii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsane aba bio.
בעוד שנתים ימים אני משיב אל המקום הזה את כל כלי בית יהוה אשר לקח נבוכדנאצר מלך בבל מן המקום הזה ויביאם בבל׃
4 Na mɛsane de Yehoiakin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommumfoɔ a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba bio’ sei na Awurade seɛ, ‘na mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no.’”
ואת יכניה בן יהויקים מלך יהודה ואת כל גלות יהודה הבאים בבלה אני משיב אל המקום הזה נאם יהוה כי אשבר את על מלך בבל׃
5 Na odiyifoɔ Yeremia buaa odiyifoɔ Hanania wɔ asɔfoɔ ne nnipa a na wɔgyinagyina Awurade efie no nyinaa anim.
ויאמר ירמיה הנביא אל חנניה הנביא לעיני הכהנים ולעיני כל העם העמדים בבית יהוה׃
6 Ɔkaa sɛ, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade efie nneɛma no nyinaa ne nnommumfoɔ bɛfiri Babilonia asane aba ɛha yi no mmra mu.
ויאמר ירמיה הנביא אמן כן יעשה יהוה יקם יהוה את דבריך אשר נבאת להשיב כלי בית יהוה וכל הגולה מבבל אל המקום הזה׃
7 Nanso, tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso teɛ:
אך שמע נא הדבר הזה אשר אנכי דבר באזניך ובאזני כל העם׃
8 Ɛfiri tete no, adiyifoɔ a wɔdii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahennie akɛseɛ.
הנביאים אשר היו לפני ולפניך מן העולם וינבאו אל ארצות רבות ועל ממלכות גדלות למלחמה ולרעה ולדבר׃
9 Nanso odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wɔbɛgye no atom sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”
הנביא אשר ינבא לשלום בבא דבר הנביא יודע הנביא אשר שלחו יהוה באמת׃
10 Na odiyifoɔ Hanania yii kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu, bubuu mu,
ויקח חנניה הנביא את המוטה מעל צואר ירמיה הנביא וישברהו׃
11 na ɔkaeɛ wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Saa ara na mɛbubu Babiloniahene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfeɛ mmienu mu.’” Odiyifoɔ Yeremia tee yei no ɔfirii hɔ kɔeɛ.
ויאמר חנניה לעיני כל העם לאמר כה אמר יהוה ככה אשבר את על נבכדנאצר מלך בבל בעוד שנתים ימים מעל צואר כל הגוים וילך ירמיה הנביא לדרכו׃
12 Odiyifoɔ Hanania bubuu kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu akyire no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:
ויהי דבר יהוה אל ירמיה אחרי שבור חנניה הנביא את המוטה מעל צואר ירמיה הנביא לאמר׃
13 “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Woabubu dua kɔnnua mu, nanso mede dadeɛ kɔnnua bɛsi anan mu.
הלוך ואמרת אל חנניה לאמר כה אמר יהוה מוטת עץ שברת ועשית תחתיהן מטות ברזל׃
14 Na sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: Mede dadeɛ kɔnnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wiram mmoa so.’”
כי כה אמר יהוה צבאות אלהי ישראל על ברזל נתתי על צואר כל הגוים האלה לעבד את נבכדנאצר מלך בבל ועבדהו וגם את חית השדה נתתי לו׃
15 Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania sɛ, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atorɔ ato mu.
ויאמר ירמיה הנביא אל חנניה הנביא שמע נא חנניה לא שלחך יהוה ואתה הבטחת את העם הזה על שקר׃
16 Ɛno enti, sɛ Awurade seɛ nie: ‘Merebɛyi wo afiri asase so. Afeɛ yi mu ara wobɛwu, ɛfiri sɛ woaka atuateɛ nsɛm atia Awurade.’”
לכן כה אמר יהוה הנני משלחך מעל פני האדמה השנה אתה מת כי סרה דברת אל יהוה׃
17 Ɔbosome a ɛtɔ so nson wɔ afe no ara mu no, odiyifoɔ Hanania wuiɛ.
וימת חנניה הנביא בשנה ההיא בחדש השביעי׃

< Yeremia 28 >