< Yeremia 27 >

1 Yudahene Yosia babarima Sedekia adedie ahyɛaseɛ no, asɛm yi firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ,
Yudahene Yosia babarima Sedekia adedi mfiase no, asɛm yi fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn se,
2 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamudua ne nkyehoma yɛ kɔnnua sɛn wo kɔn mu.
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamdua ne nkyehama yɛ konnua sɛn wo kɔn mu.
3 Fa nkra ma abɔfoɔ a wɔaba Yudahene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔmfa nkɔma ahemfo a wɔwɔ Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon.
Fa nkra ma abɔfo a wɔaba Yudahene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔmfa nkɔma ahemfo a wɔwɔ Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon.
4 Fa nkra kɔma wɔn wuranom sɛ: Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Ka yei kyerɛ wo wuranom sɛ:
Fa nkra kɔma wɔn wuranom se: Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Ka eyi kyerɛ wo wuranom se:
5 Mede me tumi kɛseɛ ne me basa a matene mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a ɔsɔ mʼani.
Mede me tumi kɛse ne me basa a mateɛ mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a mepɛ.
6 Afei, mede mo aman nyinaa bɛhyɛ mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na mede wiram mmoa mpo bɛhyɛ nʼase.
Afei mede mo aman nyinaa bɛhyɛ mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na mede wuram mmoa mpo bɛhyɛ nʼase.
7 Amanaman nyinaa bɛsom no ne ne babarima ne ne nanabarima kɔsi sɛ ne berɛ bɛtwam; na afei aman bebree ne ahemfo akɛseakɛseɛ bɛdi ne so.
Amanaman nyinaa bɛsom no ne ne babarima ne ne nenabarima kosi sɛ ne bere betwa mu; na afei aman bebree ne ahemfo akɛseakɛse bedi ne so.
8 “‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahennie bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne kɔnnua ase a, mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kɔsi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ɔseɛ.
“‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahenni bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne konnua ase a, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kosi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ose.
9 Ɛno enti monntie mo adiyifoɔ, mo nkɔmhyɛfoɔ, mo adaeɛ asekyerɛfoɔ, mo asamanfrɛfoɔ anaa mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ, “Morensom Babiloniahene.”
Ɛno nti munntie mo adiyifo, mo nkɔmhyɛfo, mo adae asekyerɛfo, mo samanfrɛfo anaa mo ntafowayifo a wɔka kyerɛ mo se, “Morensom Babiloniahene.”
10 Wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ a ɛbɛma wɔayi mo afiri mo asase so akɔ akyirikyiri nko ara; mɛpam mo ama mo ase ayera.
Wɔhyɛ mo atoro nkɔm a ɛbɛma wɔayi mo afi mo asase so akɔ akyirikyiri nko ara; mɛpam mo ama mo ase ayera.
11 Nanso, sɛ ɔman biara de ne kɔn bɛhyɛ Babiloniahene kɔnnua no ase na wasom no a, mɛma saa ɔman no aka ɔno ara asase so na wadɔ so atena so, Awurade, na ɔseɛ.’”
Nanso sɛ ɔman biara de ne kɔn bɛhyɛ Babiloniahene konnua no ase na wasom no a, mɛma saa ɔman no aka ɔno ara asase so na wadɔw so atena so, Awurade, na ose.’”
12 Mede saa nkra korɔ no ara kɔmaa Yudahene Sedekia sɛ, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene kɔnnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfoɔ na mobɛnya nkwa.
Mede saa nkra koro no ara kɔmaa Yudahene Sedekia se, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene konnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfo na mubenya nkwa.
13 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ wuwuo wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, sɛdeɛ Awurade de ahunahuna ɔman biara a ɔmpɛ sɛ ɔsom Babiloniahene no?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wo ne wo nkurɔfo wuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano, sɛnea Awurade de ahunahuna ɔman biara a ɔmpɛ sɛ ɔsom Babiloniahene no?
14 Monntie adiyifoɔ no a wɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babiloniahene,’ ɛfiri sɛ wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ.
Munntie adiyifo no a wɔka kyerɛ mo se, ‘Morensom Babiloniahene,’ efisɛ wɔhyɛ mo atoro nkɔm.
15 ‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ɔseɛ. ‘Wɔhyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Enti, mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no.’”
‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ose. ‘Wɔhyɛ atoro nkɔm wɔ me din mu. Enti mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no.’”
16 Na meka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne saa nkurɔfoɔ yi nyinaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monntie adiyifoɔ no a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ, ‘Ɛrenkyɛre koraa wɔde Awurade efie nneɛma no bɛfiri Babilonia aba.’ Wɔhyɛ nkɔmtorɔ kyerɛ mo.
Na meka kyerɛɛ asɔfo no ne saa nkurɔfo yi nyinaa se, “Sɛɛ na Awurade se: Munntie adiyifo no a wɔhyɛ mo nkɔm se, ‘Ɛrenkyɛ koraa wɔde Awurade fi nneɛma no befi Babilonia aba.’ Wɔhyɛ atoro nkɔm kyerɛ mo.
17 Monntie wɔn. Monsom Babiloniahene na mobɛnya nkwa. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ saa kuropɔn yi sɛeɛ?
Munntie wɔn. Monsom Babiloniahene na mubenya nkwa. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ saa kuropɔn yi sɛe?
18 Sɛ wɔyɛ adiyifoɔ na Awurade asɛm wɔ wɔn mu a, ma wɔn nkoto nsrɛ Asafo Awurade na nneɛma a wɔde siesie dan mu a aka wɔ Awurade efie ne Yudahene ahemfie ne Yerusalem no, wɔamfa ankɔ Babilonia.
Sɛ wɔyɛ adiyifo na Awurade asɛm wɔ wɔn mu a, ma wɔn nkotow nsrɛ Asafo Awurade na nneɛma a wɔde siesie dan mu a aka wɔ Awurade fi ne Yudahene ahemfi ne Yerusalem no, wɔamfa ankɔ Babilonia.
19 Na yei ne deɛ Asafo Awurade ka fa kɔbere mfrafraeɛ afadum, Ɛpo, nnyinasoɔ a wɔtumi pia ne nneɛma a wɔde siesie dan mu no a aka wɔ kuropɔn yi mu no ho.
Na sɛɛ na Asafo Awurade ka fa kɔbere mfrafrae afadum, po, nnyinaso a wotumi pia ne nneɛma a wɔde siesie dan mu no a aka wɔ kuropɔn yi mu no ho.
20 Deɛ Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ ɛberɛ a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no.
Nea Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ bere a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakyin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma fii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no.
21 Aane, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka fa nneɛma a aka wɔ Awurade efie, Yudahene ahemfie ne Yerusalem no ho:
Yiw, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa nneɛma a aka wɔ Awurade fi, Yudahene ahemfi ne Yerusalem no ho no ni:
22 ‘Wɔbɛfa akɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɛbɛka kɔsi da a mɛba abɛfa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Afei mede nneɛma no bɛsane aba bio abɛsisi wɔn siberɛ wɔ ha.’”
‘Wɔbɛfa akɔ Babilonia, na hɔ na ɛbɛka kosi da a mɛba abɛfa,’ Awurade na ose. ‘Afei mede nneɛma no bɛsan aba bio abesisi wɔn sibea wɔ ha.’”

< Yeremia 27 >