< Yeremia 26 >

1 Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedie ahyɛaseɛ mfeɛ no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baeɛ:
유다 왕 요시야의 아들 여호야김의 즉위 초에 여호와께로서 이 말씀이 임하니라 가라사대
2 “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Gyina Awurade efie mu abannwa hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wɔfiri Yuda nkuro mu bɛsom wɔ Awurade efie mu nyinaa. Ka deɛ mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nnyi asɛm biara mfiri mu.
나 여호와가 이같이 이르노라 너는 여호와의 집 뜰에 서서 유다 모든 성읍에서 여호와의 집에 와서 경배하는 자에게 내가 네게 명하여 이르게 한 모든 말을 고하되 한 말도 감하지 말라
3 Ebia wɔbɛtie, na wɔn mu biara asane afiri nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne enti, mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio.
그들이 듣고 혹시 각각 그 악한 길에서 떠나리라 그리하면 내가 그들의 악행으로 인하여 재앙을 그들에게 내리려 하던 뜻을 돌이키리라
4 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so,
너는 그들에게 이르기를 여호와의 말씀에 너희가 나를 청종치 아니하며 내가 너희 앞에 둔 내 법을 행치 아니하며
5 na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfoɔ adiyifoɔ a mesoma wɔn mo nkyɛn ɛberɛ biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo monntiee wɔn),
내가 너희에게 보내고 부지런히 보낸 나의 종 선지자들의 말을 이미 듣지 아니하였거니와 너희가 만일 다시 듣지 아니하면
6 ɛnneɛ, mɛyɛ efie yi sɛ Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnomedeɛ wɔ asase so aman nyinaa mu.’”
내가 이 집을 실로 같이 되게 하고 이 성으로 세계 열방의 저줏 거리가 되게 하리라 하셨다 하라
7 Asɔfoɔ, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ Awurade efie hɔ.
예레미야가 여호와의 집에서 이 말을 하매 제사장들과 선지자들과 모든 백성이 듣더라
8 Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfoɔ no, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa to hyɛɛ no so kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo wu!
에레미야가 여호와께서 명하신 말씀을 모든 백성에게 고하기를 마치매 제사장들과 선지자들과 모든 백성이 그를 붙잡고 이르되 네가 반드시 죽으리라
9 Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu sɛ, efie yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena so anaa?” Na nnipa no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaeɛ wɔ Awurade efie hɔ.
어찌하여 네가 여호와의 이름을 의탁하고 예언하여 이르기를 이집이 실로 같이 되겠고 이 성이 황무하여 거민이 없으리라 하느뇨 하며 그 모든 백성이 여호와의 집에서 예레미야에게로 모여 드니라
10 Ɛberɛ a Yuda adwumafoɔ tee saa nsɛm yi no, wɔfirii ahemfie hɔ foro kɔɔ Awurade efie kɔtenaa efie no Ɛpono Foforɔ no ano.
유다 방백들이 이 일을 듣고 왕궁에서 여호와의 집으로 올라와서 여호와의 집 새문 어귀에 앉으매
11 Ɛna asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!”
제사장들과 선지자들이 방백들과 모든 백성에게 말하여 가로되 `이 사람은 죽음이 합당하니 너희 귀로 들음같이 이 성을 쳐서 예언하였느니라'
12 Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfoɔ ne nnipa no nyinaa anim sɛ, “Awurade somaa me sɛ, memmɛnhyɛ nkɔm ntia efie yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ moate no nyinaa.
예레미야가 모든 방백과 백성에게 일러 가로되 여호와께서 나를 보내사 너희의 들은 바 모든 말로 이 집과 이 성을 쳐서 예언하게 하셨느니라
13 Na afei montenetene mo akwan ne mo nneyɛɛ, na monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio.
그런즉 너희는 너희 길과 행위를 고치고 너희 하나님 여호와의 목소리를 청종하라 그리하면 여호와께서 너희에게 선고하신 재앙에 대하여 뜻을 돌이키시리라
14 Me deɛ, mewɔ mo nsam; mobɛtumi ayɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ mo ani so.
보라, 나는 너희 손에 있으니 너희 소견에 선한대로, 옳은 대로 하려니와
15 Nanso monkae sɛ, sɛ mokum me a, moahwie mogya a ɛdi bem agu, na ɛso afɔdie bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu so; na nokorɛm Awurade na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nnwu mo asom.”
너희는 분명히 알라 너희가 나를 죽이면 정녕히 무죄한 피로 너희 몸과 이 성과 이 성 거민에게로 돌아가게 하리라 이는 여호와께서 진실로 나를 보내사 이 모든 말을 너희 귀에 이르게 하셨음이니라
16 Na adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn din mu.”
방백들과 모든 백성이 제사장들과 선지자들에게 이르되 이 사람이 우리 하나님 여호와의 이름을 의탁하고 우리에게 말하였으니 죽음이 부당하니라
17 Na asase no so mpanimfoɔ no mu bi sɔreeɛ na wɔka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ,
때에 그 땅 장로 중 몇 사람이 일어나 백성의 온 회중에 말하여 가로되
18 “Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so. Ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ, ‘Yei na Asafo Awurade seɛ: “‘Wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo. Na Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.’
유다 왕 히스기야 시대에 모레셋 사람 미가가 유다 모든 백성에게 예언하여 가로되 만군의 여호와께서 이같이 말씀하시기를 시온은 밭같이 경작함을 당하며 예루살렘은 무더기가 되며 이 전의 산은 수풀의 높은 곳들 같이 되리라 하였으나
19 Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kumm no anaa? Hesekia ansuro Awurade ansrɛ ne hɔ adom? Na ɛno amma Awurade antwɛn sɛ ɔbɛyi amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba wɔn so no amfiri wɔn so anaa? Yɛreyɛ de amanehunu kɛseɛ aba yɛn ankasa so!”
유다 왕 히스기야와 모든 유다가 그를 죽였느냐? 히스기야가 여호와를 두려워하여 여호와께 간구하매 여호와께서 그들에게 선고한 재앙에 대하여 뜻을 돌이키지 아니하셨느냐 우리가 이같이 하면 우리 생명을 스스로 크게 해하는 일이니라
20 (Semaia babarima Uria a ɔfiri Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforɔ a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm korɔ yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛdeɛ Yeremia yɛeɛ no.
또 여호와의 이름을 의탁하고 예언한 사람이 있었는데 곧 기럇여아림 스마야의 아들 우리야라 그가 예레미야의 모든 말과 같이 이 성과 이 땅을 쳐서 예언하매
21 Ɛberɛ a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanimfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ ɔkum no, nanso Uria teeɛ no, ɔde ehu dwane kɔɔ Misraim.
여호야김 왕과 그 모든 용사와 모든 방백이 그 말을 듣고는 왕이 그를 죽이려 하매 우리야가 이를 듣고 두려워 애굽으로 도망하여간지라
22 Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim.
여호야김 왕이 사람을 애굽으로 보내되 곧 악볼의 아들 엘라단과 몇 사람을 함께 애굽으로 보내었더니
23 Wɔde Uria firi Misraim baeɛ, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde akofena kumm no na wɔtoo ne funu twenee kwasafo asieeɛ.)
그들이 우리야를 애굽에서 끌어내어 여호야김 왕께로 데려오매 왕이 칼로 그를 죽이고 그 시체를 평민의 묘실에 던지게 하였다 하니라
24 Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔammfa no amma ɛdɔm no sɛ wɔnkum no.
사반의 아들 아히감이 예레미야를 보호하여 예레미야를 백성의 손에 내어주지 아니하여 죽이지 못하게 하니라

< Yeremia 26 >