< Yeremia 25 >

1 Asɛm a ɛfa Yudafoɔ nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim, adedie afe a ɛtɔ so ɛnan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedie afe a ɛdi ɛkan.
The word which came to Jeremiah concerning all the people of Judah in the fourth year of Jehoiakim, the son of Josiah, king of Judah, which was the first year of Nebuchadnezzar, king of Babylon;
2 Enti odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa sɛ,
which Jeremiah the prophet spake to all the people of Judah, and to all the inhabitants of Jerusalem, saying: —
3 Mfeɛ aduonu mmiɛnsa nie, ɛfiri Yudahene Amon babarima Yosia adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa bɛsi ɛnnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso monntieɛ.
From the thirteenth year of Josiah, the son of Amon, king of Judah, even to this day, for three and twenty years, the word of Jehovah hath come to me, and I have spoken to you, rising early and speaking; but ye have not hearkened.
4 Mpo Awurade asoma nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na montiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn.
Also Jehovah hath sent to you all his servants the prophets, rising early and sending them; but ye have not hearkened, nor inclined your ear to hear.
5 Wɔkaa sɛ, “Mo mu biara mfiri nʼakwan bɔne ne ne nneyɛɛ bɔne ho, na mobɛtumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ.
“Turn ye now,” said they, “every one from your evil way, and from your evil doings, and ye shall dwell in the land which Jehovah gave to you and to your fathers for ever and ever.
6 Monni anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn nsɔre wɔn; mommfa deɛ mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuo. Afei merenha mo.”
And go not after strange gods to serve them, and to worship them, and provoke me not to anger with the work of your hands; and I will do you no hurt.”
7 “Nanso moanntie me,” Awurade na ɔseɛ, “na mode deɛ mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuo, na mode ɔhaw aba mo so.”
But ye have not hearkened to me, saith Jehovah, that ye might provoke me to anger with the works of your hands to your own hurt.
8 Afei deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no enti,
Therefore thus saith Jehovah of hosts: Because ye have not hearkened to my words,
9 mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ɔseɛ, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sotefoɔ, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, ne amamfo afebɔɔ.
behold, I will send and take all the nations of the North, saith Jehovah, and Nebuchadnezzar, the king of Babylon, my servant, and will bring them against this land and its inhabitants, and against all these nations round about, and will utterly destroy them, and make them an astonishment, and a hissing, and a perpetual desolation.
10 Mɛyi ahosane ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne, oyuyammoɔ nnyegyeeɛ ne kanea hann afiri wɔn mu.
Yea, I will take from them the voice of mirth, and the voice of gladness, the voice of the bridegroom and the voice of the bride, the sound of the mill-stones, and the light of the lamp.
11 Ɔman mu no nyinaa bɛdane asase wesee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirinhyia aduɔson.
And this whole land shall be a desolation and an astonishment; and these nations shall serve the king of Babylon seventy years.
12 “Na mfirinhyia aduɔson awieeɛ no, mɛtwe Babiloniahene ne ne ɔman, Babiloniafoɔ asase aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, mɛdane no amanfo afebɔɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
But when seventy years shall have passed, I will punish the king of Babylon and his nation for their iniquity, saith Jehovah, and the land of the Chaldaeans, and I will make it a perpetual desolation.
13 “Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, deɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no.
And I will bring upon that land all my words which I have pronounced against it, all that is written in this book, which Jeremiah hath prophesied against all the nations.
14 Wɔn ankasa deɛ, amanaman bebree ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na mɛtua wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”
For they, even they, shall be brought into subjection to many nations and great kings. I will render to them according to their deeds, and according to the works of their own hands.
15 Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuhyeɛ nsã ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.
For thus hath Jehovah, the God of Israel, said to me: Take this cup of the wine of wrath from my hand; and let all the nations to which I shall send thee drink of it.
16 Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam ɛsiane akofena a mɛsoma akɔ wɔn so no enti.”
Let them drink, and stagger, and become mad because of the sword which I am about to send among them.
17 Ɛno enti, megyee kuruwa no firii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomeeɛ:
So I took the cup from the hand of Jehovah, and gave it to all the nations to drink, to which Jehovah sent me;
18 Yerusalem ne Yuda nkuro, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfoɔ sɛ wɔnyɛ asɛedeɛ, ahodwiredeɛ, fɛdideɛ ne nnome, sɛdeɛ wɔteɛ ɛnnɛ da yi,
to Jerusalem and to the cities of Judah, and to the kings thereof, and the princes thereof, to make them a desolation, and an astonishment, and a hissing, and a curse; [[as it is this day.]]
19 Misraimhene Farao, nʼasomfoɔ, nʼadwumayɛfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa,
To Pharaoh, king of Egypt, and to his servants, and to his princes, and to all his people,
20 amanfrafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa; Us ahemfo; Filistifoɔ ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagya wɔn wɔ Asdod);
and all the allied people; and to all the kings of the land of Uz, and to all the kings of the land of the Philistines, and to Askelon, and to Gaza, and to Ekron, and to the remnant of Ashdod;
21 Edom, Moab ne Amon;
to Edom, and to Moab, and to the children of Ammon;
22 Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa; ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ ɛpo agya no;
and to all the kings of Tyre, and to all the kings of Sidon, and to the kings of the lands which are beyond the sea;
23 Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;
to Dedan, and to Tema, and to Buz, and to all that shave the cheek;
24 Arabia ahemfo ne amanfrafoɔ ahemfo nyinaa a wɔtete anweatam so no.
and to all the kings of Arabia, and to all the kings of the allied people who dwell in the desert;
25 Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;
and to all the kings of Zimri, and to all the kings of Elam, and to all the kings of Media;
26 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahennie ahodoɔ. Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.
and to all the kings of the North, those that are near, and those that are afar off with respect to each other, and to all the kingdoms of the earth which are upon the face of the ground; and the king of Sheshach shall drink after them.
27 “Afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Monnom, mommobo na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, ɛsiane akofena a mɛsoma aba mo so enti.’
And say to them, Thus saith Jehovah of hosts, the God of Israel: Drink ye and be drunken, and vomit, and fall to rise no more because of the sword which I am about to send among you.
28 Na sɛ wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ monom!
And if they refuse to take the cup from thy hand to drink, then say to them, Thus saith Jehovah of hosts: Ye shall surely drink!
29 Monhwɛ, merebɛfiti aseɛ de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso anaa? Wɔbɛtwe mo aso, ɛfiri sɛ merefrɛ akofena aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ɔseɛ.’
For behold, upon the city which is called by my name I begin to bring evil; and shall ye go wholly unpunished? Ye shall not go unpunished; for I am about to call the sword upon all the inhabitants of the earth, saith Jehovah of hosts.
30 “Afei, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ, “‘Awurade bɛfiri soro abobom; ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ, na wabobɔ mu denden atia nʼasase. Ɔbɛteam te sɛ wɔn a wɔtiatia bobe aba so, ɔbɛteam agu wɔn a wɔtete asase no so.
Therefore, prophesy against them all these words, and say to them: —Jehovah shall roar from on high, From his holy habitation shall he utter his voice; He shall roar aloud against his dwelling-place; A shout like that of vintagers shall he raise Against all the inhabitants of the earth.
31 Hooyɛ bɛgyegye akɔ nsase ano, na Awurade bɛbɔ kwaadu atia amanaman; ɔbɛbu adasamma nyinaa atɛn na ɔde amumuyɛfoɔ ama akofena,’” Awurade na ɔseɛ.
An outcry shall reach to the ends of the earth; For Jehovah hath a controversy with the nations; He entereth into judgment with all flesh; The wicked will he give up to the sword, saith Jehovah.
32 Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛ firi ɔman so kɔ ɔman foforɔ so; ahum kɛseɛ bi rema ne ho so afiri nsase ano.”
Thus saith Jehovah of hosts: Behold, evil shall go forth from nation to nation, And a great whirlwind shall be raised up from the extremities of the earth.
33 Saa ɛberɛ no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, firi asase ano kɔsi ano nohoa. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam.
At that day shall the slain of Jehovah lie From one end of the earth to the other end of the earth; They shall not be lamented, nor gathered, nor buried; They shall be dung upon the ground.
34 Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ; mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ. Mokum berɛ no aduru mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den.
Howl, O ye shepherds, and cry! Roll yourselves in the dust, ye leaders of the flock, For your time to be slaughtered has come! And I will scatter you, and ye shall fall like a goodly vessel.
35 Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ na nnwankuo no ntuanofoɔ no rennya ɛkwan nnwane.
The shepherds shall have no way to flee, Nor the leaders of the flock to escape.
36 Montie nnwanhwɛfoɔ no su, ne nnwankuo no ntuanofoɔ agyaadwotwa, ɛfiri sɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.
[[Hark!]] the voice of the cry of the shepherds, And the wailing of the leaders of the flock, Because Jehovah layeth waste their pasture!
37 Ɛserɛ nsase a asomdwoeɛ wɔ soɔ no bɛda mpan ɛsiane Awurade abufuhyeɛ no enti.
Yea, the peaceful pastures are destroyed Because of the fierce anger of Jehovah.
38 Na wɔn asase bɛda mpan te sɛ gyata a ɔfiri ne tu mu ɛsiane ɔhyɛsofoɔ no akofena ne Awurade abufuhyeɛ no enti.
He hath left, like a lion, his covert; For their land is become desolate, Because of the wrath of the destroying sword, And because of the fierceness of his anger.

< Yeremia 25 >