< Yeremia 24 >

1 Babiloniahene Nebukadnessar faa Yudahene Yehoiakin a ɔyɛ Yehoiakim babarima, nʼadwumayɛfoɔ, nʼadwumfoɔ ne nʼatomfoɔ a wɔwɔ Yuda firii Yerusalem kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia no akyi no, Awurade kyerɛɛ me borɔdɔma nkɛntɛn mmienu a wɔde asisi Awurade asɔredan no anim.
The LORD showed me, and behold, two baskets of figs were set before the LORD’s temple, after Nebuchadnezzar king of Babylon had carried away captive Jeconiah the son of Jehoiakim, king of Judah, and the princes of Judah, with the craftsmen and smiths, from Jerusalem, and had brought them to Babylon.
2 Kɛntɛn baako mu borɔdɔma no yɛ papa te sɛ deɛ ɛbere ntɛm; borɔdɔma a ɛwɔ kɛntɛn a ɛka ho no mu no nyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo.
One basket had very good figs, like the figs that are first-ripe; and the other basket had very bad figs, which could not be eaten, they were so bad.
3 Na Awurade bisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Yeremia?” Mebuaa sɛ, “Borɔdɔma, deɛ ɛyɛ pa ara, ne deɛ ɛnyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo.”
Then the LORD asked me, “What do you see, Jeremiah?” I said, “Figs. The good figs are very good, and the bad are very bad, so bad that they cannot be eaten.”
4 Ɛna Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
The LORD’s word came to me, saying,
5 “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Borɔdɔma papa no gyina hɔ ma atukɔfoɔ a wɔfiri Yuda, wɔn a metwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia asase so no.
“The LORD, the God of Israel says: ‘Like these good figs, so I will regard the captives of Judah, whom I have sent out of this place into the land of the Chaldeans, as good.
6 Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiedie, na mɛsane de wɔn aba ha bio. Mɛsiesie wɔn na merensɛe wɔn. Mɛdua wɔn, na merentu wɔn ase.
For I will set my eyes on them for good, and I will bring them again to this land. I will build them, and not pull them down. I will plant them, and not pluck them up.
7 Mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhunu me sɛ, me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn.
I will give them a heart to know me, that I am the LORD. They will be my people, and I will be their God; for they will return to me with their whole heart.
8 “‘Nanso te sɛ borɔdɔma a ɛnyɛ no, deɛ ɛnyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo no,’ deɛ Awurade seɛ nie, ‘saa ara na mɛyɛ Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne Yerusalem nkaeɛfoɔ, sɛ wɔte asase yi so anaa wɔte Misraim.
“‘As the bad figs, which cannot be eaten, they are so bad,’ surely the LORD says, ‘So I will give up Zedekiah the king of Judah, and his princes, and the remnant of Jerusalem who remain in this land, and those who dwell in the land of Egypt.
9 Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ne mfomsodeɛ ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahɔhora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ asredeɛ ne mmusuo baabiara a mɛpam wɔn akɔ.
I will even give them up to be tossed back and forth among all the kingdoms of the earth for evil, to be a reproach and a proverb, a taunt and a curse, in all places where I will drive them.
10 Mɛsoma akofena, ɛkɔm ne yaredɔm akɔ wɔn so kɔsi sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa afiri asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom.’”
I will send the sword, the famine, and the pestilence among them, until they are consumed from off the land that I gave to them and to their fathers.’”

< Yeremia 24 >