< Yeremia 21 >
1 Asɛm firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a, ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania kɔɔ ne nkyɛn. Wɔkaa sɛ,
The word which came to Jeremiah from the LORD, when King Zedekiah sent to him Pashhur the son of Malchijah, and Zephaniah the son of Maaseiah, the priest, saying,
2 “Bisa Awurade, ma yɛn ɛfiri sɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ ama yɛn, sɛdeɛ ɔyɛɛ mmerɛ bi a atwam no na wafiri yɛn so akɔ.”
“Please inquire of the LORD for us; for Nebuchadnezzar king of Babylon makes war against us. Perhaps the LORD will deal with us according to all his wondrous works, that he may withdraw from us.”
3 Na Yeremia buaa wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Sedekia sɛ,
Then Jeremiah said to them, “Tell Zedekiah:
4 ‘Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Merebɛdane mo nsam akodeɛ atia mo, deɛ mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafoɔ a wɔwɔ ɔfasuo no akyi na wɔatua mo kuropɔn no. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu.
‘The LORD, the God of Israel says, “Behold, I will turn back the weapons of war that are in your hands, with which you fight against the king of Babylon, and against the Chaldeans who besiege you outside the walls; and I will gather them into the middle of this city.
5 Me ara mede nsa a matene ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuo, anibereɛ ne abufuhyeɛ mu.
I myself will fight against you with an outstretched hand and with a strong arm, even in anger, in wrath, and in great indignation.
6 Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛkunkum wɔn.
I will strike the inhabitants of this city, both man and animal. They will die of a great pestilence.
7 Ɛno akyi, Awurade asɛm nie, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, akofena ne ɛkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfoɔ wɔrepɛ wɔn nkwa no. Ɔde akofena bɛkunkum wɔn; ɔrenhunu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehyeɛ mma wɔn.’
Afterward,” says the LORD, “I will deliver Zedekiah king of Judah, his servants, and the people, even those who are left in this city from the pestilence, from the sword, and from the famine, into the hand of Nebuchadnezzar king of Babylon, and into the hand of their enemies, and into the hand of those who seek their life. He will strike them with the edge of the sword. He will not spare them, have pity, or have mercy.”’
8 “Ɛbio, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ mede nkwa ɛkwan ne owuo ɛkwan resi mo anim.
“You shall say to this people, ‘The LORD says: “Behold, I set before you the way of life and the way of death.
9 Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena anaa ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara ɔbɛpue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafoɔ a wɔabɛtua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi.
He who remains in this city will die by the sword, by the famine, and by the pestilence, but he who goes out and passes over to the Chaldeans who besiege you, he will live, and he will escape with his life.
10 Mawe ahinam sɛ, mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.’
For I have set my face on this city for evil, and not for good,” says the LORD. “It will be given into the hand of the king of Babylon, and he will burn it with fire.”’
11 “Deɛ ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehyefie sɛ, ‘Montie Awurade asɛm;
“Concerning the house of the king of Judah, hear the LORD’s word:
12 Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ: “‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara; monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam, anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogya ɛsiane bɔne a moayɛ enti, ɛbɛhye a obiara rennum no.
House of David, the LORD says, ‘Execute justice in the morning, and deliver him who is robbed out of the hand of the oppressor, lest my wrath go out like fire, and burn so that no one can quench it, because of the evil of your doings.
13 Me ne mo anya, Yerusalem Mo a mote bɔnhwa yi atifi abotan asaseta soɔ, Awurade na ɔseɛ, mo a moka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ako atia yɛn? Hwan na ɔbɛtumi ahyɛne yɛn hintabea?”
Behold, I am against you, O inhabitant of the valley, and of the rock of the plain,’ says the LORD. ‘You that say, “Who would come down against us?” or, “Who would enter into our homes?”
14 Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ, Awurade na ɔseɛ. Mɛto mo kwaeɛ mu ogya, a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’”
I will punish you according to the fruit of your doings,’ says the LORD; ‘and I will kindle a fire in her forest, and it will devour all that is around her.’”