< Yeremia 20 >

1 Ɛberɛ a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfoɔ so panin babarima ɔsɔfoɔ Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no,
And when Pashhur son of Immer, the priest, who also was deputy-overseer in the house of Yahweh, heard that Jeremiah had prophesied these things,
2 ɔmaa wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ.
then Pashhur smote Jeremiah the prophet, —and put him in the stocks that were in the upper gate of Benjamin, which was in the house of Yahweh.
3 Adeɛ kyeeɛ a, Pashur sanee no no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib.
And it came to pass on the morrow, when Pashhur brought forth Jeremiah out of the stocks, —that Jeremiah said unto him—Not Pashhur, hath Yahweh called thy name, But Magor-missaviv["Terror-round-about"].
4 Na sei na Awurade seɛ: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani bɛhunu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfoɔ akofena ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde akofena bɛkunkum wɔn.
For, Thus, saith Yahweh—Behold me! making thee a ["magor" i. e. a] terror to thyself and to all who love thee, and they shall fall by the sword of their enemies, thine own eyes also, beholding, And all Judah, will I deliver into the hand of the king of Babylon, and he will carry them captive to Babylon and smite them with the sword.
5 Mede kuropɔn yi ahodeɛ nyinaa bɛma wɔn atamfoɔ; nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa. Wɔbɛfa no sɛ afodeɛ akɔ Babilonia.
And I will deliver up—All the wealth of this city, and All her labour, and All her precious things, —And all the treasures of the kings of Judah, will I deliver up into the hands of their enemies, and they will make of them a prey, and take them, and carry them into Babylon.
6 Na wo Pashur, ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn nkɔmtorɔ no nyinaa bɛwuwu na wɔasie mo.’”
And, thou, Pashhur and all who are dwelling in thy house, shall go into captivity, —Yea into Babylon, shalt thou enter And there, shalt thou die And there, shalt thou be buried Thou and all who love thee, to whom thou hast prophesied falsely.
7 Ao, Awurade, woadaadaa me; na mapene so ama woadaadaa. Wɔtwee me da mu nyinaa; na obiara sere me.
Thou didst persuade me, O Yahweh and I was persuaded, Thou didst lay firm hold on me and didst prevail, —I am become a mockery, all the day, Every one, is laughing at me.
8 Ɛberɛ biara a mɛkasa no, meteam pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛeɛ. Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa abrɛ me da mu nyinaa.
For, as often as I speak, I make outcry, Violence and wasting, I proclaim, —Yea the word of Yahweh hath become to me a reproach and derision all the day
9 Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din anaa merenkasa wɔ ne din mu” a, nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu, ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu. Mede ahyɛ me mu abrɛ nokorɛm, merentumi.
Therefore I say—I will not mention him Neither will I speak any more in his name, But then it becometh in my heart as a fire that burneth, Shut up in my bones, —And I am weary of restraint and cannot refrain.
10 Mete asomusɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi atɔ ne so were.”
Because I have heard the whispering of many—"A terror round about!" Tell ye [say they], that we may tell of him, All the men I am wont to salute do watch for my halting, —Peradventure he will be persuaded, and we shall prevail over him, and take our vengeance upon him.
11 Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima; enti mʼataafoɔ bɛsuntisunti na wɔrentumi nnyina. Wɔbɛdi nkoguo na wɔn anim bɛgu ase pasaa; wɔn werɛ remfiri wɔn nsopa no da.
But, Yahweh, is with me, as a mighty one striking terror, For this cause, shall my persecutors stumble and not prevail, —They have turned very pale, For they have not prospered, Confusion age-abiding, it shall not be forgotten!
12 Ao, Asafo Awurade! Wo a wɔsɔ ɔteneneeni hwɛ na wopɛɛpɛɛ akoma ne adwene mu, ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, ɛfiri sɛ mede mʼasɛm dane wo.
But O Yahweh of hosts—Testing the righteous Beholding the affections and the heart, —Let me see thine avenging upon them, For unto thee, have I laid bare my cause.
13 Monto dwom mma Awurade! Monyi Awurade ayɛ! Ɔgye ohiani nkwa firi amumuyɛfoɔ nsam.
Sing ye to Yahweh! Praise ye Yahweh! For he hath delivered the soul of the needy, out of the hand of evildoers.
14 Nnome nka da a wɔwoo me! Nhyira mpare ɛda a me maame woo me.
Accursed, be the day on which I was born, —The day when my mother bare me, let it not be blessed!
15 Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya kaseɛ, deɛ ɔmaa nʼani gyeeɛ, na ɔkaa sɛ, “Wɔawo ɔbabarima ama wo!”
Accursed, be the man who carried tidings to my father saying, There is born to thee a man-child!
16 Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkuro a Awurade tuguiɛ a wannya ahummɔborɔ no. Ma ɔnte osu anɔpa, ne ɔko owigyinaeɛ.
Making him very glad: Yea let that man be—as the cities which Yahweh overthrew and repented not, —And let him hear An outcry in the morning, and A war-shout at broad noon!
17 Ɛfiri sɛ, wankum me wɔ awotwaa mu amma me maame anyɛ damena amma me.
Because I was not slain from the womb, —Nor did my mother become my grave, Nor was her womb great for ever!
18 Adɛn koraa na mefirii awotwaa mu pueɛ bɛhunuu ɔhaw ne awerɛhoɔ na mede aniwuo rebɛwie me nkwa nna yi?
Wherefore was it—That from the womb, I came forth, to see labour and pain; and That in shame should my days be consumed!

< Yeremia 20 >