< Yeremia 2 >
1 Awurade asɛm baa me so:
And the word of the LORD came to me, saying:
2 “Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte: “Mekae sɛdeɛ wode wo ho maa me wo mmabunu berɛ mu, sɛdeɛ wo dɔɔ me wʼayeforɔ berɛ mu na wodii mʼakyi wɔ ɛserɛ so, asase a wɔnnuaa so hwee.
Go, and cry in the ears of Jerusalem, saying: Thus saith the LORD: I remember for thee the affection of thy youth, the love of thine espousals; how thou wentest after Me in the wilderness, in a land that was not sown.
3 Na Israel yɛ kronkron ma Awurade, ne twaberɛ mu abukan; wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ, na amanehunu baa wɔn so,” sɛdeɛ Awurade, seɛ nie.
Israel is the LORD'S hallowed portion, His first-fruits of the increase; all that devour him shall be held guilty, evil shall come upon them, saith the LORD.
4 Montie Awurade asɛm, Ao Yakob fiefoɔ, mo Israel mmusuakuo nyinaa.
Hear ye the word of the LORD, O house of Jacob, and all the families of the house of Israel;
5 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho a ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei? Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi, ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ.
Thus saith the LORD: What unrighteousness have your fathers found in Me, that they are gone far from Me, and have walked after things of nought, and are become nought?
6 Wɔammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ? Deɛ ɔyii yɛn firii Misraim na ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so, anweatam ne amenamena asase a awo na ayɛ owubɔn no. Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.’
Neither said they: 'Where is the LORD that brought us up out of the land of Egypt; that led us through the wilderness, through a land of deserts and of pits, through a land of drought and of the shadow of death, through a land that no man passed through, and where no man dwelt?'
7 Mede mo bɛduaa asase bereɛ so sɛ monni so nnuaba ne ɛso nnepa. Nanso mobɛguu mʼasase ho fi na moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ.
And I brought you into a land of fruitful fields, to eat the fruit thereof and the good thereof; but when ye entered, ye defiled My land, and made My heritage an abomination.
8 Asɔfoɔ no ammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?’ Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me; ntuanofoɔ sɔre tiaa me. Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm, na wɔdii ahoni huhuo akyi.
The priests said not: 'Where is the LORD?' And they that handle the law knew Me not, and the rulers transgressed against Me; the prophets also prophesied by Baal, and walked after things that do not profit.
9 “Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,” deɛ Awurade seɛ nie. “Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.
Wherefore I will yet plead with you, saith the LORD, and with your children's children will I plead.
10 Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ, monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie; monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ:
For pass over to the isles of the Kittites, and see, and send unto Kedar, and consider diligently, and see if there hath been such a thing.
11 Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa? Nso wɔnnyɛ anyame mpo. Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam asesa ahoni huhuo.
Hath a nation changed its gods, which yet are no gods? But My people hath changed its glory for that which doth not profit.
12 Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho, na mo ho nwoso akomatuo mu,” deɛ Awurade seɛ nie.
Be astonished, O ye heavens, at this, and be horribly afraid, be ye exceeding amazed, saith the LORD.
13 “Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu: Wɔapa mʼakyi, me a meyɛ nkwa asutire no, na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena, amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo.
For My people have committed two evils: they have forsaken Me, the fountain of living waters, and hewed them out cisterns, broken cisterns, that can hold no water.
14 Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa? Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi?
Is Israel a servant? Is he a home-born slave? Why is he become a prey?
15 Agyata abobɔ mu; wɔapɔ no so. Wɔasɛe nʼasase; wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo.
The young lions have roared upon him, and let their voice resound; and they have made his land desolate, his cities are laid waste, without inhabitant.
16 Afei, Memfis ne Tapanhes mmarima ayi wo tiri so nwi.
The children also of Noph and Tahpanhes feed upon the crown of thy head.
17 Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo so sɛ wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi, wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan?
Is it not this that doth cause it unto thee, that thou hast forsaken the LORD thy God, when He led thee by the way?
18 Afei adɛn enti na mokɔ Misraim kɔnom Sihor mu nsuo? Na adɛn enti na mokɔ Asiria kɔnom Asubɔnten no mu nsuo?
And now what hast thou to do in the way to Egypt, to drink the waters of Shihor? Or what hast thou to do in the way to Assyria, to drink the waters of the River?
19 Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso; wʼakyirisane bɛka wʼanim. Enti dwene ho na hunu sɛ, sɛ wopa Awurade wo Onyankopɔn akyi na woannya ne ho suro a, ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo.” Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ.
Thine own wickedness shall correct thee, and thy backslidings shall reprove thee: know therefore and see that it is an evil and a bitter thing, that thou hast forsaken the LORD thy God, neither is My fear in thee, saith the Lord GOD of hosts.
20 “Mmerɛ bi atwam, wobubuu wo kɔnnua mu, na wotetee wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na wokaa sɛ, ‘Merensom wo!’ Nokorɛm, wɔ kokoɔ biara so ne dua biara a adendan ase na wotena bɔɔ adwaman.
For of old time I have broken thy yoke, and burst thy bands, and thou saidst: 'I will not transgress'; upon every high hill and under every leafy tree thou didst recline, playing the harlot.
21 Meduaa wo sɛ bobe amapa a ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ me bɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wɔ wura mu yi?
Yet I had planted thee a noble vine, wholly a right seed; how then art thou turned into the degenerate plant of a strange vine unto Me?
22 Sɛ wode soda ne samina bebree dware mpo a, wʼafɔdie nkekaawa da so wɔ hɔ ara,” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.
For though thou wash thee with nitre, and take thee much soap, yet thine iniquity is marked before Me, saith the Lord GOD.
23 “Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi; mennii Baalnom akyi’? Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu; dwene deɛ woayɛ no ho. Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔ a wotu mmirika kɔ ha ba ha,
How canst thou say: 'I am not defiled, I have not gone after the Baalim'? See thy way in the Valley, know what thou hast done; thou art a swift young camel traversing her ways;
24 wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no, ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no. Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no? Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree; ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no.
A wild ass used to the wilderness, that snuffeth up the wind in her desire; her lust, who can hinder it? All they that seek her will not weary themselves; in her month they shall find her.
25 Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboa na wo mene mu bɛwe. Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ! Mepɛ ananafoɔ anyame, na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’
Withhold thy foot from being unshod, and thy throat from thirst; but thou saidst: 'There is no hope; no, for I have loved strangers, and after them will I go.'
26 “Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no, saa na wɔagu Israel efie anim ase, wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ.
As the thief is ashamed when he is found, so is the house of Israel ashamed; they, their kings, their princes, and their priests, and their prophets;
27 Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ, ‘Bra bɛgye yɛn!’
Who say to a stock: 'Thou art my father', and to a stone: 'Thou hast brought us forth', for they have turned their back unto Me, and not their face; but in the time of their trouble they will say: 'Arise, and save us.'
28 Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he? Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu! Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda.
But where are thy gods that thou hast made thee? Let them arise, if they can save thee in the time of thy trouble; for according to the number of thy cities are thy gods, O Judah.
29 “Adɛn enti na mobɔ me soboɔ? Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ɔseɛ.
Wherefore will ye contend with Me? Ye all have transgressed against Me, saith the LORD.
30 “Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa; wɔamfa me ntenesoɔ. Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ te sɛ gyata a nʼani abereɛ.
In vain have I smitten your children — they received no correction; your sword hath devoured your prophets, like a destroying lion.
31 “Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho: “Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa? Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa? Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin; yɛremma wo nkyɛn bio.’
O generation, see ye the word of the LORD: have I been a wilderness unto Israel? or a land of thick darkness? Wherefore say My people: 'We roam at large; we will come no more unto Thee'?
32 Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ, ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa? Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me, nna a wɔntumi nkan.
Can a maid forget her ornaments, or a bride her attire? Yet My people have forgotten Me days without number.
33 Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ! Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.
How trimmest thou thy way to seek love! Therefore — even the wicked women hast thou taught thy ways;
34 Mo aduradeɛ mu, nnipa hunu ahiafoɔ a wɔdi bem mogya, nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mo dan mu. Yeinom nyinaa akyi
Also in thy skirts is found the blood of the souls of the innocent poor; thou didst not find them breaking in; yet for all these things
35 woka sɛ, ‘Medi bem; ne bo mfuu me.’ Nanso mɛbu wo atɛn ɛfiri sɛ wo ka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne biara.’
Thou saidst: 'I am innocent; surely His anger is turned away from me' — behold, I will enter into judgment with thee, because thou sayest: 'I have not sinned.'
36 Adɛn enti na wokyinkyini se, sesa wʼakwan? Misraim bɛdi wo hwammɔ sɛdeɛ Asiria yɛeɛ no.
How greatly dost thou cheapen thyself to change thy way? Thou shalt be ashamed of Egypt also, as thou wast ashamed of Asshur.
37 Afei wobɛfiri saa beaeɛ hɔ a wo nsa gu wo tiri so. Ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no; wɔremmoa wo.
From him also shalt thou go forth, with thy hands upon thy head; for the LORD hath rejected them in whom thou didst trust, and thou shalt not prosper in them.