< Yeremia 19 >

1 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Kɔ na kɔtɔ dɔteɛ kuruwa firi ɔnwomfoɔ nkyɛn. Fa nnipa no mpanimfoɔ no mu bi ne asɔfoɔ no mu bi ka wo ho
Thus said the LORD, “Go, and buy a potter’s earthen container, and take some of the elders of the people and of the elders of the priests;
2 na firi adi kɔ Ben Hinom Bɔnhwa a ɛbɛn Pɔthɛd Ɛpono ano no. Ɛhɔ na pae mu ka nsɛm a meka kyerɛ wo no,
and go out to the valley of the son of Hinnom, which is by the entry of the gate Harsith, and proclaim there the words that I will tell you.
3 sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ. Yei ne deɛ Asafo Awurade Israel Onyankopɔn seɛ: Montie, mede amanehunu reba ha, na obiara a ɔbɛte no aso mu bɛyɛ no yɔnn.
Say, ‘Hear the LORD’s word, kings of Judah and inhabitants of Jerusalem: The LORD of Armies, the God of Israel says, “Behold, I will bring evil on this place, which whoever hears, his ears will tingle.
4 Ɛfiri sɛ, wɔagya me na wɔde ha ama ananafoɔ anyame; wɔahye afɔrebɔdeɛ wɔ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhunuu wɔn da, na wɔde mogya a ɛdi bem ahyɛ ha ma.
Because they have forsaken me, and have defiled this place, and have burned incense in it to other gods that they did not know—they, their fathers, and the kings of Judah—and have filled this place with the blood of innocents,
5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhye wɔn mmammarima sɛ afɔrebɔdeɛ ama Baal, adeɛ a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu.
and have built the high places of Baal to burn their children in the fire for burnt offerings to Baal, which I did not command, nor speak, which did not even enter into my mind.
6 Ɛno enti, monhwɛ yie na nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a nnipa remfrɛ ha sɛ Tofet anaa Ben Hinom Bɔnhwa bio, na mmom, Okum Bɔnhwa.
Therefore, behold, the days come,” says the LORD, “that this place will no more be called ‘Topheth’, nor ‘The Valley of the son of Hinnom’, but ‘The valley of Slaughter’.
7 “‘Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛeɛ wɔ ha. Mɛma wɔatotɔ wɔ akofena ano wɔ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma ewiem nnomaa ne asase so mmoa sɛ wɔn aduane.
“‘“I will make the counsel of Judah and Jerusalem void in this place. I will cause them to fall by the sword before their enemies, and by the hand of those who seek their life. I will give their dead bodies to be food for the birds of the sky and for the animals of the earth.
8 Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no animtiabudeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ no nyinaa ho bɛdwiri wɔn, na nʼapirakuro no enti wɔbɛdi ne ho fɛw.
I will make this city an astonishment and a hissing. Everyone who passes by it will be astonished and hiss because of all its plagues.
9 Mɛma wɔawe wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nam, na wɔbɛfiri ahohia a atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no tua de bɛba wɔn so no mu awe wɔn ho wɔn ho nam.’
I will cause them to eat the flesh of their sons and the flesh of their daughters. They will each eat the flesh of his friend in the siege and in the distress with which their enemies, and those who seek their life, will distress them.”’
10 “Afei, bɔ kuruwa no wɔ wɔn a wɔka wo ho no anim ma wɔnhwɛ,
“Then you shall break the container in the sight of the men who go with you,
11 na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Mɛbɔ saa ɔman yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ wɔabɔ ɔnwomfoɔ kuruwa yi a wɔrentumi nsiesie bio. Wɔbɛsie awufoɔ wɔ Tofet kɔsi sɛ, ɛhɔ bɛyɛ ma.
and shall tell them, ‘The LORD of Armies says: “Even so I will break this people and this city as one breaks a potter’s vessel, that cannot be made whole again. They will bury in Topheth until there is no place to bury.
12 Sei ara na mɛyɛ saa beaeɛ yi ne wɔn a wɔtete so, Awurade na ɔseɛ. Mɛyɛ kuropɔn yi sɛ Tofet.
This is what I will do to this place,” says the LORD, “and to its inhabitants, even making this city as Topheth.
13 Afie a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda ahemfo ahemfie ho bɛgu fi te sɛ Tofet ha. Afie a, wɔhyee nnuhwam wɔ adan atifi maa ɔsoro asafo nyinaa na wɔguu nsã maa anyame foforɔ.’”
The houses of Jerusalem and the houses of the kings of Judah, which are defiled, will be as the place of Topheth, even all the houses on whose roofs they have burned incense to all the army of the sky and have poured out drink offerings to other gods.”’”
14 Afei Yeremia sane firii Tofet, baabi a Awurade somaa no sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔm hɔ no baeɛ, na ɔbɛgyinaa Awurade asɔredan abangua mu na ɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ,
Then Jeremiah came from Topheth, where the LORD had sent him to prophesy, and he stood in the court of the LORD’s house, and said to all the people:
15 “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Montie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ɛho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ kɔnsenee na wɔantie me nsɛm.’”
“The LORD of Armies, the God of Israel says, ‘Behold, I will bring on this city and on all its towns all the evil that I have pronounced against it, because they have made their neck stiff, that they may not hear my words.’”

< Yeremia 19 >