< Yeremia 17 >

1 “Wɔde dadeɛ twerɛdua akrukyire Yuda bɔne, dadeɛ twerɛdua a ano te sɛ twerɛboɔ, wɔ wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so.
The sin of Judah [is] written with a pen of iron, [and] with the point of a diamond: [it is] graven upon the table of their heart, and upon the horns of your altars;
2 Mpo, wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne Asera afɔrebukyia a ɛwɔ nnua a adendan no nkyɛn ne nkokoɔ atentene no so.
Whilst their children remember their altars and their groves by the green trees upon the high hills.
3 Me mmepɔ a ɛwɔ asase no so ne mo ahonyadeɛ ne mo akoradeɛ nyinaa, mede bɛma sɛ afodeɛ, ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso, ɛsiane mo ɔman no so bɔne enti.
O my mountain in the field, I will give thy substance [and] all thy treasures to the spoil, [and] thy high places for sin, throughout all thy borders.
4 Mo ankasa mfomsoɔ enti, mobɛhwere agyapadeɛ a mede maa mo no. Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ asase a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ moahwanyane mʼabufuo, na ɛbɛtena hɔ daa.”
And thou, even thyself, shall discontinue from thy heritage that I gave thee; and I will cause thee to serve thy enemies in the land which thou knowest not: for ye have kindled a fire in my anger, [which] shall burn for ever.
5 Sei na Awurade seɛ, “Nnome nka deɛ ɔde ne ho to onipa so, deɛ ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden na nʼakoma dane firi Awurade ho.
Thus saith the LORD; Cursed [be] the man that trusteth in man, and maketh flesh his arm, and whose heart departeth from the LORD.
6 Ɔbɛyɛ sɛ wira a ɛwɔ nsase tamaa so; sɛ yiedie ba a, ɔrenhunu, ɔbɛtena anweatam a awoɔ so, ne nkyene asase a obi nte soɔ so.
For he shall be like the heath in the desert, and shall not see when good cometh; but shall inhabit the parched places in the wilderness, [in] a salt land and not inhabited.
7 “Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so, na nʼanidasoɔ wɔ ne mu.
Blessed [is] the man that trusteth in the LORD, and whose hope the LORD is.
8 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho na ne nhini tene kɔ nsuo no mu. Sɛ ahuhuro ba a, ɔnsuro; ne nhahan yɛ frɔmm mmerɛ nyinaa. Ɔnni ɔhaw biara wɔ afe a osuo ntɔ mu na ɛkɔ so so aba daa.”
For he shall be as a tree planted by the waters, and [that] spreadeth out her roots by the river, and shall not see when heat cometh, but her leaf shall be green; and shall not be anxious in the year of drouth, neither shall cease from yielding fruit.
9 Akoma yɛ nnaadaa sen adeɛ nyinaa na ano nni aduro. Hwan na ɔbɛte nʼase?
The heart [is] deceitful above all [things], and desperately wicked: who can know it?
10 “Me Awurade, mepɛɛpɛɛ akoma mu na mehwehwɛ adwene mu, gyina so de tua onipa ka sɛdeɛ nʼabrabɔ teɛ.”
I the LORD search the heart, [I] try the reins, even to give every man according to his ways, [and] according to the fruit of his doings.
11 Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no, saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ. Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu, na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi.
[As] the partridge sitteth [on eggs], and hatcheth [them] not; [so] he that getteth riches, and not by right, shall leave them in the midst of his days, and at his end shall be a fool.
12 Animuonyam ahennwa a ɛsi kronkronbea hɔ no firi ahyɛaseɛ no, ɛhɔ na yɛsom.
A glorious high throne from the beginning [is] the place of our sanctuary.
13 Ao, Awurade, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu. Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔn ɛfiri sɛ wɔagya Awurade a ɔyɛ nkwa asutire.
O LORD, the hope of Israel, all that forsake thee shall be ashamed, [and] they that depart from me shall be written in the earth, because they have forsaken the LORD, the fountain of living waters.
14 Sa me yadeɛ Ao, Awurade, na me ho bɛtɔ me; gye me na mɛnya nkwa, na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.
Heal me, O LORD, and I shall be healed; save me, and I shall be saved: for thou [art] my praise.
15 Wɔbisa me daa sɛ, “Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ? Ma ɛmmra mu seesei!”
Behold, they say to me, Where [is] the word of the LORD? let it come now.
16 Mennwane mfirii mʼadwuma sɛ wo dwanhwɛfoɔ; wonim sɛ mempɛɛ abasamutuo da. Deɛ ɛfiri mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.
As for me, I have not hastened from [being] a pastor to follow thee: neither have I desired the woeful day; thou knowest: that which was uttered by my lips was [right] before thee.
17 Nhunahuna me; wo ne me dwanekɔbea wɔ amanehunu da.
Be not a terror to me: thou [art] my hope in the day of evil.
18 Ma wɔn a wɔtaa me anim nguase, na yi me firi ahohora mu. Ma wɔn mmɔ hu, nanso mma me bo ntu. Ma amanehunu da no mmra wɔn so; fa ɔhawprenu sɛe wɔn.
Let them be confounded that persecute me, but let not me be confounded: let them be dismayed, but let not me be dismayed: bring upon them the day of evil, and destroy them with double destruction.
19 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kɔgyina nnipa no ɛpono a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛnfirie no; kɔgyina Yerusalem apono a aka no nso ano.
Thus said the LORD to me; Go and stand in the gate of the children of the people, by which the kings of Judah come in, and by which they go out, and in all the gates of Jerusalem;
20 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yudafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apono yi mu.
And say to them, Hear ye the word of the LORD, ye kings of Judah, and all Judah, and all the inhabitants of Jerusalem, that enter by these gates:
21 Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monhwɛ yie na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apono mu.
Thus saith the LORD; Take heed to yourselves, and bear no burden on the sabbath day, nor bring [it] in by the gates of Jerusalem;
22 Monnsoa adesoa mfiri mo afie mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no.
Neither carry forth a burden out of your houses on the sabbath day, neither do ye any work, but hallow ye the sabbath day, as I commanded your fathers.
23 Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ ntenesoɔ.
But they obeyed not, neither inclined their ear, but made their neck stiff, that they might not hear, nor receive instruction.
24 Nanso sɛ mohwɛ yie na moyɛ ɔsetie ma me a, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apono mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a,
And it shall come to pass, if ye diligently hearken to me, saith the LORD, to bring in no burden through the gates of this city on the sabbath day, but hallow the sabbath day, to do no work therein;
25 ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ bɛfa saa apono yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa.
Then shall there enter into the gates of this city kings and princes sitting upon the throne of David, riding in chariots and on horses, they and their princes, the men of Judah, and the inhabitants of Jerusalem: and this city shall remain for ever.
26 Nnipa bɛfiri Yuda nkuro ne nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia no aba. Wɔbɛfiri Benyamin asase ne atɔeɛ fam nkokoɔ so. Wɔbɛfiri mmepɔ mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ, aduane afɔrebɔdeɛ, nnuhwam ne aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie.
And they shall come from the cities of Judah, and from the places about Jerusalem, and from the land of Benjamin, and from the plain, and from the mountains, and from the south, bringing burnt-offerings, and sacrifices, and meat-offerings, and incense, and bringing sacrifices of praise, to the house of the LORD.
27 Nanso, sɛ moanyɛ ɔsetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apono mu Homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apono mu na abɛhye nʼaban hodoɔ’, sei na Awurade seɛ.”
But if ye will not hearken to me to hallow the sabbath day, and not to bear a burden, even entering at the gates of Jerusalem on the sabbath day; then will I kindle a fire in its gates, and it shall devour the palaces of Jerusalem, and it shall not be quenched.

< Yeremia 17 >