< Yeremia 15 >
1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel bɛgyinaa mʼanim a, mʼakoma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma wɔmfiri mʼani so! Ma wɔnkɔ!
Then said the LORD to me, Though Moses and Samuel stood before me, yet my mind could not be toward this people: cast them out of my sight, and let them go forth.
2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom; wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano; wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn; wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’
And it shall come to pass, if they say to you, Where shall we go forth? then you shall tell them, Thus says the LORD; Such as are for death, to death; and such as are for the sword, to the sword; and such as are for the famine, to the famine; and such as are for the captivity, to the captivity.
3 “Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.
And I will appoint over them four kinds, says the LORD: the sword to slay, and the dogs to tear, and the fowls of the heaven, and the beasts of the earth, to devour and destroy.
4 Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti.
And I will cause them to be removed into all kingdoms of the earth, because of Manasseh the son of Hezekiah king of Judah, for that which he did in Jerusalem.
5 “Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem? Hwan na ɔbɛgyam wo? Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ?
For who shall have pity on you, O Jerusalem? or who shall bemoan you? or who shall go aside to ask how you do?
6 Woapo me,” Awurade na ɔseɛ. “Wogu akyirisane so ara. Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo. Me yam renhyehye me mma wo bio.
You have forsaken me, says the LORD, you are gone backward: therefore will I stretch out my hand against you, and destroy you; I am weary with repenting.
7 Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn so wɔ asase no kuropɔn apono ano. Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan.
And I will fan them with a fan in the gates of the land; I will bereave them of children, I will destroy my people since they return not from their ways.
8 Mɛma wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea. Mede ɔsɛefoɔ bɛba owigyinaeɛ abɛtia wɔn mmeranteɛ maamenom; mpofirim mede ɔyea ne ehu bɛba wɔn so.
Their widows are increased to me above the sand of the seas: I have brought on them against the mother of the young men a spoiler at noonday: I have caused him to fall on it suddenly, and terrors on the city.
9 Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha, na wagyae mu. Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ; wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase. Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofena wɔ wɔn atamfoɔ anim,” Awurade na ɔseɛ.
She that has borne seven languishes: she has given up the ghost; her sun is gone down while it was yet day: she has been ashamed and confounded: and the residue of them will I deliver to the sword before their enemies, says the LORD.
10 Ao, me maame a wowoo me, anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ. Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ! Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea, nanso obiara dome me.
Woe is me, my mother, that you have borne me a man of strife and a man of contention to the whole earth! I have neither lent on usury, nor men have lent to me on usury; yet every one of them does curse me.
11 Awurade kaa sɛ, “Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi; ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛw wɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu.
The LORD said, Truly it shall be well with your remnant; truly I will cause the enemy to entreat you well in the time of evil and in the time of affliction.
12 “Onipa bɛtumi abu dadeɛ mu dadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere?
Shall iron break the northern iron and the steel?
13 “Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka, ɛsiane mo nnebɔne nyinaa wɔ mo ɔman no mu enti.
Your substance and your treasures will I give to the spoil without price, and that for all your sins, even in all your borders.
14 Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ ɔman a monnim soɔ so, mʼabufuo bɛma ogya adɛre na ɛbɛhye mo.”
And I will make you to pass with your enemies into a land which you know not: for a fire is kindled in my anger, which shall burn on you.
15 Wote aseɛ, Ao Awurade; kae me na hwɛ me so. Tɔ wɔn a wɔtaa me so awere. Wowɔ abodwokyerɛ, mma me nwu; hwɛ sɛdeɛ wo enti wɔbɔ me ahohora.
O LORD, you know: remember me, and visit me, and revenge me of my persecutors; take me not away in your long-suffering: know that for your sake I have suffered rebuke.
16 Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ; ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ, na wo din da me so, Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn.
Your words were found, and I did eat them; and your word was to me the joy and rejoicing of my heart: for I am called by your name, O LORD God of hosts.
17 Mantena wɔn a wɔgye wɔn ani fekuo mu. Me ne wɔn annye wɔn ani; metee me ho tenaeɛ, ɛfiri sɛ wo nsa daa me so na wʼabofuo hyɛɛ me ma.
I sat not in the assembly of the mockers, nor rejoiced; I sat alone because of your hand: for you have filled me with indignation.
18 Adɛn enti na me yea to ntwa da na mʼapirakuro ayɛ nkudaa a ano yɛ den? Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me, sɛ asutire a ɛweɛ anaa?
Why is my pain perpetual, and my wound incurable, which refuses to be healed? will you be altogether to me as a liar, and as waters that fail?
19 Enti sei na Awurade seɛ, “Sɛ wosakyera wʼadwene a, mɛgye wo ato mu bio na wasom me; sɛ nsɛm a ɛdi mu firi wʼanomu, na ɛnyɛ nsɛm huhuo a, wobɛyɛ me kasamafoɔ. Ma saa nnipa yi nnane mmra wo nkyɛn, na wo deɛ ɛnsɛ sɛ wodane kɔ wɔn nkyɛn.
Therefore thus says the LORD, If you return, then will I bring you again, and you shall stand before me: and if you take forth the precious from the vile, you shall be as my mouth: let them return to you; but return not you to them.
20 Mede wo bɛyɛ ɔfasuo ama saa nnipa yi, banbɔ ɔfasuo a wɔde kɔbere ato; wɔ ne wo bɛdi asie nanso wɔrenni wɔ so nkonim, ɛfiri sɛ me ne wo wɔ hɔ sɛ mɛyi wo na magye wo nkwa,” Awurade, na ɔseɛ.
And I will make you to this people a fenced brazen wall: and they shall fight against you, but they shall not prevail against you: for I am with you to save you and to deliver you, says the LORD.
21 “Mɛgye wo nkwa afiri amumuyɛfoɔ nsam na mayi wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.”
And I will deliver you out of the hand of the wicked, and I will redeem you out of the hand of the terrible.