< Yeremia 14 >

1 Yei ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuweɛ ho:
Eyi ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuyow ho:
2 “Yuda di awerɛhoɔ ne nkuropɔn hunu amane. Wɔbɔ asase no ho abubuo, na wɔsu wɔ Yerusalem.
“Yuda resu, ne nkuropɔn hu amane; wɔbɔ asase no ho abubuw, na osu foro fi Yerusalem kɔ.
3 Mmapɔmma soma wɔn asomfoɔ ma wɔkɔpɛ nsuo; wɔkɔhwɛ ankorɛ mu nanso wɔnnya nsuo. Wɔde wɔn nsuhina sane ba a hwee nni mu; wɔkatakata wɔn tiri so wɔ abotuo ne abasamutuo mu.
Mmapɔmma soma wɔn asomfo ma wɔkɔhwehwɛ nsu; wɔkɔhwɛ ahina mu nanso wonnya nsu. Wɔde wɔn asuhina san ba a hwee nni mu; wɔde awerɛhow ne abawpa katakata wɔn ti so.
4 Asase no apaapae ɛfiri sɛ osuo ntɔ wɔ asase no so; akuafoɔ no bo atu na wɔkata wɔn tiri so.
Asase no apaapae, efisɛ osu ntɔ wɔ asase no so; akuafo no koma atutu na wɔkata wɔn ti so.
5 Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so gya ne ba a wawo no foforɔ ɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ.
Mpo ɔforotebere a ɔwɔ sare so gyaw ne ba a wawo no foforo, efisɛ sare biara nni hɔ.
6 Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so home sɛ sakraman; wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea nanso wɔnhunu bi.”
Sare so mfurum gyinagyina nkoko wosee no so home sɛ sakraman; wɔkrankran wɔn ani hwehwɛ didibea nanso wonhu bi.”
7 Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ, nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi. Yɛn akyirisane dɔɔso; na yɛayɛ bɔne atia wo.
Ɛwɔ mu sɛ yɛn amumɔyɛ di adanse tia yɛn de, nanso Awurade, wo din nti yɛ ho biribi. Yɛn atuatew dɔɔso; na yɛayɛ bɔne atia wo.
8 Ao, Israel Anidasoɔ, yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu, adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so, te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ?
Wo a woyɛ Israel Anidaso, nʼAgyenkwa wɔ amanehunu mmere mu, adɛn nti na woayɛ sɛ ɔhɔho wɔ asase no so, sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo?
9 Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi, te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa? Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade na wo din da yɛn so; nnya yɛn mu!
Adɛn nti na woayɛ sɛ obi a ade afu ne mu yi, sɛ ɔkofo a onni ahoɔden a ɔde boa? Wowɔ yɛn ntam, Awurade na wo din da yɛn so; nnyaw yɛn mu!
10 Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho: “Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree; wɔmma wɔn nan nhome. Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”
Eyi ne nea Awurade ka fa saa nnipa yi ho: “Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyin ho yiye; wɔmma wɔn anan nhome. Ɛno nti Awurade nnye wɔn nto mu; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛsɛm no na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”
11 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi.
Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mmɔ yiyeyɛ ho mpae mma saa nnipa yi.
12 Mmom ɛwom sɛ wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”
Mmom ɛwɔ mu sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre de, nso merennye. Mmom, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”
13 Nanso mekaa sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn daa sɛ, ‘Monnhunu akofena na ɛkɔm remma. Nokorɛm mema mo asomdwoeɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’”
Nanso mekae se, “Ao, Otumfo Awurade, adiyifo no ka kyerɛ wɔn daa se, ‘Morenhu afoa, na ɔkɔm remma. Nokware mɛma mo asomdwoe a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’”
14 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Adiyifoɔ no hyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn mennyii wɔn, na menkasa nkyerɛɛ wɔn. Wɔrehyɛ nkɔm afa atorɔ anisoadehunu, nsumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho.
Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Adiyifo no hyɛ akɔntoro wɔ me din mu. Mensomaa wɔn, minnyii wɔn na menkasa nkyerɛɛ wɔn ɛ. Wɔrehyɛ nkɔm fa atoro anisoadehu, asumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho.
15 Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka sɛ, ‘Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu.
Ɛno nti, nea Awurade ka fa adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho ni: mensomaa wɔn nanso wɔka se, ‘Afoa biara anaa ɔkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifo no ara bɛtotɔ wɔ afoa ano ne ɔkɔm mu.
16 Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.
Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtotow wɔn agu Yerusalem mmɔnten so esiane ɔkɔm ne afoa nti. Wɔrenya obiara nsie wɔn: wɔn yerenom, wɔn mmabarima anaa wɔn mmabea. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.
17 “Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn: “‘ma nisuo nnware me anadwo ne awia a ɛtoɔ ntwa da ɛfiri sɛ me babaa bunu, me nkurɔfoɔ anya apirakuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ.
“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn: “‘ma nisu nguare me anadwo ne awia, a to ntwa, efisɛ Ɔbabea Babun no, me nkurɔfo, anya apirakuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ ahodwiriw mmoroso.
18 Sɛ mekɔ ɔman no mu a, mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano; sɛ mekɔ kuropɔn no mu a mehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ. Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kɔ asase a wɔnnim so so.’”
Sɛ mekɔ ɔman no mu a, mihu nnipa a wɔatotɔ wɔ afoa ano; sɛ mekɔ kuropɔn no mu a mihu ɔkɔm nsunsuanso. Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa kɔ asase a wonnim so so.’”
19 Woapo Yuda kora anaa? Wokyi Sion anaa? Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so na yɛnnya ayaresa? Yɛn ani daa asomdwoeɛ so, nanso ade papa biara mmaeɛ, yɛn ani daa ayaresaberɛ so nanso ehubɔ na ɛbaeɛ.
Woapo Yuda koraa ana? Wubu Sion animtiaa ana? Adɛn nti na wode ɔhaw aba yɛn so na yennya ayaresa? Yɛn ani daa asomdwoe so, nanso ade papa biara mmaa ɛ; yɛn ani daa ayaresa bere so nanso ehu na ɛbae.
20 Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu ne yɛn agyanom afɔdie; nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo.
Awurade, yegye yɛn amumɔyɛ ne yɛn agyanom afɔdi to mu; nokware, yɛayɛ bɔne atia wo.
21 Na wo din enti mmu yɛn animtia; nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho. Kae wo ne yɛn apam no na mmu so.
Na wo din nti mmu yɛn animtiaa; nhura wʼanuonyam ahengua no ho. Kae wo ne yɛn apam no na mmu so.
22 Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo tɔ anaa? Anaasɛ ewiem bɛtumi ama obosuo apete? Dabi, ɛyɛ wo, Ao Awurade yɛn Onyankopɔn. Enti wo so na yɛn ani da, yɛretwɛn mmoa afiri wo hɔ.
Na amanaman ahoni ahuhuw no mu bi ma osu tɔ ana? Wim ankasa na ɛtɔ obosu ana? Dabi da, ɛyɛ wo, Awurade yɛn Nyankopɔn. Enti wo so na yɛn ani da, na wo na woyɛ eyinom nyinaa.

< Yeremia 14 >