< Yeremia 13 >

1 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ meɛ, “Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ bɔ wʼasene, nanso mma no nka nsuo.”
여호와께서 이같이 내게 이르시되 너는 가서 베띠를 사서 네 허리에 띠고 물에 두지 말라 하시기로
2 Enti, metɔɔ abɔsoɔ sɛdeɛ Awurade kyerɛeɛ no, na mede bɔɔ mʼasene mu.
내가 여호와의 말씀대로 띠를 사서 내 허리에 띠니라
3 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ,
여호와의 말씀이 다시 내게 임하니라 가라사대
4 “Fa abɔsoɔ a, wotɔeɛ a ɛbɔ wʼasene mu no, kɔ Eufrate ho seisei ara na fa kɔsie abotan tokuro no bi mu.”
너는 사서 네 허리에 띤 띠를 가지고 일어나 유브라데로 가서 거기서 그것을 바위 틈에 감추라 하시기로
5 Enti, mede kɔsiee Eufrate ho, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ me no.
내가 여호와께서 내게 명하신 대로 가서 그것을 유브라데 물 가에 감추니라
6 Nna bebree akyi no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Afei kɔ Eufrate ho na kɔfa abɔsoɔ a meka kyerɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no.”
여러 날 후에 여호와께서 내게 이르시되 일어나 유브라데로 가서 내가 네게 명하여 거기 감추게 한 띠를 취하라 하시기로
7 Enti, mekɔɔ Eufrate ho kɔtuu abɔsoɔ no firii beaeɛ a, na mede asie hɔ no, nanso, na asu atete a ɛho nni mfasoɔ biara.
내가 유브라데로 가서 그 감추었던 곳을 파고 띠를 취하니 띠가 썩어서 쓸데 없이 되었더라
8 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
여호와의 말씀이 내게 임하니라 가라사대
9 “Yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan kyɛneɛ no.
나 여호와가 말하노라 내가 유다의 교만과 예루살렘의 큰 교만을 이같이 썩게 하리라
10 Saa amumuyɛfoɔ yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie mʼasɛm na wɔdi wɔn akoma den akyi na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ yi, na wɔn ho remma mfasoɔ biara!
이 악한 백성이 내 말 듣기를 거절하고 그 마음의 강퍅한 대로 행하며 다른 신들을 좇아 그를 섬기며 그에게 절하니 그들이 이 띠의 쓸데 없음 같이 되리라
11 Sɛdeɛ abɔsoɔ kyekyere onipa asene mu no saa ara na mede Israel efie ne Yudafie nyinaa bataa me ho sɛ wɔnyɛ me nkurɔfoɔ a wɔbɛma me din so, aka mʼayɛyie na wɔahyɛ me animuonyam, nanso wɔntiee me,’ deɛ Awurade seɛ nie.
나 여호와가 말하노라 띠가 사람의 허리에 속함 같이 내가 이스라엘 온 집과 유다 온 집으로 내게 속하게 하여 그들로 내 백성이 되게 하며 내 이름과 칭예와 영광이 되게 하려 하였으나 그들이 듣지 아니하였느니라
12 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie, Wɔmfa nsã nhyɛ nsã kotokuo biara ma.’ Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ, ‘Yɛnim sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nsã hyɛ nsã kotokuo biara ma a,’
그러므로 너는 이 말로 그들에게 이르기를 이스라엘의 하나님 여호와의 말씀에 모든 병이 포도주로 차리라 하셨다 하라 그리하면 그들이 네게 이르기를 모든 병이 포도주로 찰줄을 우리가 어찌 알지 못하리요 하리니
13 afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: Mede nsãborɔ bɛhyɛ wɔn a wɔtete asase yi so nyinaa ma, a ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so, asɔfoɔ, adiyifoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa ka ho.
너는 다시 그들에게 이르기를 여호와의 말씀에 보라 내가 이 땅의 모든 거민과 다윗의 위에 앉은 왕들과 제사장들과 선지자들과 예루살렘 모든 거민으로 잔뜩 취하게 하고
14 Mɛtoto wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmammarima nyinaa, Awurade na ɔseɛ. Meremma ahummɔborɔ anaa ayamyɛ anaa ayamhyehyeɛ nsi ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho ɛkwan.’”
또 그들로 피차 충돌하여 상하게 하되 부자간에도 그러하게 할 것이라 내가 그들을 불쌍히 여기지 아니하며 관용치 아니하며 아끼지 아니하고 멸하리라 하셨다 하라 여호와의 말이니라
15 Montie na monyɛ aso, na monnyɛ ahantan, ɛfiri sɛ, Awurade akasa.
너희는 들을지어다, 귀를 기울일지어다, 교만하지 말지어다, 여호와께서 이같이 말씀하시느니라
16 Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn, animuonyam ansa na wama esum aduru, ansa na mo nan asuntisunti wɔ nkokoɔ a ɛso reduru sum no so. Mo ani da hann so, nanso ɔbɛdane no esum kusuu na wɔasesa ayɛ no esum kabisii.
그가 흑암을 일으키시기전, 너희 발이 흑암한 산에 거치기전, 너희 바라는 빛이 사망의 그늘로 변하여 침침한 흑암이 되게 하시기 전에 너희 하나님 여호와께 영광을 돌리라
17 Nanso sɛ moantie a, mɛsu wɔ kɔkoam ɛsiane mo ahantan nti; mʼani bɛtetɛ nisuo, na nisuo adware me, ɛfiri sɛ, wɔbɛfa Awurade nnwankuo no akɔ nnommum mu.
너희가 이를 듣지 아니하면 나의 심령이 너희 교만을 인하여 은근히 곡할 것이며 여호와의 양무리가 사로잡힘을 인하여 눈물을 흘려 통곡하리라
18 Monka nkyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ, “Momfiri mo ahennwa so nsi fam, na mo animuonyam ahenkyɛ bɛfiri mo tiri so.”
너는 왕과 왕후에게 고하기를 스스로 낮추어 앉으라 관 곧 영광의 면류관이 내려졌다 하라
19 Wɔbɛtoto Negeb nkuropɔn apono mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛbuebue. Wɔbɛsoa Yudafoɔ akɔ sɛ atukɔfoɔ, wɔbɛtwa wɔn asuo koraa.
남방의 성읍들이 봉쇄되고 열 자가 없고 유다가 다 잡혀가되 온전히 잡혀가도다
20 Mo mpagya mo ani nhwɛ wɔn a wɔfiri atifi fam reba no. Nnwankuo a wɔde hyɛɛ mo nsa no, nnwan a mode wɔn hoahoaa mo ho wɔ he?
너는 눈을 들어 북방에서 오는 자들을 보라 네가 받았던 떼, 네 아름다운 양떼는 어디 있느뇨
21 Sɛ Awurade de wɔn a motetee wɔn sɛ mo apamfoɔ yɛ mo so atitire a ɛdeɛn na mobɛka? Na ɛrenyɛ mo yea sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ anaa?
너의 친구 삼았던 자를 그가 네 위에 수령으로 세우실 때에 네가 무슨 말을 하겠느냐 너의 고통에 잡힘이 구로하는 여인 같지 않겠느냐
22 Na sɛ wobɛbisa wo ho sɛ, “Adɛn enti na yei aba me so” a na ɛfiri wʼamumuyɛ bebrebe no. Ɛno enti na wɔatete wo fam atadeɛ mu ayɛ wo onipadua basaa no.
네가 심중에 이르기를 어찌하여 이런 일이 내게 임하였는고 하겠으나 네 죄악이 크므로 네 치마가 들리고 네 발뒤꿈치가 상함이니라
23 Etiopiani bɛtumi asesa nʼahosuo anaa? Na ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nsisimu no? Saa ara na worentumi nyɛ papa, wo a bɔneyɛ akokwa wo.
구스인이 그 피부를, 표범이 그 반점을 변할 수 있느뇨 할 수 있을진대 악에 익숙한 너희도 선을 행할 수 있으리라
24 “Mɛbɔ mo ahwete sɛ ntɛtɛ a anweatam so mframa rebɔ no.
그러므로 내가 그들을 사막 바람에 불려가는 초개 같이 흩으리로다
25 Yei ne deɛ mobɛnya, mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,” Awurade na ɔseɛ, “ɛfiri sɛ, mo werɛ afiri me na mo de mo ho ato anyame huhuo so.
여호와께서 가라사대 이는 네 응득이요 내가 헤아려 정하여 네게 준 분깃이니 네가 나를 잊어버리고 거짓을 신뢰하는 연고라
26 Mɛpagya mo fam ntadeɛ abua mo anim na wɔahunu mo ahohora.
그러므로 내가 네 치마를 네 얼굴에까지 들춰서 네 수치를 드러내리라
27 Mahunu mo awaresɛeɛ ne mo akɔnnɔ bɔne ne mo adwamammɔ a momfɛre ho! Mahunu mo akyiwadeɛ nneyɛeɛ wɔ nkokoɔ ne ɛserɛ so. Due Ao Yerusalem! Mmerɛ bɛn na wo ho bɛte?”
내가 너의 간음과 사특한 소리와 들의 작은 산 위에서 행한 네 음행의 비루하고 가증한 것을 보았노라 화 있을진저 예루살렘이여 네가 얼마나 오랜 후에야 정결하게 되겠느뇨

< Yeremia 13 >