< Yeremia 11 >

1 Asɛm a ɛfiri Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn nie:
THE word that came to Jeremiah from the Lord, saying,
2 “Tie apam yi mu nhyehyɛeɛ na ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem.
Hear ye the words of this covenant, and speak unto the men of Judah, and to the inhabitants of Jerusalem;
3 Ka kyerɛ wɔn sɛ, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Nnome nka onipa a ɔnni apam yi mu nhyehyɛeɛ so,
And say thou unto them, Thus saith the Lord God of Israel; Cursed be the man that obeyeth not the words of this covenant,
4 deɛ mehyɛ maa mo agyanom ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, fononoo a wɔnane dadeɛ wo mu no.’ Mekaa sɛ, ‘Monyɛ ɔsetie mma me na monyɛ biribiara mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn.
Which I commanded your fathers in the day that I brought them forth out of the land of Egypt, from the iron furnace, saying, Obey my voice, and do them, according to all which I command you: so shall ye be my people, and I will be your God:
5 Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom sɛ, mema wɔn asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no aba mu,’ asase mote so ɛnnɛ yi.” Mebuaa sɛ, “Amen, Awurade.”
That I may perform the oath which I have sworn unto your fathers, to give them a land flowing with milk and honey, as it is this day. Then answered I, and said, So be it, O Lord.
6 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuro wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so sɛ: ‘Montie apam yi ho nhyehyɛeɛ na monni so.
Then the Lord said unto me, Proclaim all these words in the cities of Judah, and in the streets of Jerusalem, saying, Hear ye the words of this covenant, and do them.
7 Ɛfiri ɛberɛ a, meyii mo agyanom firii Misraim bɛsi ɛnnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ ɛberɛ biara sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma me.”
For I earnestly protested unto your fathers in the day that I brought them up out of the land of Egypt, even unto this day, rising early and protesting, saying, Obey my voice.
8 Nanso, wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wɔdii asoɔden a ɛfiri wɔn akoma bɔne mu akyi. Ɛno enti memaa nnomea a ɛfiri apam a mahyɛ wɔn sɛ wɔnni so na wɔanni so no mu baa wɔn so.’”
Yet they obeyed not, nor inclined their ear, but walked every one in the imagination of their evil heart: therefore I will bring upon them all the words of this covenant, which I commanded them to do; but they did them not.
9 Na afei Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Atuateɛ apam bi wɔ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem ntam.
And the Lord said unto me, A conspiracy is found among the men of Judah, and among the inhabitants of Jerusalem.
10 Wɔasane kɔ wɔn agyanom a wɔampɛsɛ wɔtie mʼasɛm no, bɔne ho. Wɔadi anyame foforɔ akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so.
They are turned back to the iniquities of their forefathers, which refused to hear my words; and they went after other gods to serve them: the house of Israel and the house of Judah have broken my covenant which I made with their fathers.
11 Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nnwane mfiri mu bɛba wɔn so. Ɛwom sɛ, wɔsufrɛ me deɛ, nanso merennye wɔn so.
Therefore thus saith the Lord, Behold, I will bring evil upon them, which they shall not be able to escape; and though they shall cry unto me, I will not hearken unto them.
12 Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔhye nnuhwam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa.
Then shall the cities of Judah and inhabitants of Jerusalem go, and cry unto the gods unto whom they offer incense: but they shall not save them at all in the time of their trouble.
13 Ao Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ wo nkuro; na afɔrebukyia a moasisi sɛ mobɛhye nnuhwam wɔ so ama animguaseɛ nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔntene.’
For according to the number of thy cities were thy gods, O Judah; and according to the number of the streets of Jerusalem have ye set up altars to that shameful thing, even altars to burn incense unto Baal.
14 “Mmɔ mpaeɛ mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ, sɛ wɔsu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a, merennye wɔn so.
Therefore pray not thou for this people, neither lift up a cry or prayer for them: for I will not hear them in the time that they cry unto me for their trouble.
15 “Ɛdeɛn na medɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu ɛberɛ a wayɛ nsɛmmɔne bebree no? Mpaeɛbɔ ne afɔdeɛ bɛtumi abɔ wʼasotwe no agu anaa? Sɛ woyɛ wʼamumuyɛsɛm a na wʼani agye.”
What hath my beloved to do in mine house, seeing she hath wrought lewdness with many, and the holy flesh is passed from thee? when thou doest evil, then thou rejoicest.
16 Awurade, frɛɛ wo ngo dua a anyini frɔmm a ɛso aba a ɛyɛ fɛ. Nanso ɔde ahum kɛseɛ bi huiɛ bɛto mu ogya, na ne mman bɛbubu.
The Lord called thy name, A green olive tree, fair, and of goodly fruit: with the noise of a great tumult he hath kindled fire upon it, and the branches of it are broken.
17 Asafo Awurade a ɔduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, ɛfiri sɛ, Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ ayɛ bɔne ahyɛ me abufuo sɛ wɔhye nnuhwam ma Baal.
For the Lord of hosts, that planted thee, hath pronounced evil against thee, for the evil of the house of Israel and of the house of Judah, which they have done against themselves to provoke me to anger in offering incense unto Baal.
18 Esiane sɛ Awurade yii ɛpɔ a wɔabɔ kyerɛɛ me no enti, mehunuuɛ, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ no ɔde deɛ wɔreyɛ no kyerɛɛ me.
And the Lord hath given me knowledge of it, and I know it: then thou shewedst me their doings.
19 Meyɛɛ sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akɔkum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim po atia me sɛ, “Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no; momma yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asase so, sɛdeɛ wɔnnkae ne din bio.”
But I was like a lamb or an ox that is brought to the slaughter; and I knew not that they had devised devices against me, saying, Let us destroy the tree with the fruit thereof, and let us cut him off from the land of the living, that his name may be no more remembered.
20 Nanso Ao, Asafo Awurade, wo a wobu atɛntenenee na wosɔ akoma ne adwene hwɛ, ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.
But, O Lord of hosts, that judgest righteously, that triest the reins and the heart, let me see thy vengeance on them: for unto thee have I revealed my cause.
21 Ɛno enti deɛ Awurade ka fa Anatot mmarimma a wɔrepɛ wo akum wo na wɔka sɛ, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wobɛwu wɔ yɛn nsa ano,”
Therefore thus saith the Lord of the men of Anathoth, that seek thy life, saying, Prophesy not in the name of the Lord, that thou die not by our hand:
22 Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmeranteɛ bɛwuwu akofena ano, na ɛkɔm bɛkunkum wɔn mmammarima ne mmammaa.
Therefore thus saith the Lord of hosts, Behold, I will punish them: the young men shall die by the sword; their sons and their daughters shall die by famine:
23 Wɔrennya wɔn nkaeɛfoɔ biara mpo, ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba Anatotfoɔ so wɔ wɔn asotwe afe mu.”
And there shall be no remnant of them: for I will bring evil upon the men of Anathoth, even the year of their visitation.

< Yeremia 11 >