< Yeremia 10 >
1 Montie deɛ Awurade ka kyerɛ mo, Ao Israel fiefoɔ.
이스라엘 집이여 여호와께서 너희에게 이르시는 말씀을 들을지어다
2 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monnsua amanaman no akwan na momma ewiem nsɛnkyerɛnneɛ mmɔ mo hu. Ɛwom sɛ yeinom bɔ amanaman no hu
여호와께서 이같이 말씀하시되 열방의 길을 배우지 말라 열방인은 하늘의 징조를 두려워하거니와 너희는 그것을 두려워 말라
3 nanso nkurɔfoɔ no amanneɛ nka hwee; wɔtwa dua firi kwaeɛm, na odwumfoɔ de ne fitiiɛ asene.
열방의 규례는 헛된 것이라 그 위하는 것은 삼림에서 벤 나무요 공장의 손이 도끼로 만든 것이라
4 Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no; wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ si hɔ sɛdeɛ ɛrenhwe fam.
그들이 은과 금으로 그것에 꾸미고 못과 장도리로 그것을 든든히하여 요동치 않게 하나니
5 Ɛte sɛ kaakaammotobi a ɛsi ɛferɛ mfikyifuo mu, wɔn ahoni no ntumi nkasa; ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn ɛfiri sɛ wɔntumi nnante. Monnsuro wɔn; wɔrentumi nha mo na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.”
그것이 갈린 기둥 같아서 말도 못하며 걸어 다니지도 못하므로 사람에게 메임을 입느니라 그것이 화를 주거나 복을 주지 못하나니 너희는 두려워 말라 하셨느니라
6 Obiara nte sɛ wo, Ao Awurade; woyɛ kɛseɛ na wo din wɔ tumi.
여호와여, 주와 같은 자 없나이다 주는 크시니 주의 이름이 그 권능으로 인하여 크시니이다
7 Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni, Ao, amansanhene? Yei na ɛfata woɔ. Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara ne wo nsɛ.
열방의 왕이시여, 주를 경외치 아니할 자가 누구리이까? 이는 주께 당연한 일이라 열방의 지혜로운 자들과 왕족 중에 주와 같은자 없음이니이다
8 Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ; dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.
그들은 다 무지하고 어리석은 것이니 우상의 도는 나무 뿐이라
9 Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis ba ne sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba. Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛ a wɔde ntoma bibire ne beredum afira no. Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma.
다시스에서 가져온 은박과 우바스에서 가져 온 금으로 꾸미되 공장과 장색의 손으로 만들었고 청색 자색 감으로 그 옷을 삼았나니 이는 공교한 사람의 만든 것이어니와
10 Nanso, Awurade ne nokorɛ Onyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no. Sɛ ne bo fu a, asase woso; na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano.
오직 여호와는 참 하나님이시요 사시는 하나님이시요 영원한 왕이시라 그 진노하심에 땅이 진동하며 그 분노하심을 열방이 능히 당치 못하느니라
11 “Ka yei kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afiri asase so ne ɔsorosoro ase.’”
너희는 이같이 그들에게 이르기를 천지를 짓지 아니한 신들은 땅위에서, 이 하늘 아래서 망하리라 하라
12 Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.
여호와께서 그 권능으로 땅을 지으셨고 그 지혜로 세계를 세우셨고 그 명철로 하늘들을 펴셨으며
13 Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho ba na ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu.
그가 목소리를 발하신즉 하늘에 많은 물이 생기나니 그는 땅 끝에서 구름이 오르게 하시며 비를 위하여 번개하게 하시며 그 곳간에서 바람을 내시거늘
14 Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu.
사람마다 우준하고 무식하도다 금장색마다 자기의 조각한 신상으로 인하여 수치를 당하나니 이는 그 부어 만든 우상은 거짓 것이요 그 속에 생기가 없음이라
15 Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma. Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.
그것들은 헛 것이요 망령되이 만든 것인즉 징벌하실 때에 멸망할 것이나
16 Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ, a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapadeɛ nso ka ho, Asafo Awurade ne ne din.
야곱의 분깃은 이같지 아니하시니 그는 만물의 조성자요 이스라엘은 그 산업의 지파라 그 이름은 만군의 여호와시니라
17 Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so, mo a motete nkuro a wɔatua mu.
에워싸인 가운데 앉은 자여, 네 꾸러미를 이 땅에서 수습하라
18 Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Saa ɛberɛ yi mɛto wɔn a wɔtete asase yi so atwene; mede amanehunu bɛba wɔn so sɛdeɛ wɔbɛfa wɔn nnommum.”
여호와께서 이같이 말씀하시되 보라 내가 이 땅에 거하는 자를 이번에는 내어던질 것이라 그들을 괴롭게 하여 깨닫게 하리라 하셨느니라
19 Me pira yi enti mennue; mʼapirakuro yɛ koankorɔ! Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ, “Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.”
슬프다, 내 상처여 내가 중상을 당하였도다 그러나 내가 말하노라 이는 참으로 나의 고난이라 내가 참아야 하리로다
20 Wɔasɛe me ntomadan; wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu. Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio; anka obiara a ɔbɛsi me ntomadan anaa ɔbɛsiesie me suhyɛ.
내 장막이 훼파되고 나의 모든 줄이 끊어졌으며 내 자녀가 나를 떠나가고 있지 아니하니 내 장막을 세울 자와 내 장을 칠 자가 다시 없도다
21 Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ. Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan; ɛno enti ɛnsi wɔn yie na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete.
목자들은 우준하여 여호와를 찾지 아니하므로 형통치 못하며 그 모든 양떼는 흩어졌도다
22 Montie! Amaneɛ no reba, basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so! Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan, na ayɛ sakraman atuo.
들을지어다 북방에서부터 크게 떠드는 풍성이 오니 유다 성읍들로 황폐케 하여 시랑의 거처가 되게 하리로다
23 Ao Awurade, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea; na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo.
여호와여, 내가 알거니와 인생의 길이 자기에게 있지 아니하니 걸음을 지도함이 걷는 자에게 있지 아니하니이다
24 Tene me so, Awurade, wɔ tenenee mu, mfiri wʼabofuo mu ntwe mʼaso anyɛ saa a, mɛwu.
여호와여, 나를 징계하옵시되 너그러이 하시고 진노로 하지 마옵소서 주께서 나로 없어지게 하실까 두려워하나이다
25 Hwie wʼabufuhyeɛ no gu amanaman a wɔnnye wo ntom no so, nnipa a wɔmmɔ wo din no so. Ɛfiri sɛ, wɔasɛe Yakob wɔasɛe no koraa na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so.
주를 알지 못하는 열방과 주의 이름으로 기도하지 아니하는 족속들에게 주의 분노를 부으소서 그들은 야곱을 씹어 삼켜 멸하고 그 거처를 황폐케 하였나이다