< Yakobo 4 >
1 Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi firi he? Ɛfiri mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo onipadua di asie no.
Whence come wars and fightings among you? Come they not hence? even of your carnal appetites making war in your bodies?
2 Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno enti moayɛ mo adwene sɛ mobɛdi awu. Mo ani abere dendeenden repɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Deɛ morehwehwɛ no, mo nsa renka ɛfiri sɛ, mommisa Onyankopɔn.
Ye desire, and ye have not: ye are envious, and jealous, and cannot obtain: ye fight and contend; but ye have not, because ye ask not.
3 Na sɛ mobisa koraa nso a, mo nsa renka, ɛfiri sɛ, mowɔ adwemmɔne. Mobisa nneɛma a ɛyɛ mo akɔnnɔdeɛ.
Ye ask and receive not, because ye ask wickedly; that ye may spend it in your pleasures.
4 Nnipa a monni gyidie! Monnim sɛ, sɛ mofa ewiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfoɔ? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ewiase adamfo no dane Onyankopɔn ɔtamfoɔ.
Ye adulterers and adulteresses, know ye not that the friendship of the world is enmity to God? whosoever therefore will be a friend of the world becomes an enemy of God.
5 Mosusu sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Ninkunutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa?
Do ye think the scripture speaks in vain? or does the Spirit that dwelleth in us, excite to envy?
6 Nanso, adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yie. Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”
No, He giveth more grace: wherefore it is said, God resisteth the proud, but sheweth favor to the humble.
7 Enti, momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Monsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo ho.
Submit yourselves therefore to God: resist the devil, and he will flee from you.
8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfoɔ! Monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!
Draw near to God, and He will draw near to you: cleanse your hands, O sinners, and purify your hearts, ye double minded.
9 Monni awerɛhoɔ, monsu, na montwa agyaadwoɔ; momma mo sereɛ nnane su, na mo anigyeɛ nnane awerɛhoɔ.
Be grieved, and mourn, and weep: let your mirth be turned into mourning, and your joy to sadness.
10 Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.
Be humbled before the Lord, and He will exalt you.
11 Me nuanom, monnnidi mo ho nsekuro. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa ɔbu no atɛn no, kasa tia Mmara no. Na sɛ wobu Mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, afei deɛ wonni Mmara no so.
Speak not against one another, my brethren; he that speaketh against his brother, and judgeth his brother, speaketh against the law, and judgeth the law; but if thou judge the law, thou art not a doer of the law, but a judge.
12 Onyankopɔn nko na ɔma mmara na ɔbu atɛn. Ɔno nko na ɔgye nkwa na ɔsɛe. Wone hwan a wobu wo yɔnko atɛn?
Now there is but one lawgiver, who is able to save and to destroy: who art thou then that judgest another?
13 Mo a moka sɛ, “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro bi so akɔdi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, montie me.
Come now, ye that say, To-day or to-morrow we will go to such a city, and spend a year there, and trade and get gain;
14 Monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena: Mote sɛ huhuro a ɛba mmerɛ tiawa bi na ayera.
(though ye know not what will be on the morrow; for what is your life? a vapor, which appeareth for a little while, and then vanisheth away: ) whereas ye ought to say,
15 Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne sɛ, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ yei anaa yei.”
If the Lord will, and we should live, and do this or that:
16 Nanso, seesei mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo; saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne.
but ye glory in your presumption: all such glorying is wicked.
17 Enti, deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.
To him therefore that knoweth to do good, and doth it not, to him it is sin.