< Yakobo 3 >

1 Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfoɔ deɛ sɛ yɛfom a, wɔbɛbu yɛn atɛn a emu yɛ den sene afoforɔ.
હે મમ ભ્રાતરઃ, શિક્ષકૈરસ્માભિ ર્ગુરુતરદણ્ડો લપ્સ્યત ઇતિ જ્ઞાત્વા યૂયમ્ અનેકે શિક્ષકા મા ભવત|
2 Yɛn nyinaa taa yɛ mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ wɔ deɛ ɔka mu no yɛ pɛ a ɔbɛtumi ahyɛ ne onipadua no so.
યતઃ સર્વ્વે વયં બહુવિષયેષુ સ્ખલામઃ, યઃ કશ્ચિદ્ વાક્યે ન સ્ખલતિ સ સિદ્ધપુરુષઃ કૃત્સ્નં વશીકર્ત્તું સમર્થશ્ચાસ્તિ|
3 Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛdeɛ ɔbɛtie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ.
પશ્યત વયમ્ અશ્વાન્ વશીકર્ત્તું તેષાં વક્ત્રેષુ ખલીનાન્ નિધાય તેષાં કૃત્સ્નં શરીરમ્ અનુવર્ત્તયામઃ|
4 Anaasɛ dwene ɛhyɛn ho: sɛdeɛ ne kɛseɛ te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wɔtumi de akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafoɔ no pɛ sɛ ɛkɔ.
પશ્યત યે પોતા અતીવ બૃહદાકારાઃ પ્રચણ્ડવાતૈશ્ચ ચાલિતાસ્તેઽપિ કર્ણધારસ્ય મનોઽભિમતાદ્ અતિક્ષુદ્રેણ કર્ણેન વાઞ્છિતં સ્થાનં પ્રત્યનુવર્ત્તન્તે|
5 Saa ara na tɛkrɛma teɛ: ne ketewa yi nyinaa akyi, ɛtumi hoahoa nneɛma akɛseɛ. Hwɛ sɛdeɛ ogya ketewaa bi tumi hye kwaeɛ kɛseɛ.
તદ્વદ્ રસનાપિ ક્ષુદ્રતરાઙ્ગં સન્તી દર્પવાક્યાનિ ભાષતે| પશ્ય કીદૃઙ્મહારણ્યં દહ્યતે ઽલ્પેન વહ્નિના|
6 Tɛkrɛma te sɛ ogya. Ɛwɔ tumi bɔne bi wɔ onipa akwaa mu. Ɛsɛe onipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so ogya ma ɛdɛre framfram. (Geenna g1067)
રસનાપિ ભવેદ્ વહ્નિરધર્મ્મરૂપપિષ્ટપે| અસ્મદઙ્ગેષુ રસના તાદૃશં સન્તિષ્ઠતિ સા કૃત્સ્નં દેહં કલઙ્કયતિ સૃષ્ટિરથસ્ય ચક્રં પ્રજ્વલયતિ નરકાનલેન જ્વલતિ ચ| (Geenna g1067)
7 Onipa tumi dwodwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ɛpo mu mmoa nyinaa,
પશુપક્ષ્યુરોગજલચરાણાં સર્વ્વેષાં સ્વભાવો દમયિતું શક્યતે માનુષિકસ્વભાવેન દમયાઞ્ચક્રે ચ|
8 nanso obiara rentumi nnwodwo tɛkrɛma da. Ɛyɛ bɔne a ɔnhome so na awuduro ahyɛ no ma.
કિન્તુ માનવાનાં કેનાપિ જિહ્વા દમયિતું ન શક્યતે સા ન નિવાર્ય્યમ્ અનિષ્ટં હલાહલવિષેણ પૂર્ણા ચ|
9 Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so.
તયા વયં પિતરમ્ ઈશ્વરં ધન્યં વદામઃ, તયા ચેશ્વરસ્ય સાદૃશ્યે સૃષ્ટાન્ માનવાન્ શપામઃ|
10 Ano korɔ no ara mu na nkamfo ne nnome firi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa.
એકસ્માદ્ વદનાદ્ ધન્યવાદશાપૌ નિર્ગચ્છતઃ| હે મમ ભ્રાતરઃ, એતાદૃશં ન કર્ત્તવ્યં|
11 Nsuo pa ne nsuo a ɛyɛ nkyenenkyene bɛtumi afiri asutire baako mu aba?
પ્રસ્રવણઃ કિમ્ એકસ્માત્ છિદ્રાત્ મિષ્ટં તિક્તઞ્ચ તોયં નિર્ગમયતિ?
12 Me nuanom, borɔdɔma dua bɛtumi aso ngo dua aba? Anaasɛ bobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara na asutire a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.
હે મમ ભ્રાતરઃ, ઉડુમ્બરતરુઃ કિં જિતફલાનિ દ્રાક્ષાલતા વા કિમ્ ઉડુમ્બરફલાનિ ફલિતું શક્નોતિ? તદ્વદ્ એકઃ પ્રસ્રવણો લવણમિષ્ટે તોયે નિર્ગમયિતું ન શક્નોતિ|
13 Obi wɔ mo mu a ɔnim nyansa na ɔwɔ nteaseɛ? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛaseɛ ne nyansa so da no adi.
યુષ્માકં મધ્યે જ્ઞાની સુબોધશ્ચ ક આસ્તે? તસ્ય કર્મ્માણિ જ્ઞાનમૂલકમૃદુતાયુક્તાનીતિ સદાચારાત્ સ પ્રમાણયતુ|
14 Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkomenya wɔ mo akoma mu a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, na nam so ka nkontompo tia nokorɛ.
કિન્તુ યુષ્મદન્તઃકરણમધ્યે યદિ તિક્તેર્ષ્યા વિવાદેચ્છા ચ વિદ્યતે તર્હિ સત્યમતસ્ય વિરુદ્ધં ન શ્લાઘધ્વં નચાનૃતં કથયત|
15 Saa nyansa yi mfiri ɔsoro na ɛbaeɛ. Ɛyɛ ewiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso.
તાદૃશં જ્ઞાનમ્ ઊર્દ્ધ્વાદ્ આગતં નહિ કિન્તુ પાર્થિવં શરીરિ ભૌતિકઞ્ચ|
16 Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkomenya wɔ no, basabasa ne bɔne ahodoɔ nyinaa bi wɔ hɔ.
યતો હેતોરીર્ષ્યા વિવાદેચ્છા ચ યત્ર વેદ્યેતે તત્રૈવ કલહઃ સર્વ્વં દુષ્કૃતઞ્ચ વિદ્યતે|
17 Nanso, nyansa a ɛfiri ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoeɛ wɔ mu, ɛdwo na ɛwɔ nidɔ; ɛwɔ ahummɔborɔ na nneyɛeɛ pa firi mu ba; ɛnnye akyinnyeɛ na ɛnyɛ nyaatwom nso.
કિન્તૂર્દ્ધ્વાદ્ આગતં યત્ જ્ઞાનં તત્ પ્રથમં શુચિ તતઃ પરં શાન્તં ક્ષાન્તમ્ આશુસન્ધેયં દયાદિસત્ફલૈઃ પરિપૂર્ણમ્ અસન્દિગ્ધં નિષ્કપટઞ્ચ ભવતિ|
18 Na ɛso aba pa a ɛfiri aba a asomdwoeɛfoɔ duaa no asomdwoeɛ mu no.
શાન્ત્યાચારિભિઃ શાન્ત્યા ધર્મ્મફલં રોપ્યતે|

< Yakobo 3 >