< Yesaia 9 >

1 Nanso, wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no, wɔrenni awerɛhoɔ bio. Kane no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufoɔ ɔman na ne kwan da Yordan ne ɛpo ntam no animuonyam.
Nanso wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no renni awerɛhow bio. Kan no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufo man na ne kwan da Yordan ne po ntam no anuonyam.
2 Nnipa a wɔnam sum mu ahunu hann kɛseɛ; wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no, hann bi apue wɔn so.
Nnipa a wɔnam sum mu ahu Hann kɛse; wɔn a wɔte asase a so sum kabii no, hann bi apue wɔn so.
3 Woatrɛ ɔman no mu; woama wɔn ani agye mmoroso; wɔdi ahurisie wɔ wʼanim sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ, sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ.
Woatrɛw ɔman no mu woama wɔn ani agye mmoroso wodi ahurusi wɔ wʼanim sɛnea nnipa di ahurusi otwabere, sɛnea nnipa ho sɛpɛw wɔn wɔ bere a wɔrekyɛ asade no.
4 Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no, saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no; saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma a ɛda wɔn mmatire so.
Te sɛ da a Midian dii nkogu no, woadwerɛw konnua a ɛda wɔn so no, abaa a ɛda wɔn mmati, wɔn nhyɛsofo pema.
5 Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa ne atadeɛ biara a mogya akeka mu no wɔbɛgya agu hɔ na wɔahye. Wɔde bɛsɔ ogya.
Ɔkofo mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa ne atade biara a mogya akeka mu, wobegyaw agu hɔ na wɔahyew; ɛbɛyɛ nea ɛma ogya dɛw.
6 Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin, na amammuo no bɛda ne mmati so. Na wɔbɛfrɛ no Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn, Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura.
Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabarima, na amammui no bɛda ne mmati so. Na wɔbɛfrɛ no Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn, Daa Agya, Asomdwoe Wura.
7 Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ bɛtena hɔ daa. Ɔbɛtena Dawid ahennwa so abu nʼahennie, Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ bɛhyɛ aseɛ na wama atim afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem. Asafo Awurade mmɔdemmɔ bɛyɛ yei.
Nʼamammui no nkɔso ne Nʼasomdwoe bɛtena hɔ daa. Ɔbɛtena Dawid ahengua so abu Nʼahenni, Ɔde atɛntrenee ne treneeyɛ befi ase na wama atim afi saa bere no akosi daa apem. Asafo Awurade mmɔdemmɔ bɛyɛ eyi.
8 Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no, na ɛbɛka Israel.
Awurade ama Yakob nkra a etia no, na ɛbɛka Israel.
9 Nnipa no nyinaa bɛhunu, Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria a wɔde ahohoahoa ne ahomasoɔ akoma kasa no,
Nnipa no nyinaa behu, Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria a wɔde ahohoahoa ne ahomaso koma kasa no,
10 “Ntayaa no abubu agu fam nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto bio. Wɔabubu borɔdɔma nnua no nanso yɛde ntweneduro bɛsi anan mu.”
“Ntayaa no abubu agu fam nanso yɛde abo a wɔatwa bɛto bio. Wɔabubu borɔdɔma nnua no nanso yɛde sida besi anan mu.”
11 Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfoɔ den atia wɔn, na ɔhyɛ wɔn atamfoɔ no nkuran.
Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfo den atia wɔn, na ɔhyɛ wɔn atamfo no nkuran.
12 Aramfoɔ a wɔfiri apueeɛ fam, Filistifoɔ a wɔfiri atɔeɛ fam, abue wɔn anom amene Israel. Nanso yeinom nyinaa akyiri no ne bo nnwooɛ na ne nsa da so wɔ soro.
Aramfo a wofi apuei fam, Filistifo a wofi atɔe fam, abue wɔn anom amene Israel. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
13 Nanso nnipa no nsane nkɔɔ deɛ ɔtwee wɔn aso no nkyɛn, na wɔmmpɛɛ Asafo Awurade no akyiri kwan nso.
Nanso nnipa no nsan nkɔɔ nea ɔtwee wɔn aso no nkyɛn, na wɔnhwehwɛɛ Asafo Awurade no akyi kwan nso.
14 Enti Awurade bɛtwa etire ne dua afiri Israel ho na ɛberɛ ne demmire nso, ɔde da koro pɛ bɛtwa;
Enti Awurade betwa eti ne dua afi Israel ho na berɛw ne demmire nso, ɔde da koro pɛ;
15 mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no, na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no.
mpanyimfo ne akunini no ne eti no, na atoro adiyifo no ne dua no.
16 Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa, na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan.
Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no, nkyerɛ wɔn ɔkwan pa, na wɔn a wonya akwankyerɛ no nso, fom kwan.
17 Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho, na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ. Ano biara ka ahuhusɛm. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
Enti Awurade ani rennye mmerante no ho, na ɔrenhu ayisaa ne akunafo mmɔbɔ efisɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumɔyɛfo, ano biara ka ahuhusɛm. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
18 Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya; ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no, na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro.
Nokware, atirimɔden hye te sɛ ogya; ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe, ɛde ogya to kwaeberentuw mu hyew no, na ɛnam wusiw kumɔnn mu foro kɔ soro.
19 Asafo Awurade abufuo so enti, asase no bɛkyene na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no; na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.
Ɛnam Asafo Awurade abufuw so, asase no bɛkyen na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no; na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.
20 Nifa so, wɔbɛfom aduane adi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn; benkum so, wɔbɛdidi, nanso wɔremmee. Obiara bɛwe ne ba ɛnam.
Nifa so, wɔbɛfom aduan adi, nanso ɔkɔm bɛde wɔn; benkum so wobedidi, nanso wɔremmee. Obiara bɛwe ne ba nam.
21 Manase bɛdane Efraim na Efraim adane Manase na wɔbɛbɔ mu atia Yuda. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwoeɛ, na wama ne nsa so ayɛ krado.
Manase bɛdan Efraim na Efraim adan Manase na wɔbɛbɔ mu atia Yuda. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.

< Yesaia 9 >