< Yesaia 7 >

1 Ɛberɛ a Usia babarima Yotam babarima Ahas bɛdii Yudaman so ɔhene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoeɛ, nanso wɔantumi anni ne so.
Now in the days that Ahaz son of Jotham, the son of Uzziah, was king of Judah, Rezin king of Aram marched up to wage war against Jerusalem. He was accompanied by Pekah son of Remaliah the king of Israel, but he could not overpower the city.
2 Na wɔka kyerɛɛ Dawid fie sɛ, “Aram ne Efraim ayɛ apam.” Enti Ahas ne ne nkurɔfoɔ ho wosoeɛ sɛdeɛ kwaeɛm nnua woso wɔ mframa ano no.
When it was reported to the house of David that Aram was in league with Ephraim, the hearts of Ahaz and his people trembled like trees in the forest shaken by the wind.
3 Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkɔhyia Ahas wɔ Atifi Tadeɛ no subɔnka a ɛwɔ Ntomasifoɔ Afuo no kwan so.
Then the LORD said to Isaiah, “Go out with your son Shear-jashub to meet Ahaz at the end of the aqueduct that feeds the upper pool, on the road to the Launderer’s Field,
4 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie, yɛ komm na nsuro. Mma wʼakoma ntu wɔ saa nnyentia mmienu a ɛrefiri wisie yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuhyeɛ no enti.
and say to him: Calm down and be quiet. Do not be afraid or disheartened over these two smoldering stubs of firewood—over the fierce anger of Rezin and Aram and of the son of Remaliah.
5 Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛeɛ ho pɔ sɛ,
For Aram, along with Ephraim and the son of Remaliah, has plotted your ruin, saying:
6 “Momma yɛnto nhyɛ Yuda so, na yɛntete wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yɛnsi Tabeel babarima ɔhene wɔ so.”
‘Let us invade Judah, terrorize it, and divide it among ourselves. Then we can install the son of Tabeal over it as king.’
7 Nanso deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “‘Ɛremma so, na ɛrensi da,
But this is what the Lord GOD says: ‘It will not arise; it will not happen.
8 Aram tiri ne Damasko, na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti. Mfirinhyia aduosia enum mu no Efraim mu bɛtete koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman.
For the head of Aram is Damascus, and the head of Damascus is Rezin. Within sixty-five years Ephraim will be shattered as a people.
9 Efraim tiri ne Samaria Remalia babarima pɛ ne Samaria ti. Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidie mu a, worennyina koraa.’”
The head of Ephraim is Samaria, and the head of Samaria is the son of Remaliah. If you do not stand firm in your faith, then you will not stand at all.’”
10 Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio sɛ,
Again the LORD spoke to Ahaz, saying,
11 “Bisa Awurade wo Onyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ ɛwɔ ebunu ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohoa.” (Sheol h7585)
“Ask for a sign from the LORD your God, whether from the depths of Sheol or the heights of heaven.” (Sheol h7585)
12 Nanso, Ahas buaa sɛ, “Meremmisa. Merensɔ Awurade nhwɛ.”
But Ahaz replied, “I will not ask; I will not test the LORD.”
13 Na Yesaia kaa sɛ, “Montie Dawid fie! Ɛnnɔɔso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboaseɛ ahwɛ? Na mobɛsɔ me Onyankopɔn nso ntoboaseɛ ahwɛ anaa?
Then Isaiah said, “Hear now, O house of David! Is it not enough to try the patience of men? Will you try the patience of my God as well?
14 Ɛnneɛ, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ; ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na ɔbɛfrɛ no Immanuel.
Therefore the Lord Himself will give you a sign: Behold, the virgin will be with child and will give birth to a son, and will call Him Immanuel.
15 Ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ɛberɛ a wahunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ.
By the time He knows enough to reject evil and choose good, He will be eating curds and honey.
16 Nanso, ansa na abarimaa no bɛhunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ no, wɔbɛma ahemfo mmienu a wosuro wɔn no nsase ada mpan.
For before the boy knows enough to reject evil and choose good, the land of the two kings you dread will be laid waste.
17 Awurade de ɛberɛ bi bɛba wo ne wo nkurɔfoɔ ne wʼagya fie so a ɛso bi mmaa da, ɛfiri ɛberɛ a Efraim tee ne ho firii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.”
The LORD will bring on you and on your people and on the house of your father a time unlike any since the day Ephraim separated from Judah—He will bring the king of Assyria.”
18 Ɛda no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afiri nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nwowa a wɔfiri Asiria asase so.
On that day the LORD will whistle to the flies at the farthest streams of the Nile and to the bees in the land of Assyria.
19 Wɔn nyinaa bɛba abɛgu mmɔnhwa a emu dɔ ne ntokuro a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne nsuka mu.
And they will all come and settle in the steep ravines and clefts of the rocks, in all the thornbushes and watering holes.
20 Ɛda no, Awurade de oyiwan a ɔbɛgye wɔ Asubɔnten no agya nohoa wɔ Asiriahene nkyɛn, na ɔde ayi motiri so ne monan ho nwi na wayi mo abɔgyesɛ nso.
On that day the Lord will use a razor hired from beyond the Euphrates —the king of Assyria—to shave your head and the hair of your legs, and to remove your beard as well.
21 Saa ɛda no, obiara bɛyɛn nantwiburuwa baako ne mpɔnkye mmienu.
On that day a man will raise a young cow and two sheep,
22 Na ɛsiane nufosuo dodoɔ a wɔbɛma enti, ɔbɛnya nufosuo ani sradeɛ adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ.
and from the abundance of milk they give, he will eat curds; for all who remain in the land will eat curds and honey.
23 Saa ɛda no, baabiara a na anka bobe apem a ne boɔ yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wɔbɛhunu nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ.
And on that day, in every place that had a thousand vines worth a thousand shekels of silver, only briers and thorns will be found.
24 Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, ɛfiri sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ agye hɔ.
Men will go there with bow and arrow, for the land will be covered with briers and thorns.
25 Nkokoɔ a na anka kane no wɔde nsɔ yɛ so adwuma no, nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ ho hu enti wɔrenkɔ hɔ bio. Ɛbɛdane mmeammea a wogyaa anantwie ne nnwan ma wɔkɔ.
For fear of the briers and thorns, you will no longer traverse the hills once tilled by the hoe; they will become places for oxen to graze and sheep to trample.

< Yesaia 7 >