< Yesaia 64 >

1 Ao, sɛ anka wobɛsunsuane ɔsorosoro mu, asiane aba fam a, ɛno na anka mmepɔ no ho bɛpopo wɔ wʼanim!
Si tan sólo desgarraras los cielos y bajaras. Las montañas temblarían en tu presencia!
2 Sɛdeɛ ogya ma mmabaa dɛre na ɛma nsuo huru no, siane bra fam na ma wʼatamfoɔ nhunu wo din na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim!
De la misma manera que el fuego quema la madera y hace hervir el agua, ¡haz que tu reputación sea conocida por tus enemigos, para que las naciones tiemblen en tu presencia!
3 Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no, wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wɔ wʼanim.
En el pasado hiciste cosas que no esperábamos. Bajaste y las montañas temblaron en tu presencia.
4 Ɛfiri teteete obiara nteeɛ, ɛntwaa obiara aso mu, ani biara nhunuu Onyankopɔn bi sɛ wo, deɛ ɔdi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no.
Desde el principio, nadie ha oído hablar, nadie ha prestado atención y nadie ha visto a ningún Dios excepto a ti, el que ayuda a los que ponen su confianza en ti.
5 Woboa wɔn a wɔde anigyeɛ yɛ deɛ ɛtene, wɔn a wɔkae wʼakwan. Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wo no, wo bo fuiɛ. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?
Te unes a los que se alegran y a los que hacen lo correcto y se acuerdan de seguir tus caminos. Pero cuando seguimos pecando, te enfadaste. ¿Cómo podemos salvarnos si seguimos así?
6 Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ, na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi; yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.
Todos nos hemos vuelto impuros, y todas las cosas buenas que hacemos son como trapos sucios. Nos marchitamos y morimos como hojas de otoño, y nuestros pecados, como el viento, se los lleva.
7 Obiara mmɔ wo din, na obiara mpere sɛ ɔbɛso wo mu; ɛfiri sɛ wode wʼanim ahinta yɛn na yɛn bɔne enti woama yɛasɛe.
No hay nadie que te invoque ni que quiera realmente aferrarse a ti, porque nos has ocultado tu rostro y has dejado que nos ahoguemos en nuestros propios pecados.
8 Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya. Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no; yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
Pero tú, Señor, eres nuestro Padre. Nosotros somos el barro, tú eres el alfarero. Nos has hecho con tus propias manos.
9 Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade; nkae yɛn bɔne da biara da. Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ.
Por favor, limita tu ira, Señor, y no recuerdes nuestros pecados para siempre. Míranos, y mira que todos somos tu pueblo.
10 Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam; Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan.
Tus ciudades santas se han convertido en un desierto; Sión se ha convertido en un desierto; sí, incluso Jerusalén es una ruina abandonada.
11 Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no, wɔde ogya ahye, na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu.
Nuestro hermoso y santo Templo, donde nuestros antepasados te alababan, ha sido incendiado, y todo lo que atesorábamos ha sido destruido.
12 Yei nyinaa akyi, Ao Awurade wo de wo ho bɛkame yɛn anaa? Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so anaa?
En vista de todo esto, ¿vas a seguir negándote a ayudarnos? ¿Vas a quedarte callado y castigarnos tan severamente?

< Yesaia 64 >